Jump to content

Yehowa

Ɛfi Wikipedia

Yehowa yɛ Onyankopɔn din a yɛakyerɛ ase afi Hebri kasa mu aba Twi kasa mu. Hebri nkyerɛwde nnan a wɔde gyina hɔ ma edin no ne יהוה (YHWH), na wɔfrɛ no Tetragrammaton. Yennim ɔkwan pɔtee a na wɔfa so bɔ din no wɔ tete Hebri kasa mu, nanso ɛnyɛ nnɛ na wofii ase frɛɛ no Yehowa wɔ Twi kasa mu. [1]

Yehowa yɛ Onyankopɔn din, na ɔno nko ara na saa din no da no so. [2]Ɛdin no fi Hebri adeyɛ asɛm bi mu, deɛ saa asɛm no kyerɛ ne, “ɛyɛ hɔ.” Abenfoɔ binom susu sɛ ɛdin no kyerɛ “Deɛ Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Ɛdin no nkyerɛase no fata Onyakopɔn pa ara efisɛ ɔno na ɔbɔɔ biribiara, na nea ɔbɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biara nso, ɔma ɛyɛ hɔ. [3][4] Saa din yi dii kan puee Twi Bible mu wɔ nkyerɛase a Johann Gottlieb Christaller yɛe wɔ afe 1871 no mu.[2]na Owura William Tyndale na ɔdii kan de saa din yi dii dwuma wɔ Borɔfo Kasa mu wɔ afe apem ahanum aduasa (1530).[5]

Yehowa na Bible ka ne ho asɛm sɛ nokware Nyankopɔn no, na ɔno na ɔbɔɔ biribiara. Ɔno na odiyifo Abraham ne odiyifo Mose som no, na ɔno ara na Yesu nso som no. Ɔnyɛ ɔman baako Nyankopɔn, na mmom ɔyɛ “asase nyinaa” Nyankopɔn.[2]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Exodus 3:15; Dwom 83:18
  2. 1 2 3 Who Is Jehovah? | Bible Questions (in English), retrieved 2025-08-31
  3. Yesaia 55:10, 11
  4. https://godfreymuganda.org/Articles/NameOfGod2.pdf
  5. https://www.britannica.com/topic/Jehovah-2108642#:~:text=Encyclopaedia%20Britannica's%20editors%20oversee%20subject,and%20updated%20by%20Michael%20Ray.