1844 Apam no

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Afe 1844 Bohyɛ no yɛ asomdwoe ntease ho bɔhye a nkrataaa da hɔ, a kane British Aban ne Ahenfo a wɔn wɔ Ghana Anafoɔ fam de hyehyee so. Wɔde nsanho too saa nkrataa yi so wɔ Fomena a ɛwɔ Adansi, eyi maa Britishfo no hokwan sɛ wɔde mmara a wɔhyehyɛɛ wɔ Abibiman Asendibea no ye adwuma.

Abakɔsɛm[sesa]

Ntawantawadie bi sii wɔ Asantefo ne Mfantefo ntam. Saa ntawantawdie na emaa British abrɔfo tumidie wɔ Gold Coast no mu trew.

British Aban no braa se ɛnse sɛ wɔtrɛw Britishfo hyee mu, senea ɛbɛyɛ a Mclean tumidie no bɛka abankɛse no ase nkoaa. Na temanmufo wodi wɔn so no gye di se bibiara ebekɔ so no ye nea efeiri British abrofo no ho gye se nneama bɔne a ebutimi de ɔsɛe aba.  Ahenfo nwɔtwe na ɛde won nsa hyehyee nkrataa a wode besi Maclean kwan no ase nea edikan. Saa ahenfo no ne Denkyira, Cape Coast ne Assin. Akyire ahenfo afoforo a won dodoɔ yɛ dubaako no de wɔn nsa hyehyee nkraa no ase a wɔn mu bi ne ɔhene a ofiri Dixcove, Wasa, Gomoa, James Town ne Nkran.

Womaa Dr. R .R Madden ho kwan sɛ ɔbɛhwɛ na ɔde nneɛma ahodoɔ a Mclean ye wɔ Gold Coast no ato dwa. Abodinkyere ahodoɔ pii kɔɔ so afe 1844 mu esiane se amaneebɔ efa Mclean ho no ye nea enso ani. Nnisoo aban asɔe no annye hwee anfa Abodinkyere ahodoɔ a wɔde mae no esaine sɛ na ɛyɛ nsɛm a ɛkɔ tia Mclean. Wɔ Abɔdinkyere foro a ɛbae no akyi no, aban nam mmara a wɔhyehyee no wɔ afe 1843 a ɛde Foreign jurisdictions Act trɛw wɔn ahyee mu beae a ɛnka British ahyɛ ho. Nsɛm ɛwɔ maransɛm apam baa British ne amanɔnefo a nsɛm no af wɔn ho no mu. Commander W.H. Hill a na ɔyɛ aban no animusifo no naa ɔhwɛɛ maa saa apam yi kɔɔ so.  ɔne Mfantefo yaa ntease yɛ apam wɔ March da ɛtɔ 6, afe 1844 mu.  Wɔbɛfree saa pama yi ‘’Apam a ɛa Mpoano Aheman ho wɔ 1844.

Ahenman wɔne Akyem, kotoku, Wassaw, ne Agonafo nso de wɔn nsa hyehyɛɛ apam no ase wɔ afe 1849. Aheman a wɔde wɔn hyehyɛɛ nkrataa no ase de yɛɛ adwuma no

Ahenfo nwɔtwe a wodii kan de wɔn nsa hyɛɛ ase[sesa]

  1. Cudjoe Chibboe(Kwadwo Tsibu), King of Denkyira
  2. Quashie Ottoo, (Kwasi Otu), Chief of Abrah
  3. Chibboe Coomah( Tsibu Kuma) chief of Assin
  4. Gebre,(Gyebi) second chief of Assin
  5. Quashie Ankah (Kwasi Ankra) chief of Donadie
  6. Awoossie (Ewusi) chief of Domonassie
  7. Amonoo chief of Anamabo
  8. Joe Aggrey chief of cape coast

Mfasoɔ[sesa]

1.    ɛbɔɔ nnipa ne ahonyade ho ban

2.    ɛmma British kwan maa wodii Gold Coast so mmarakwan so

3.    Ede atrmodensem amammere baa awie; a ebi ne ‘’Panyarring’’- amammere a ema wokyere obi kosie kosi sɛ wotua ɛka a ɔde.

4.    Ebue kwan maa hyehyɛɛ asɛmdibia ahorɔw a British fo no da no, na wɔ hwɛɛ maa ahenfo de mmaraa ɛwɔ wɔn aheman no hyehyɛɛ amanmara ahodoɔ.

Nkekaho[sesa]