Étienne Mourrut

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Étienne Mourrut
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipFrance Sesa
birth nameÉtienne Clovis Mourrut Sesa
given nameÉtienne Sesa
family nameMourrut Sesa
date of birth4 Ɔpɛnimma 1939 Sesa
place of birthLe Grau-du-Roi Sesa
date of death19 Ahinime 2014 Sesa
place of deathMontpellier Sesa
manner of deathnatural causes Sesa
cause of deathlaryngeal cancer Sesa
place of burialcimetière du Boucanet Sesa
languages spoken, written or signedFrench Sesa
occupationAmanyɔni Sesa
position heldmember of the French National Assembly, Mayor of Le Grau-du-Roi, regional councillor of Languedoc-Roussillon, member of the general council, member of the French National Assembly Sesa
work locationParis Sesa
member of political partyRally for the Republic, Union for a Popular Movement Sesa
religion or worldviewCatholicism Sesa

Étienne Mourrut(About this soundpronounciation of "Étienne Mourrut" ) yɛ France amanyɔni a ɔwoo no ( Ɔpɛnimaa bosome no da a ɛtɔ so nan (4), wɔ afe apem ahankron aduasa nkron (1939) mu[1] - na owui wɔ 19 Ahinime bosome no da a ɛtɔ so du-nkron (19) wɔ afe mpem mmienu ne du-nan mu, 2014) .[2]

Na ɔyɛ RPR ne UMP ɛkuo ba na afei nso, na ɔyɛ 2nd District of the Gard [3]abediakyire wɔ mfie mpem mmienu ne mmienu ɛne afe mpem mmienu ne du-mmienu (2012) ntɛm. Bio, na ɔyɛ Mayor ma Le Grau-du-Roi ɛwɔ afe apem ahankron aduowɔtwe mmiensa mu (1983) ne afe mpem mmienu ne du-nan mu, (2014) ntɛm.[4]

Ne ho nsɛm[sesa]

Abusua[sesa]

Ɛwɔ ne Papa afa no, ɔfiri abusua a yɛfrɛ wɔn Graulen fishermen. Ɔmaame yɛ Italy atukɔtenahɔfoɔ no mu bi asefoɔ. ɔwoo ɔmaame wɔ afe apem ahankron ne nkron (1909) mu na owui wɔ afe mpem mmienu ne num (2005). ɛwɔ ne nuanom nwɔtwe nu mu no, mmienu wui maa France wɔ ntɔkwa kɛseɛ a ɔfrɛ no Great War no.[5]

na n'awofoɔ yɛ catholicfoɔ mapa.

na ɔwɔ nuabaa a na yɛfrɛ no Émélie.[6]

Ɔwaree Michele ɛberɛ a ɔhyɛɛ n'asraafoɔ adwuma ase wɔ St. Raphael, wɔ afe apem aha-nkron aduosia mmienu (1962) mu no na ɔyɛ agya ma mmɛrima mmienu, Jean-Michel ne Patrice a wɔwoo wɔn afe apem aha-nkron aduosia mmiɛnsa (1963) ne afe apem aha-nkron aduosia nson (1967) nnidisoɔ mu na wɔn nyinaa yɛ adwadifoɔ. Pascale Mourrut yɛ ne yere ba baa, a na ɔyɛ dibeaperefoɔ ma mantam abatoɔ wɔ 2020 mu wɔ Languedoc-Roussillon ne mpɔtam abatoɔ wɔ 2014 Grau-du-Roi ne ne mmarahyɛbadwam boafoɔ kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne dummienu (2012) mu. Ɛbɛyɛɛ mmarahyɛbadwam collaborator Vivette Lopez wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nan (2014), mmerɛ kumaa bi ansa ɔrewu.

Ɔnyaa nananom nan (4): Amelia, Nicolas, Marie ne Leo-Paul na ɔsan so yɛ Leopold Rosso Maame nua ba.

Ɔtenaa Le Grau-du-Roi.

Nkɔdaabrem ne Sukuu[sesa]

Ɛwɔ Mourrut nkɔdaabrem no, ɔtoo ne ahotɛ bi din sɛ "bacalao" a ɛkyersɛ "cod" wɔ Spanish kasa mu. Ɛwɔ abrabɔ a ɔbɔɔeɛ nyinaa mu no, na ahotɛ din no da ne so.

