Wiase Nyinaa Wɛbsaet ( World Wide Web; WWW )

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Wiase Nyinaa Wɛbsaet ( World Wide Web; WWW )
information system, hypertext system, specialty, field of study
subclass ofservice on Internet, digital media Sesa
inception12 Ɔbɛnem 1989 Sesa
short nameWWW, TTT Sesa
public domain date30 Oforisuo 1993 Sesa
influenced byENQUIRE, The Interactive Encyclopedia System, HyperCard Sesa
significant event30th anniversary of the World Wide Web Sesa
has effectdecline of newspapers Sesa
discoverer or inventorTim Berners-Lee, Robert Cailliau Sesa
time of discovery or invention1990 Sesa
history of topichistory of the World Wide Web Sesa
ACM Classification Code (2012)10003260 Sesa
Stack Exchange taghttps://stackoverflow.com/tags/web Sesa
Wiase Nyinaa Wɛbsaet ahyɛnsodeɛ
Sɛnea wɔde Wiase Nyinaa Wɛbsaet yɛ adwuma.

Wiase Nyinaa Wɛbsaet (WWW), a wɔtaa frɛ no Wɛbsaet no yɛ nsɛm ho nhyehyɛe a ɛma wotumi de nsɛm kyɛ wɔ Intanɛt so. Wɔayɛ no akwan a ɛyɛ mmerɛw so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔde di dwuma no ani agye asen IT ho abenfo ne wɔn a wɔn ani gye ho dada mpo. Ɛsan nso boa ma wɔn nsa ka nkrataa ne wɛbsaet nneɛma afoforo a ɛwɔ Intanɛt so denam mmara pɔtee bi a wɔfrɛ no Hypertext Transfer Protocol (HTTP).[1]

Wɔnam wɛb server so tumi ma wɔtwe nkrataa ne nsɛm afoforɔ kɔ netwɛk bi so na afei nso wɔnam program ahoroɔ te sɛ wɛb brawsa so tumi bue kɔ mu. Wɔnam nkyerɛwde nhama a wɔfrɛ no uniform resource locators (URLs) so na ɛhyɛ server biara nso; sɛnea ɛte ne beaɛ a ɛwɔ.[2]

Sɛnea netwɛk so nkrataa te firi kane bɛsi nnɛ no nsesaɛ pii esiane sɛ nkurɔfoɔ pii da so ara de a Mfitiaseɛ na ɛda so ara de wɛb krataafa a wɔahyehyɛ no Hypertext Markup Language (HTML) mu no da so yɛ adwuma.[3] Saa kasa a wɔde hyɛ agyirae yi boa ma wɔde nsɛm a ɛnyɛ den, mfonini, video ne ɔdio mu nsɛm a wɔde ahyɛ mu, ne scripts (nhyehyɛe ntiantiaa) a ɛde dwumadiefoɔ nkitahodiɛ a ɛyɛ den di dwuma.

HTML kasa no nso boa hyperlinks (embedded URLs) a ɛma wotumi kɔ wɛb nsɛm afoforɔ so ntɛm ara.[4] Wɛbsaet so akwantu, anaa wɛbsaet so nhwehwɛmu, yɛ adeyɛ a wɔtaa yɛ sɛ wodi hyperlink a ɛte saa akyi wɔ wɛbsaet ahorow pii so. Wɛb aplikeshɔn yɛ wɛb nkratafa a ɛyɛ adwuma sɛ aplikeshɔn software. Wɔde Hypertext Transfer Protocol (HTTP) na ɛde nsɛm a ɛwɔ Wɛbsaet no so no fa Intanɛt so.

Sɛnea nnipa dodoɔ de Wiase Nyinaa Wɛbsaet di dwuma wɔ wiase Nyinaa.

Wɛb nneɛma pii a asɛmti koro na ɛtaa so na afei ne domain din yɛ biako na ɛka bom yɛ wɛbsaet. Web server biako betumi ama wɛbsaet ahorow pii, na bere koro no ara wɛbsaet ahorow bi, titiriw nea agye din sen biara no, ebia server ahoroɔ pii na ɛde bɛma.

