Yaw Asiedu Mensah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Yaw Asiedu-Mensah
Member of Parliament for Dormaa West Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Member of Parliament for Dormaa West Constituency
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Awo bere26 January 1939 (1939-01-26) (age 85)
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaEducationist

Yaw Asiedu MensahGhana amanyɔni ɛne Mmarahyɛbadwani a na ɔgyina hɔ ma Dormaa Atoeɛ (Dormaa West) abatoɔ mpɛsoa no so (Constituency) wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ Ghana (Brong Ahafo Region of Ghana).

Abrabɔ Ahyɛasɛ ne Nwomasua[sesa]

iedu Mensah wɔn woo no wɔ Ɔpɛpɔn bosome no ne da aduonu-nsia wɔ afe apem ahankron ne aduasa-nkron (26th January 1939).[1] Ɔwɔ GCE A Level abɔdin krataa wɔ nimdeɛ pɛ mu (GCE A Level in Education).[1]

Adwuma[sesa]

Asiedu Mensah yɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ.[1]

Amanyɔsɛm Adwuma[sesa]

2000 Abatoɔ[sesa]

Asiedu Mensah dii nkae kɔɔ mmarahyɛbadwafieMmarahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ma Dormaa Atoeɛ (Dormaa West) abatoɔ mpɛsoa no so ( constituency) wɔ mmerɛ a ɔdii nkunim wɔ mfie mpem mmienu mpɛsoaso abatoɔ no mu wɔ Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ no mu (2000 Ghanaian genera l elections).[2]Ɔgyina hɔ sɛ Mmarahyɛbadwani de ma mpɛsoa no so foɔ wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtɔso nnan no mu (3rd parliament of the 4th Republic of Ghana). Asiedu-Mensah wɔ n de mma mpem aduonu aha-mmiensa ne aduasa-baako (20,331votes) a ɛfiri ɛyɛ mma mpem aduanan aha-nsia ne aduisia-num (40,665 votes) a ɛno ne aba a wɔn tooeɛ no ɛmu fa dodoɔ a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa no na ɛyii noɔ.[2] Na wei gyina hɔ ma ɔha nkyekyemu aaduonum ne akyiripɔ hwee (50.0%)

wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛy ɛ no nyinaa mu[2]Wɔn too aba maa no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so Thomas Kwame Yeboah a na ɔfiri National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no mu, Dr. Solomon Anso Manson a ɔgyinaeɛ sɛ kontenkorɔ (independent candidate), Chou-En-Lai Paul Ankomah a na ɔno nso firi National Reform Party (NRP), Kofi Adu-Gyamfi a ɔno nso firi Convention People's Party (CPP), amanyɔkuo no mu,Christopher AA-Bagme a ɔno nso firi People's National Convention (PNC) amanyɔkuo no mu ɛne Arhin Seth Asante a na ɔno nso firi ɛyɛ United Ghana Movement (UGM) amanyɔkuo no mu. Deɛ edidisoɔ yi ne mma a wɔn mu biara nyaaeɛ mma mpem du-nson aha-nsia ne du-nwɔtwe (17,618 votes), mma apem ne aduowɔtwe-nwɔtwe,(1,088votes), mma aha-num ne aduowɔtwe-nwɔtwe (588votes), mma aha-nan ne aduosia (460votes), aha-mmiensa ne aduosia-nkron (369votes) ɛne mma aha-mmienu ne du-baako (211 votes) de firii mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[2] Wei ne ɔha nkyekyemu susupɛn a edidisoɔ yi na ɛyɛ pɛ aduanan-mmiensa ne akyiripɔ mmiensa (43.3%), mmienu ne akyiripɔ nson (2.7%), baako ne akyiripɔ nnan (1.4%), baako ne akyiripɔ baako (1.1%), hwee ne akyiripɔ nkron (0.9%) ɛne hwee ne akyiripɔ nnum (0.5%) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu. Asiedu-Mensah wɔn too aba maa no wɔ New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no tumi krataa so. Na ne mpɛsoa no ka mmarahyɛbadwafie nkonwa du-nan (14) a New Patriotic Party NPP nyaa de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aduonu-baako (21) no mu wɔ saa abatoɔ no mu wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo Regon of Ghana).[3][4] Wɔ ne nyinaa mu no New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no na ɛnyaa Mmarahyɛbadwafie nkonwa no mu fa kɛseɛ a na ne dodoɔ nyinaa yɛ ɔha (100) de firii mmarahyɛbadwam nkonwa no aha-mmienu (200) no mu wɔ Ɔman Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtɔso nnan no mu (3rd parliament of the 4th Republic of hana).[4]

2004 Abatoɔ[sesa]

Asiedu Mensah wɔn sanso too aba maa no kɔɔ Mmarahyɛbadwafie ne mprenusoɔ de maa Dormaa Atoeɛ (Dormaa West) abatoɔ mpɛsoa (Constituency) no so foɔ wɔ mfie mpem mmienu ne nan Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ no mu (2004 Ghanaian General Elections).[5][6]Ɔgyina hɔ sɛ Mmarahyɛbadwani de maa abatoɔ mpɛsoa no so foɔ (Constituency) wɔ Ɔman Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔso nnan wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtɔso nnan no mu (4th parliament of the 4th republic of Ghana). Asiedu-Mensah Wɔn de mma mpem aduonu-mmiensa aha-nson ne aduosia-nan (23,764 votes) de firii mma mpem aduanan-nson aha-nan ne du-mmienu (47,412) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[5] [6]Wei ne ɔha nkyekyemu aduonum ne akyiripɔ baako (50.1%) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu. Wɔn too aba yii no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so Oppong Asamoah Vincent a na ɔfiri National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no mu ɛne Kwadwo Agyei-Dwomor a na ɔno nso firi ɛyɛ Democratic People's Party (DPP).[5][6]Deɛ edidisoɔ yi ne mma a wɔn mu biara nyaaeɛ mma mpem aduonu-mmienu aha-nsia ne baako (22,601 votes) ɛne mma apem ɛne aduanan-nson (1,047 votes) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu. 4.5 Wei ne ɔha nkyekyemu susupɛn aduanan-nson ne akyiripɔ nson (47.7%) ɛne mmienu ne akyiripɔ mmienu (2.2%) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu. Asiedu-Mensah wɔn too aba maa no wɔ New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no tumi krataa so. [5][6]Na ne mpɛsoa (constituency) no ka mmarahyɛbadwafie nkonwa du-nan (14) a New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no nyaaeɛ de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aduonu-nnan wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo region of Ghana) wɔ saa abatoɔ no mu.[4] [7]Wɔ ne nyinaa mu no New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no na ɛnyaa Mmarahyɛbadwafie nkonwa no mu fa kɛseɛ a na ne dodoɔ nyinaa yɛ ɔha ne du-nan (114) de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aha-mmienu ne aduasa (230) no mu wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔso nnan wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtɔso nnan no mu. (4th parliament of the 4th republic of Ghana).[4]

Ankorɛnkorɛ Abrabɔ[sesa]

Asiedu Mensah yɛ okristoni.[1]

Bea me nyaa mmoa firiieɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 [1]
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Dorma Central Constituency, retrieved 2022-10-06
  3. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Brong Ahafo Region, retrieved 2022-10-06
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2022-10-06
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Berekum East Constituency, retrieved 2022-10-06
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 Mahler, Gustav, 1860-1911, composer., Symphony no. 6, OCLC 1289855763, retrieved 2022-10-06{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  7. Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Brong Ahafo Region, retrieved 2022-10-06