Ahwenepa nkasa

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Ahwenepa Nkasa Ntama
Ɔmanpanyin Nana Akufo-Addo ne Ɔsoafo Kwabena Frimpong Boateng
Ɔmanpanyin Nana Akufo-Addo ne Ɔsoafo Kwabena Frimpong Boateng (wɔatwa) .
This is an image of the funeral cloth of the fabric design with the Ghanaian Akan given name 'Ahwenepa nkasa'.

Ahwenepa nkasa yɛ Ghanafoɔ din a wɔde maa ntama a wɔtɔn wɔ Ghana, Togo, Benin ne Ivory Coast ntama gua so. Ghana Textiles Company (GTP) a ɛhyɛ VLISCO ase ne Akosombo Industrial Company Limited a kan no na wɔfrɛ no Akosombo Textile Limited (ATL) na ɛyɛ saa ntama yi. Wobu saa ntama a wɔayɛ yi sɛ ɛyɛ adwini a agye din wɔ Afrika Atɔe fam. Saa ntama yi agye din te sɛ ntama a wɔn din de Aniwa ne Sika wo ntaban no.


Abakɔsɛm[sesa]

Ahwenepa nkasa din no yɛ Akan nsɛmfua mmienu Ahwenepa ne nkasa a wɔkyerɛ aseɛ sɛ ahwene a ɛyɛ papa no nyɛ dede. Yebetumi de saa Akanfo bɛ yi atoto ɛbɛ a ɛwɔ Borɔfo kasa mu a ɛka sɛ "Empty barrels make the most noise" ho. [1][2] Mmebusɛm yi kyerɛ yɛn sɛ onipa pa biara mfa ne nnwuma nhoahoa ne ho na ne nnwuma pa mmom na ɛkasa ma no [2].

Sɛnea wɔahyehyɛ no[sesa]

Wohu nhwiren a ɛyɛ kɔla ahorow ne nsensanee - a nkyerɛwde a ɛyɛ curved, diagonal, ne spiral ka ho wɔ ntama yi mu. Wɔ Ghana no, wɔde ntama yi kɔla ahorow di dwuma ma mmere ahorow. Ghanafo mmea taa de ne kɔla bruu no titiriw di dwuma wɔ awo akyi. Wɔde ntama yi kɔla tuntum di dwuma w ayi ase. Ntama yi kɔla afoforo de wɔtaa hyɛ wɔ da biara da asetra mu.

Edin afoforo[sesa]

Wɔde din afoforo frɛ saa ntama yi wɔ Afrika aman afoforo mu. Wɔ Togo ne Benin no wɔfrɛ ntama yi Makaïva. Ɛkyerɛ dua nhaban wɔ wɔn kasa mu. [3] Wɔ Ivory Coast no wɔfrɛ no Feuille-feuille. Eyi nso kyerɛ nhaban a ɛwɔ dua so wɔ French kasa mu. [3]

Sɛnea wɔde ntama no adi dwuma a ɛda nsow[sesa]

Ghana ɔmampanyin, Nana Addo Dankwa Akuffo-Addo ahyɛ saa ntama yi wɔ dwumadi ahorow ase. Ɔhyɛɛ saa ntama yi berɛ a ɔmaa ɔkasa wɔ Cape Coast Suapɔn (UCC). Saa da no wɔmaa no abodin krataa de hyɛɛ no anounyam. Ɔsan hyɛɛ saa ntama yi bere a ɔrebue dwumadibea a wɔyɛ ɔyɛ-asase-yiye - nnuru a wɔde dua nnuaba, wɔ Ghana [4] [5]. Ɔsan nso hyɛɛ saa ntama yi bere a ɔkɔɔ Innovation prize a ɛto so 7 a African Innovation Foundation (AIF) de mae no ase[6].

San hwɛ[sesa]

  • Afrikafo wax ntama a wɔatintim
  • Wrapper (ntade) .
  • Shweshwe
  • Kitenge

Beae a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. Leaf trail | Vlisco African / Ankara fabric names (in American English), retrieved 2023-03-24
  2. 2.0 2.1 https://www.eajournals.org/wp-content/uploads/Consumers-Knowledge-of-Symbolic-Names-and-Meanings.pdf
  3. 3.0 3.1 Story 'Leaf Trail ' about 14/0564 (in English), retrieved 2023-03-24
  4. Albert Azongo (2021-05-30), Free SHS has improved quality of education in Ghana – Akufo-Addo » DreamzFMOnline (in American English), retrieved 2023-03-24
  5. The Editor (2019-09-06), President Nana Addo Dankwa Akufo Addo has commissioned a fertilizer factory, Omnifert in Tema Dowhenya (in American English), retrieved 2023-03-24 {{citation}}: |last= has generic name (help)
  6. Sustainable Br, s Published 5 years ago About a 4 minute read (2017-10-10), 7th Innovation Prize for Africa Seeks Solutions for Africa's Biggest Challenges (in English), retrieved 2023-03-24