Nnwumakuo, ahyehyɛde ahoroɔ, aban adwumayɛbea ahoroɔ, ne ankorankoro a wɔde di dwuma pii na wɔde wɛbsaet no so nsɛm bɛgu so; na ɛyɛ nhomasua, anigyede, aguadi, ne aban ho nsɛm pii.

Wiase Nyinaa Wɛbsaet abɛyɛ wiase no mu nsɛm ho nhyehyɛe titiriw.[5] Ɛyɛ adwinnade titiriw a nnipa ɔpepepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa de di dwuma ne Intanɛt di nkitaho.[6][7][8][9]

Tim Berners-Lee na ɔyɛɛ Wɛbsaet wɔ CERN wɔ afe 1989 mu na wobuee ano maa ɔmanfoɔ wɔ afe 1991. Wɔsusuu ho sɛ "amansan nyinaa nsɛm ho nhyehyɛeɛ a ɛka bom".[10]

Sɛnea Wɔde Di Dwuma[sesa]

Wɔtaa de nsɛmfua Intanɛt ne Wiase Nyinaa Wɛbsaet di dwuma a nsonsonoe kɛse biara nni mu. Nanso, nsɛmfua abien no nkyerɛ ade koro. Intanɛt yɛ wiase nyinaa nhyehyɛe a ɛfa kɔmputa ntam nkitahodie a ɛnam telefon so nkitahodi ne aniwa so nkitahodie so. Nea ɛne wei bɔ abira no, Wiase Nyinaa Wɛbsaet yɛ wiase nyinaa nkrataa ne nneɛma afoforo a wɔaboaboa ano, a wɔde hyperlink ne URI ahorow na ɛka bom. Wɔde HTTP anaa HTTPS a ɛyɛ application-level Intanɛt nhyehyɛe a ɛde Intanɛt akwantu nhyehyɛe di dwuma na ɛkɔ wɛbsaet nneɛma so.[11]

Sɛ worehwehwɛ wɛbsaet krataafa bi wɔ Wiase Nyinaa Wɛbsaet so a, mpɛn pii no wofi ase denam krataafa no URL a wobɛkyerɛw akɔ wɛb brawsa mu anaasɛ wobɛdi hyperlink a ɛkɔ saa krataafa anaa adeɛ no so. Afei wɛb brawsa no hyɛ akyi nkitahodi nkrasɛm ahoroɔ ase de fa kratafa a wɔabisa no na eyi pue.

Wɔ 1990 mfeɛ no mu no, wɔde brawsa a wɔde hwɛ wɛbsaet nkratafa —na wɔfa hyperlink so fi wɛbsaet krataafa biako so kɔ foforo so —wɔbɛfrɛɛ no ​​‘browsing,’ ‘wɛb surfing’ (wɔ channel surfing akyi), anaa ‘navigating the Web’. Nhwehwɛmu a edi kan a wɔyɛe wɔ saa suban foforo yi ho no hwehwɛɛ sɛnea nkurɔfoɔ de di dwuma wɔ wɛb brawsa ahoroɔ so. Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi huu akwan anum a wɔfa so de di dwuma: exploratory surfing, window surfing, evolved surfing, bounded navigation ne targeted navigation.[12]

Nhwɛsoɔ a ɛdidi soɔ yi kyerɛ sɛdeɛ wɛb brawsa yɛ adwuma berɛ a worekɔ kratafa bi wɔ URL no so

http://example.org/home.html

Browser no siesie URL no server din no example.org

kɔ Intanɛt Protocol address mu denam Domain Name System (DNS) a wɔakyekyɛ wɔ wiase nyinaa no so.

