Afromomum Melegueta

Ɛfi Wikipedia

Grains of Paradise (Afromomum Melegueta) yɛ aduaba bi a ɛka akekaduro abusua ho, Zingiberaceae ɛna afei nso Cardamom ho. Wɔde n'aba no yɛ nnuhwam (woanyam anaa ne nyinaa); ɛma ɛyɛ dɛ na afei nso ɛyɛ ya, na ankaa kakra nso wɔ mu. Wɔsan frɛ no Melegueta Pepper, Guinea grains, Ossame, ɛna Fɔm wisa, na wɔtaa de frɛ Aligator pepper. Saa nsɛmfua yi African Pepper ne Guinea Pepper di dwuma nanso ɛmu nnahɔ ɛsiane sɛ ɛbɛtumi afa nnuhwam afoforɔ bi te sɛ grains of Selim (Xylopedia Aethiopica).

Ɛka Afrika atɔeɛ na ɛtc mmerɛ bi nso a wɔfrɛ no Pepper Coast anaasɛ Grain Coast ɛsiane saa agudeɛ yi nti. Ɛsiane nso yɛ nnɔbaeɛ a wɔnya sika firi mu pa ara wɔ Basketo mantam mu wɔ Ethiopia anaafoɔ fa mu.[1][2]

Su ahodoɔ[sesa]

Aframomum Melegueta yɛ herbaceous perennial plant a ɛfifiri wɔ atɛkyɛ mu wɔ Afrika atɔeɛ fa mu. Ɛte sɛ torobɛnto, n'ahaban kɔkɔɔ no tenten no nyini bɛyɛ sɛntimita 5–7, a aba nketewa pii a ɛyɛ kɔkɔɔ wɔ mu.

Aba no dɛ no ne yaw no firi ketones a ɛyɛ hwam, ɛbi ne (6)-paradol (edin a woahyehyɛ: 1-(4-hydroxyphenyl)-decan-3-one). Ngo a ɛho hia, ɛna ɛyɛ nnoɔma titire a ɛwɔ cardamom. mu.

Ɛtɔ mmerɛ bi a ne dua no tumi yɛ tia, ɛna mpɛn pii nso ɛdan ekuro ne nhaban a atete agu ho asɛnkyerɛne adi. Ahaban no yɛ nteantea na ɛte sɛ bamboo, ɛna ntini a ahyehyɛ fɛfɛɛfɛ nso wɔ ho. N'ahaban no yɛ hwam pa ara, n'ahaban no ano ahosuo no te sɛ

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Victor Kuete, ed. (2017), Medicinal spices and vegetables from Africa: therapeutic potential against metabolic, inflammatory, infectious and systemic diseases, Amsterdam: Academic Press, an impring of Elsevier, ISBN 978-0-12-809286-6, OCLC 959261755, retrieved 2024-03-14
  2. Victor Kuete, ed. (2017), Medicinal spices and vegetables from Africa: therapeutic potential against metabolic, inflammatory, infectious and systemic diseases, Amsterdam: Academic Press, an impring of Elsevier, ISBN 978-0-12-809286-6, OCLC 959261755, retrieved 2024-03-14