Adebisi Fabunmi

Ɛfi Wikipedia
Adebisi Fabunmi
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameAdebisi Sesa
date of birth1945 Sesa
place of birthSekondi-Takoradi Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationartist Sesa
has works in the collectionStudio Museum in Harlem Sesa
copyright status as a creatorworks protected by copyrights Sesa
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Adebisi Fabunmi,[1] dodoɔ no ara nim no sɛ FAB yɛ Ghanani Postawɔ ne yɛn berɛ yi mu mfoniyɛni a, wɔwoo afe apem aha nkron ne aduanan nnum (1945) mu wɔ Takoradi. Berɛ bi a atwam kɔ no, gallɛri ne tete nneɛma akoraeɛ a wɔdi mu dodoɔ no ara te sɛ Iwalewahaus na wɔkoraa Adebisi Fabunmi nnwuma ahodoɔ a wɔayɛ no.

N'asetena mu nsɛm[sesa]

Ɔne ne nuabaa na na ɛte wɔ Oshogobo, Nigeria. Ɛhɔ no, ɔhyiaa Duro Ladipo na ɔne no yɛɛ adwuma wɔ ne sini twabea sɛ sinitwani. Wɔ afe apem aha nkron ne aduosia nnan (1964) mu no, ɔde ne ho hyɛɛ nteteeɛ bi a Georgina Beier yɛ ne kɔfa baeɛ mu, na ɛno na maa ɔfirii n'adwumayɛ ase sɛ mfoniyɛni.

Ɛfiri saa berɛ no nyinaa, Adebisi Fabunmi de ne nnuwma ahodoɔ a wɔayɛ no ato dwa wɔ baeɛ ahodoɔ a mfoniyɛfoɔ de wɔn nnwuma ato dwa no, na ɛno ama waɔbɛgye din paa sɛ obi a ɔprinte nneɛma wɔ nnua a wɔayɛ mfoni wɔ so ne mmoa nwoma wɔayɛ pentin ahodoɔ wɔ so.

Akyire yi, Fabumni yɛɛ adwuma sɛ printa kyerɛ sɛ obi a ɔprinte nneɛma de yɛ mfoni. Nneɛma a wɔaprinte ne deɛ ɔyɛɛ wɔ kuro kɛseɛ a sɛdeɛ ɔyɛɛ no na wɔkyekyɛ mu asan akyekyɛ mu atoaatoa so kɔpem sɛ baabiara a ɛda hɔ kwa biara no ayɛ ma.

Adwuma[sesa]

Nnwuma ahodoɔ a Fabunmi yɛɛ no, ɔnam akwan ahodoɔ so na ɛdaa no adi. Ne nyinaa mu, deɛ na aba foforɔ na ɛsane nso gyina ne nan so ne mfoni a ɔyɛɛ wɔ mmoa nwoma so. Baabi a, ɔnyaa anisoadehunu de yɛɛ saa adwuma yi ne Huichol Indians a ɔfiri Mexicono.

Berɛ rekɔ so no, Fabunmi de kɔla ahodoɔ a ano yɛ den dii dwuma wɔ ne nnwuma mu. Deɛ ɛmaa ɔyɛɛ saa ne sɛ, ɔde n'adwene sii ne nhwehwɛmu a na ɔreyɛ afa Yurobafoɔ amammerɛ ho no so.

Wɔde Adebisi Bisi Fabunmi nnwuma ahodoɔ a wɔayɛ no ama ɔkohyin mpɛn pii, na boɔ a ɛda so no firi Amɛrika Dɔlla no aha nnan ne du nnum (415 USD) de kɔ pem Amɛrika Dɔlla no aha nson ne aduasa mmieɛnsa (733 USD). Wɔgyina adwuma a wɔayɛ no kɛseɛ ne deɛ wɔde yɛɛ no so na ɛtwaa boɔ no. Afe mpem mmienu ne du baako (2011) reba no, mfoniboɔa ɛbi mmaa da a mfoniyɛni yi anya wɔ mu ɔkohyin ne Amɛrika Dɔlla no apem aha nson ne du baako (1,711 USD) a wɔde too mfoni a ne din a ɛda so ne "The village square" a wɔ tɔn wɔ Bonhams New Bond Street no.

Ne Nwuma Atitire Ahodoɔ[sesa]

Bear, 1945, Bear, 1945, dua wɔabɔ mu ntokuro de ayɛ mfoni wɔ Kanvase.

Ne Nwuma Atitire Ahodoɔ no bi ne:

  • Bear, 1945, dua wɔabɔ mu ntokuro de ayɛ mfoni.[2]
  • The village square, mmoa nwoma ne ahoma a wɔde ayɛ mfoni wɔ kanvase so.[3]
  • The village square, ahoma ne ntoma a wɔde a ayɛ mfoni.[4]

Ɛhibihyin[5] ahodoɔ a wɔayɛ[sesa]

  • Feedback: Art, Africa and the 1980s wɔ Iwalewahaus Bayreuth, Germany - Ahinime 27,2018 - Ɔbɛnim 05,2019
  • Feedback: Art, Africa and the 1980s wɔ Iwalewahaus Bayreuth, Germany - Oforisuo28,2018 - Ɛbɔ 30,2018
  • Summer Show 2015 wɔ Skoto Galɛri, Chelsea - New York, USA - Ayɛwohumummɔ 25,2015 - Ɔsanaa 01,2015

Mfoniyɛni yi rɛkɔde boɔ ahodoɔ[sesa]

Afe mpem mmienu ne aduonu baako (2021) ne afe mpem mmienu ne du baako (2011) rɛkɔde boɔ de ma Adebisi Bisi Fabunmi ne " The village square."

Na afe mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) rɛkɔde boɔ de ma Adebisi Bisi Fabunmi deɛ, yɛnnim ho hwee.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Adebisi Bisi Fabunmi, 2023-01-01
  2. Bear, 1945, dua wɔabɔ mu ntokuro wɔ dua so de ayɛ, 43 x 29.7 cm, 1945-01-01
  3. The village square,wool and yarn, 132 x 72.5cm (51 15/16 x 28 9/16in)., 2023-01-01
  4. The village square, wool and thread on canvas - 130 x 70cm, 2023-02-10
  5. Ɛhibihyin Ahodoɔ, 2023-01-01