Yaw Sarpong
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Yaw Sarpong a wɔsan frɛ no sɛ Osomafoɔ Yaw Sarpong yɛ Ghana nwontoni a ɔto Onyankopɔn ho nwom na wato nwom bɛboro mfeɛ aduasa. Wɔwoo no wɔ Nkran berɛ a na ne papa yɛ mmarahyɛbadwani wɔ Kwame Nkrumah berɛ so. Berɛ a wɔtuu Kwame Nkrumah wɔ afe 1966 mu no, wɔkyeree ne papa too afiase ansa na akyire yi ɔrewu.[1]Saa awerɛhosɛm yi hyɛɛ Yaw Sarpong maame ma ɔde abusua no nyinaa tu firii Nkran kɔtenaa Akyease a ɛwɔ Kumase.[2]Na ɛyɛ Akyease na Yaw Sarpong hyɛɛ ne nwontoɔ ase.[3][4]
N’abrabɔ
[sesa]Firi Yaw Sarpong mmɔfrase berɛ mu na ɔkyerɛɛ ne dɔ wɔ nwontoɔ mu. Ɔhyɛɛ aseɛ too nwom wɔ Methodist nwontoɔ kuo a ɛwɔ Asuofua, Asante mantam mu. Enti saa berɛ no,dɔkota bi a na ɔrete Kristo nwontoɔ kuo na ɔhunuu Yaw Sarpong wɔ afe 1971 mu ɛna ɔfaa no wɔ ne kuo no mu. Na saa kuo yi a na wɔto nwom wɔ asɔredan mu ne mmeaeɛ ahodoɔ no na wɔboaa Yaw Sarpong maa ne nwontoɔ no nyaa nnyinasoɔ. Na berɛ bi a wɔreto nwom, ɛna Professor Kofi Abraham a na ɔyɛ nwontoni kɛseɛ hunuu no na ɔfaa no kaa ne nwontoɔ kuo ho na ɔboaa no.Wɔ afe 1984 mu no,Yaw Sarpong firii Professor Kofi Abraham nan ase tu kɔtenaa Nkran bɛyɛ mfeɛ mmienu a na ɔtwi kaa. Akyire yi na ɔsan tu firii Nkran kɔɔ Liberia wɔ afe 1986 mu.[5]
Ne Nwontoɔ Adwuma
[sesa]Berɛ a Yaw Sarpong kɔɔ Liberia no,ɔtee ne nwontoɔ kuo a na Ghanafoɔ,Liberia ne Sierra Leonefoɔ na wɔwɔ kuo no mu. Na ɔtoo no din sɛ "Asomafo". Ɛdin "Asomafo" no kyerɛ sɛ Onyankopɔn na asoma wɔn sɛ wɔnmɛyɛ Awurade adwuma na ɛnyɛ sɛ wɔrebɛyɛ adwuma ama wɔn ho. Ansa na,Yaw Sarpong rebɛkɔ Liberia no, na wadi kan de ne nwom apaawa ( Adesrɛdeɛ) aba wɔ afe 1981 mu. Ankyɛ nso na ɔde deɛ ɛtɔ so mmienu baeɛ wɔ afe 1983 ne 1984 mu.[6]
Ne Nwom Ahodoɔ
[sesa]- Elshadai[7]
- Wo haw ne sɛn
- Dua a ɛsi asubɔnten ho
- Sɛ Yehowa hyira wo a
- Sumina so
- Asɔre bɛn
- Yehowa Aseda
- Osoro aheman
- Mesrɛ Nhyira
- Judas
- Honhom Kronkron
- Ma wɔnka
- Meyɛ sɛ ebinom
- Adom wɔ wiem
- Me ampaa na me nie
- Ntaade Dada
- Hwan na Adwendwene da ne so
- Mete ase ma wo
- Joseph
- Jesus asesa mabrabɔ
- Awurade na ayɛ
- Biribiara nyɛ den ma no
- Ɛdeɛbɛn na Awurade ntumi nnyɛ
- Ɛbɛyɛ Kakra ansa
- Kasɛ Amen
- Deɛ Awurade aka no
- Kabii Adiini Allah
- Tea deɛ ɔtu me so sa
- Yɛ ntɛm gye me
- Ɛkwan bi abue
- Menpɛ nkuguo
- Nyame na Ɔdɔ me.
Abaso Bɔ
[sesa]Wɔagye Yaw Sarpong atom wɔ ne nkuranhyɛ nwom ne ɔkannifoɔ wɔ nwontoɔ mu.Wagye abaso bɔ pii wɔ ne nwontoɔ adwuma mu a ɛnkyɛeɛ biara no, wanya abaso bɔ kɛseɛ afiri Telecel Ghana nwontoɔ abaso bɔ mu wɔ mmɔdenbɔ a wabɔ wɔ nwontoɔ mu.[8]
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Yaw Sarpong (in English), retrieved 2025-07-18
- ↑ BTM Afrika (2020-05-14), Exclusive Interview: Story Of Gospel Musician Yaw Sarpong, Relationship With Tiwaa, Asomafo Group, retrieved 2025-07-18
- ↑ Yaw Sarpong Biography, Music Career, Love Life, Children and Net worth ⚜ Latest music news online (in English), retrieved 2025-07-18
- ↑ JoyNews (2021-07-09), E Vibes with Becky: The Story of Yaw Sarpong on JoyNews (9-7-21), retrieved 2025-07-18
- ↑ Yaw Sarpong And The Asomafo (2019-07-11), Yaw Sarpong Share a Life Story: - How I Became a Gospel Musician, retrieved 2025-07-18
- ↑ Dorcas Abedu-Kennedy (2020-05-20), 10 things you probably didn’t know about legendary Yaw Sarpong and Asomafo - Adomonline.com (in American English), retrieved 2025-07-18
- ↑ TRANSSION: LHX, Yaw Sarpong Songs MP3 Download, New Songs & Albums | Boomplay (in English), retrieved 2025-07-18
- ↑ Raphael Ghartey (2025-05-11), 26th TGMA: Gospel icon Yaw Sarpong honoured with Lifetime Achievement Award (in English), retrieved 2025-07-18