Acanthospermum hispidum

Ɛfi Wikipedia
Acanthospermum hispidum
taxon
short nameA. hispidum Sesa
taxon nameAcanthospermum hispidum Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonAcanthospermum Sesa
taxon common namehispid starbur, 刺苞果, 刺苞果 Sesa
NatureServe conservation statussecure Sesa
maintained by WikiProjectWikiProject Invasion Biology Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=1077 Sesa

Acanthospermum hispidum (bristly starbur, goat's head, hispid starburr, starbur) yɛ afifideɛ bi a ne nkwa nna nyinaa gyina afe baako pɛ so. Wei kyerɛ sɛ, ɛyɛ afifdeɛ ɛso aba, nyini na ɛwu wɔ afe baako ntam. Saa afifideɛ yi bɔ Asteraceae afifideɛ abusua no, afifideɛ kuo a ɔdɔm ne Acanthospermum afifideɛ kuo no na abɔdeɛ nyinaa mu no ɔka Planta kuo no ho[1].

Afifideɛ yi firi Amɛrika mfimfini ne anaafoɔ mantam no mu.[2] Ɛdin Acanthospermum no, wɔnya firii Greek nsɛmfua akantha a ɛkyerɛ nkasɛɛ ne sperma a ɛkyerɛ aba mu. Hispidum yɛ Latin asɛmfua a n'asekyerɛ ne nkasɛɛnkasɛɛ.[3] Saa affifdeɛ yi, ato apete amantam ahodoɔ bi te sɛ Eurasia mantam (Europe ne Asia mantam a wɔaka abom)[4], Afrika mantam[5], Amerika ne Australia mantam mu.[6] Na wɔ Australia Atɔeɛ mantam mu no, wɔbu no sɛ affideɛ a ɛyɛ nwura.[7]

Deɛ ɛma no da nso ne nwini a ɛwɔ ne ho, n'ahaban ne nnuaba a ɛso a ne su ayɛ sɛ nsommma nterantera ne nhwiren a ne kɔla ne ahabammono na akokɔ sradeɛ no.

Brasil no, wɔbu no sɛ nnwura wɔ asaawa adwuma no mu na afei nso, ɛyɛ afifideɛ a wɔde sa yareɛ. Yareɛ ahodoɔ a wɔde sa no bi ne atiridii, tipaeɛ, ayamtim, yafunu yareɛ, ɛtwerɛ, nyarewa a mmoawamoawa de ba te sɛ nsamanwa ne deɛ ɛkeka ho.[8]

Na wokɔ India nso a, wobɛhunu sɛ ɛtaa fifi akwantepɔn nkyɛn ne baabi a nsuo wɔ mu pa ara.[9]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Phytopharmacological review on Acanthospermum Hispidum https://www.japsonline.com/admin/php/uploads/360_pdf.pdf
  2. Berendsohn, W.G.; Araniva de González, A.E. (1989). "Listado básico de la Flora Salvadorensis: Dicotyledonae, Sympetalae (pro parte): Labiatae, Bignoniaceae, Acanthaceae, Pedaliaceae, Martyniaceae, Gesneriaceae, Compositae". Cuscatlania. 1 (3): 290:1–290:13.
  3. Acanthospermum hispidum http://publish.plantnetproject.org/project/plantinvasivekruger/collection/collection/synthese/details/ACNHI#:~:text=Acanthospermum%20hispidum%20is%20an%20upright,to%20lobed%20on%20the%20margins.
  4. "刺苞果 ci bao guo Acanthospermum hispidum". Flora of China. Vol. 20–21. p. 865.
  5. Wild, H (1967). "The Compositae of the Flora Zambesiaca area, 1". Kirkia. 6 (1): 1–62.
  6. "Acanthospermum hispidum de Candolle". Flora of North America. Vol. 21. p. 37.
  7. "Australian Weed Profile: Acanthospermum hispidum". profiles.ala.org.au. Retrieved 2020-07-31.
  8. Phytopharmacological review on Acanthospermum Hispidum https://www.japsonline.com/admin/php/uploads/360_pdf.pdf
  9. Phytopharmacological review on Acanthospermum Hispidum https://www.japsonline.com/admin/php/uploads/360_pdf.pdf