Wɔtetee no wɔ " cult of remembrance, ma ɔman no". Ɔnyaa mfeɛ dunan (14) no, asɛm a ɛfa Diên Biên Phu ako ho, a wɔkenkan wɔ Midi Libre, a ɛyɛ brand. Amanyɔfoɔ a na ɛwɔ adehyeman a ɛtɔ so nan mu dwumadie ne wɔn kɛtɛasehyɛ ho nsɛm kaa no. Wei nyinaa, boaeɛ maa no bɛn General de Gaulle nipa su.

N'adesua ho adwuma[sesa]

Wɔ ne benkum mantam mu no, ɔtaee French Algeria akyi.

Ɔnyaa ne asraafoɔ dwumadie wɔ French Navy mu firi 1960 de kɔsi 1962 mu, beaeɛ a wɔfrɛɛ no baa Saint-Raphaël Naval Air Station mu. Ɔdii dwuma wɔ Algeria ako no mu.

Ɔbɛyɛɛ adwuma wɔ Salins du Midi, a ɔbenyaa tumi siesie na ɔtee FO Union kuo no.

Ɔsane baaeɛ bɛyɛɛ dwadini wɔ 1972 mu a ɛkɔ wiee no tobacco sika ho sɛm ho.

Amanyɔsɛm[sesa]

Berɛ a ɔhunuu sɛ Grau-du-Roi mpuntuo no aka akyi no titire, sɛ ɔde toto Var commons ho a, Étienne Mourrot yɛɛ sɛ ɔbɛba amanyɔsɛm. Ɔnyaa mfeɛ aduonu num (25) wɔ afe apem ahankron ne aduosia num (1965) mu no, ɔbɛyɛɛ alderman maa kuro no a na Jean Bastide a ɔyɛ Socialist kuo hwɛ so; ɛwom sɛ na ɔhyɛ aseɛ deɛ, ɔbɛyɛɛ wɔn a wɔtoo aba maa wɔn no mu nea ɔyɛ pa ara. Ɔsoo daeɛ sɛ ɔbɛba abɛyɛ ɔboafoɔ (assistant).

Berɛ a ɔne mayor no anyɛ adwene no, odii amanyɔkuo bi anim wɔ 1971, nanso wannya mma dodoɔ maa no dii nkuguo a wantumi antena mansini no akwannwa so. Afie ɔhwɛɛ local paper Lou Fanal so mfeɛ nsia (6years), na na ɔpɛ sɛ ɔko tia mayor no amammuo nti, ɔkɔɔ council nhyiamu nyinaa bi ne nnwuma ntwɛretohɔ. Ɔde ne ho kaa amansan nhyiamu kɛseɛ nka bom ne ho (RPR) wɔ 1975 mu. Ɔsesaa ne dibeapere akansie no wɔ afe 1977 mu na ɔdii nkunim tenaa mansini no council akwannwa so bio.

Ɔkɔɔ kuro abatoɔ mu wɔ afe 1979 amanyɔkuo nkyekyɛmu ma Aigues-Mortes, a ɔkɔ hyiaa councillors André Fabre ne Jean Bastide, nanso ɔdii nkuguo.

Wɔ afe 1980, wɔyii no sɛ ɔtwerɛfoɔ (secretary) ma RPR mpɛsoa no: na, ɛbɛyɛɛ dea atrɛ paa wɔ France.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.objectifgard.com/tag/etienne-mourrut/
  2. https://www.assemblee-nationale.fr/13/tribun/fiches_id/267647.asp
  3. https://france3-regions.francetvinfo.fr/occitanie/grau-du-roi-etienne-mourrut-est-mort-ce-dimanche-matin-574488.html
  4. https://www.francebleu.fr/infos/faits-divers-justice/l-ancien-maire-du-grau-du-roi-etienne-mourrut-est-decede-1413789712
  5. https://objectif-languedoc-roussillon.latribune.fr/decideurs/2014-10-20/etienne-mourrut-est-decede.html
  6. https://military-history.fandom.com/wiki/%C3%89tienne_Mourrut