Wikipedia
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɛbɛyɛ afe apem ahankron ne aduosia mu(1960s) na wɔwoo Jennifer Nansubuga Makumbi. Ɔyɛ Uganda - Amerika nwoma twerɛfoɔ .[1] Wɔyii no kaa nipakuo a wɔn mmɔndenmɔ sɔ ani ɛwɔ nwomatwerɛ ho[2] siane bɔbɔɔ de kwani? abasobɔdeɛ bɔɔ no ɛwɔ ne nwoma a 'The Kintu Saga' a ɔtwerɛeɛ. Afe mpenu ne du mmiɛnsa(2013) 'Manuscript Project. (3) 'Kwani Trust ɛwɔ afe mpenu ne du nan(2014) too nwoma no din 'Kintu' siane de anwensɛm nwoma yi bɛtoo dwa.(4)(5)(6) Ne nwoma no bi ne 'Manchester Happened' ɔde too dwa ɛwɔ afe mpenu ne du nkron mu(2019).(7) "Commonwealth Short Story Prize" dwumadie a wɔdii no wɔ afe mpenu ne du nan(2014) mu no, wɔyii ne nwoma 'Let's Tell This Story Properly'' kaa nkorɔfokuo a wɔbɔɔ wɔn aba so no ho. (8) Ɔbɛyɛɛ Mpɔtamni nkonimdifoɔ ɛwɔ Abibi man mu.(9) Afe mpenu ne du nan(2014) "Commonwealth Short Prize" dwumadie no kɔɔ n'awieɛ no, wɔyii no sɛ ɔno na wabɔ ne ho mmɔden pa ara ɛwɔ dwumadie no mu. (10)(11) Afe mpenu ne du nan(2014) "Etisalat Prize for Literature" nso wɔde ne din kaa ho bɔɔ n'aba so wɔ hɔ. (12). Ɔkyerɛ 'Creative Writing' ɛwɔ "Lancaster" Suapɔn no mu. (13). Wɔbɔɔ no abaso bio ɛwɔ "Windham-Campbell Prize". dwumadie ase ɛsiane ne bɔsrɛmka ho nsɛm a ɔtwerɛe ɛwɔ afe mpenu ne du nwɔtwe mu(2018). (14) Ɔde ne nwoma, 'The First Woman ' nso nyaa "Jhalak Prize" abasobɔdeɛ . Ɔne ne kunu "Damian" ne ne ba barima "Jordan" tenaa "MaAbrabɔ ahyɛaseɛ ne Sukuukorɔ.nchester" .
ABRABɔ AHYɛSEɛ NE SUKUUKORɔ
Wɔwoo Jennifer Nansubuga Makumbi ɛwɔ Kampala a ɛwɔ Uganda man mu. Ɔno ne ba panin wɔ ne papa Anthony Kizito Makumbi mma mu. Ɛyɛ ba a ɔtɔ so mmiɛnsa ɛwɔ ne maame Evelyn Nnakalembe mma mu. N'awofoɔ ntam teteɛ berɛ a na wadi mfeɛ mmienu ɛna ɔne ne nana barima Elieza Makumbi tenaa mfeɛ mmienu.
Idi Amin amammuo abrɛ so no ,wɔkyeree ne papa a na ɔyɛ adwuma wɔ sikakorabea bi mu yɛɛ no ayakayakadeɛ. Berɛ a wɔde ne nkwa kyɛɛ no no,ɔnyaa adwene mu haw ne nkwa nna nyinaa de kɔsii berɛ a ɔwuiɛ. Makumbi sewaa, Catherine Makumbi-Kulubya na ɔtetee no. Ahyɛaseɛ no,na ɔne n'abusua te Nakasero.Ɛyɛɛ kakra no, wɔkɔtenaa Kololo.