Nhyehyeɛ Ma Wɔn A Wɔadi Dɛm[sesa]

Akwan bi wɔ hɔ a wɔfa so kɔ Wɛbsaet no so so na ama ankorankoro a wɔadi dɛm de adi dwuma. Saa dɛmdi ahorow yi betumi ayɛ aniwa, aso, nipadua, ɔkasa, adwene, ntini, anaa biribi a wɔaka abom. Nneɛma a ɛma wotumi kɔ hɔ no bi nso boa nnipa a wɔadi dɛm bere tiaa bi, te sɛ wɔn a wɔn nsa mu abu, anaa wɔn a wɔn mfe akɔ anim ma wwɔn ahoɔden so ate.[13] Wɛbsaet no gye nsɛm ne afei nso ɛde nsɛm ma na ɛne ɔmanfo adi nkitaho. Wiase Nyinaa Wɛbsaet Kuw no ka sɛ ɛho hia sɛ obiara tumi kɔ Wɛbsaet no so, enti ɛsɛ sɛ etumi ma nnipa a wɔadi dɛm de di dwuma na wɔanya hokwan a ɛyɛ pɛ.[14]

Tim Berners-Lee kae bere bi sɛ, "Wɛb tumi nyinaa gyina sɛnea wɔde di dwuma wɔ amansan nyinaa mu. Obiara betumi de adi dwuma ɛmfa ho mpo sɛ nnipa no adi dɛm." [13]Aman pii hyɛ ɔkwan a wɔfa so kɔ wɛbsaet so ho mmara sɛnea ɛbɛboa ma wɔn a wɔadi dɛm bɛtumi de adi dwuma; na ɛno ka ahwehwɛde ma wɛbsaet ahoroɔ no ho.[15] Amanaman ntam biakoyɛ a wɔyɛe wɔ W3C Web Accessibility Initiative no mu no maa wɔde akwankyerɛ a ɛnyɛ den a wɛb mu nsɛm akyerɛwfo ne wɔn a wɔyɛ software betumi de adi dwuma de ama nnipa a ebia wɔde mfiridwuma a ɛboa anaasɛ wɔmfa nni dwuma no betumi akɔ Wɛbsaet no so.[13][16]

Beaɛ A Nsɛm No Firi[sesa]

  1. Help (in English), retrieved 2023-08-24
  2. What is a URL (Uniform Resource Locator)? Definition from SearchNetworking (in English), retrieved 2023-08-24
  3. What is HTML – Definition and Meaning of Hypertext Markup Language (in English), 2021-08-24, retrieved 2023-08-24
  4. What is a Hyperlink? (in English), retrieved 2023-08-24
  5. Help (in English), retrieved 2023-08-24
  6. Contributor (2014-05-16), The Once And Future Web Platform (in American English), retrieved 2023-08-24 {{citation}}: |last= has generic name (help)
  7. No Author (2014-03-11), World Wide Web Timeline (in American English), retrieved 2023-08-24 {{citation}}: |last= has generic name (help)
  8. Caitlin Dewey (2021-12-03), "36 ways the Web has changed us", Washington Post (in American English), ISSN 0190-8286, retrieved 2023-08-24
  9. Internet Live Stats - Internet Usage & Social Media Statistics (in English), retrieved 2023-08-24
  10. The World’s First Web Site (in English), 2018-08-30, retrieved 2023-08-24
  11. Help (in English), retrieved 2023-08-24
  12. Steve Muylle, Rudy Moenaert, Marc Despontin (1999-01), "A grounded theory of World Wide Web search behaviour", Journal of Marketing Communications (in English), vol. 5, no. 3, pp. 143–155, doi:10.1080/135272699345644, ISSN 1352-7266, retrieved 2023-08-24 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  13. 13.0 13.1 13.2 Web Accessibility Initiative (WAI) - home page, 2009-04-02, archived from the original on 2008-09-04, retrieved 2023-08-24{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  14. W3C Web Accessibility Initiative (WAI), The Business Case for Digital Accessibility (in English), retrieved 2023-08-24
  15. W3C Web Accessibility Initiative (WAI), The Business Case for Digital Accessibility (in English), retrieved 2023-08-24
  16. W3C Web Accessibility Initiative (WAI), WCAG 2 Overview (in English), retrieved 2023-08-24