Alternanthera pungens

Ɛfi Wikipedia
Alternanthera pungens
taxon
subclass ofherbaceous plant Sesa
has usemedicinal plant Sesa
short nameA. pungens Sesa
taxon nameAlternanthera pungens Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonAlternanthera Sesa
taxon synonymAchyranthes repens, Alternanthera echinata, Alternanthera thomensis, Illecebrum achyrantha Sesa
maintained by WikiProjectWikiProject Invasion Biology Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=316546 Sesa
Flora of the Hawaiian Islands URLhttps://naturalhistory2.si.edu/botany/hawaiianflora/speciesdescr.cfm?genus=Alternanthera&species=pungens Sesa
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Alternanthera pungens yɛ afifideɛ a ɛnam fam a ɛka afifideɛ abusya a wɔfrɛ no Amaranthaceae no ho. Ɛnam aba a ɛsoɔ so na aseɛ trɛ, na ne ntini no nso taa fifi wɔ beae a ne nkorabata no wɔ no. Ɛtaa fifi wɔ nkwankyɛn ne mmeae a wcto nwura gu. Nkorɔfoɔ susu sɛ afifideɛ yi ase fri Central ne South America na ɛbɛgyee ntini wɔ Australia ne Southern Africa. Afifideɛ afoforɔ a wɔne no wɔ abusua baako mu bi te sɛ Alternanthera sessilis(L.) R.Br. ex DC., yɛ adeɛ a wɔatwerɛ atɔ hɔ mmere tenten sɛ aseɛ fri Tropical Africa enti ɛbɛyɛ den paa sɛ wobetumi akyerɛ sɛ efiri baabi na ɛbaa mantam hɔ.[1]

Nfifideɛ a ɛwɔ saa abusua yi mu no ahaban ne ne nfinfini taa keka bomu wɔ nsutɔberɛ mu.Edu ɔpɛ berɛ nso a, afifideɛ no fa a ɛwɔ asaase ani no wu ma no ka ne ntini a ɛhyɛ fam. Saa ntini yi nwu. Nhwiren fitaa pue wɔ n'ahaban mu. N'aduaba a ɛyɛ ketewa na etumi wɔ no nso pue wɔ ahaban no nfinfini, enni ngyinasoɔ na kaar ne 'stock' na ɛde pete.N'aba hyɛnhyɛn no yɛ 'brown',wɔamia so, na ɛbɛyɛ 1.5mm.[2]

Johann Jacob Dillenius kyerɛɛ sɛnea afifideɛ yi abusua no teɛ wɔ ne nwoma Hortus Elthamensis, vol 1 no mu wɔ afe 1732 mu. Ɔkyerɛɛ mu wɔ ne kasa mu sɛ ɛyɛ Achyracantha repens foliis Bliti pallidi".Afei wɔ afe 1836 mu no Jean-Christoph Heyland (1792-1866) nso kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne nwoma Histoire naturelle des Iles Canaries, vol 2 mu.Mprenpren yi, Kew ma afifideɛ ahodoɔ 139 a ɛwɔ afifideɛ abusua Alternanthera no mu. [3]

Afifideɛ no ho mfonyini a efri Abibirem.

Beaɛ A Minyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. Alternanthera pungens, retrieved 2024-03-05
  2. Department of Agriculture and Food - Khaki weed (Alternanthera pungens), 2014-03-10, archived from the original on 2014-03-10, retrieved 2024-03-05{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  3. http://www.theplantlist.org/tpl1.1/search?q=Alternanthera