Ɔnyaa ne O-Level abɔdin krataa ɛwɔ Trinity College Nabbingo ɛna ne A-Levels nso, ɔnyaa B.A degree in English abɔdin krataa ɛwɔ King's College Budo. Ɔdɔɔ sukɔ ɛwɔ adekyerɛ mu a ɛfa kasa dwini ho ɛwɔ Brɔfo kasa mu ɛwɔ Islamic Suapɔn a ɛwɔ Uganda. Ɔbɛyɛɛ atwerɛ mu samufoɔ maa saa supɔn no nwomada hɔ mu, IUIU Mirror no. Makumbi dii kan kyerɛɛ adeɛ ɛwɔ Nakasero Sukuu ntoasoɔ mu a ɛyɛ A-level sukuu. Ɔsiase kyerɛɛ adeɛ mfeɛ nwɔtwe ɛwɔ Hilside High School. Ɛyɛ ankorankorɛ ntoasoɔ sukuu a ɛwɔ Uganda.
Inta-sonu akansie a ɛkɔɔ so ɛwɔ Luganda no,ɔtwerɛɛ ahwɛgorɔ nwoma a ɔtoo ne din sɛ 'Sitaani Teyebase'. Ɔde saa nwoma yi dii nkonim ɛwɔ akansie no mu maa ɔde kɔɔ aporɔ ɛwɔ SDA nsɔrensɔre ahodoɔ a wɔwɔ Kampala.
Afe mpenu ne baako ɛwɔ Ɛbɔ bosome mu no(9-2001), wɔgyee no sɛ suani ɛwɔ Manchester Metropolitan University maa ɔkɔnyaa abɔdin krataa(MA) ɛwɔ Creative Writing mu. Ɔwiee PhD ɛwɔ Creative Writing mu ɛwɔ Lancaster Suapɔn mu.(16) Makumbi akyerɛ adeɛ ɛwɔ UK suapɔn ahodoɔ pii mu a na ɔrekyerɛ Brɔfo kasa ɛne Creative Writing sɛ suapɔn no kyerɛkyerɛni N'atwerɛ dan Granda anum kasadwini adi pa ara ɛnkanka atesɛm a ɛfa gyidiehunu ho ,abakɔsɛm a ɛfa nnipa titire bi ho, anansesɛm na kasa mmɛbuo ho. (17)(18)
Atwerɛ Ahyɛaseɛ
Makumbi hyɛɛ aseɛ twerɛ berɛ a na wadi mfeɛ du - num (15). Ɔsiane de ne ho hyehyɛɛ ahwɛgorɔ mu sii akan ahodoɔ maa ne sukuu maa wɔtɔɔ so mmiensa. Ɔtwerɛɛ ahwɛgorɔ bio berɛ a na wadi mfeɛ du nwɔtwe (18) maa ɛno nso wɔtɔɔ so mmiɛnsa. Na ɔwɔ "Senior 3" no, ɔtwerɛɛ n'ahwɛgorɔ a ɛdi kan a ɔde yɛɛ" Inter-house competition" maa ɔdii nkonim. Ɔtwerɛɛ saa ahwɛgorɔ yi nyinaa ɛwɔ Brɔfo kasa mu. [16]. Ɛwɔ afe apem ahankron ne aduokron nan mu no (1994), ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔbɛtwerɛ ahwɛgorɔ ahodoɔ agugu ne nwoma ketewa bi mu sɛdeɛ ɛbɛboa no ama watumi adan n'atenka a ɔnya wɔ n'asetena mu adi. Ɔtwerɛɛ anwonsɛm bɛboro aduonum(50) nso anka no da sɛ ɔde bɛpue abɔntene. Ɔhyɛɛ aseɛ twerɛɛ prosu ɛwɔ afe apem ahankron ne aduokron nwɔtwe mu (1994) berɛ a na ɔrekyerɛ adeɛ ɛwɔ Kampala.[19]
Amammerɛ pa ara na na Makumbi twerɛ fa ho. Ne suahunu maa no hunuu sɛ ɔbɛtumi atwerɛ nsɛm pii afa amammerɛ nsɛm ho ɛfiri sɛ ɛho nsɛm dɔɔso. Waka sɛ,' Eng coat ''...[20] Ɛwɔ sɛ yɛhyɛ no nso sɛ ne bɔserɛmuka atwerɛ no mu nsɛm no bɛgyina Abibirem ha nsɛm ho.
- ↑ AfricaBookclub.com is for sale (in English), retrieved 2023-05-27
- ↑ Archive copy, archived from the original on 2017-08-19, retrieved 2023-05-27
{{citation}}
: CS1 maint: archived copy as title (link)