Warsaw

Ɛfi Wikipedia
(Ɛfiri Warszawa)
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Warszawa
New World Street, one of the main shopping promenades in Warsaw
Neoclassical Commission Palace, the house of the city's government

Warszawa[1] yε kuro titiriw a ɛwɔ Poland. Warszawa ɛyɛ Polandi ahenkuro a emu nipa ɛyɛ opipipi 1.729.119.

Warsaw (Polish: Warszawa [varˈʂa.va] (listen)), mmara mu no Warsaw yɛ ahenkuro,[2][3] na ɛno ne kuro a ɛso yie pa ara wɔ Poland man no mu. ɛyɛ metropolis a ɛda asubɔntene Vistula so wɔ Poland apuiɛ-mfimfin mantam (east-central ) no mu na nnipa a wɔtete kuro no mu no wode w'ani bubu a wɔn dodoɔ bɛyɛ Ɔpepepem baako ne akyire pɔ nwɔtwe (1.8 million), a wɔn nyinaa wotete greater metropolitan fa mu hɔ no nso bɛyɛ Ɔpepepem mmiensa ne akyire pɔ baako (3.1 million)[4], a yei ma Warsaw kuro no bɛyɛ ahenkuro a ɛtɔ so nson a ɛmu nnipa dɔɔ so yie pa ara wɔ European Union.

Embassy of the Netherlands

Toponymy ne Edin ahodoɔ[sesa]

Warsaw din ankasa wɔ Polish kasa mu ne Warszawa. Nkane no edin ahodoɔ a na nka wɔde frɛ kuro yi ne sɛdeɛ na wɔtwerɛ no no bi ne Warszewa, Warszowa, Worszewa anaa Werszewa[5][6]. Edin yi abɔseɛ anaa baabi korɔ pɔtee a wɔnyaa saa edin yi firiiɛ deɛ, obiara nnim de bɛsi nnɛ.[7][8] Nkane no, na Warszawa yɛ din a wɔde frɛ namyifoɔ beaeɛ bi a na ɛwɔ asubɔntene Vistula ano pɛɛ[9].

Ɔsom ahodoɔ[sesa]

Ɛfiri mmerɛ a wɔkyekyeree kuro a yɛfrɛ no sɛ Warsaw no asom ahodoɔ beberee na wɔdi wɔn dwumadie wɔ hɔ ɛno nti ama kuro no ayɛ kuro a amammerɛ ahodoɔ ne ɔsom ahodoɔ adi afra.[10] Afe apem ahankron ne baako nnipa ne adan akenkan (1901 census) dwumadie no kyerɛɛ sɛ, nnipa a wɔtete kuro no mu no dodoɔ yɛ 711,988 na ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu 56.2% na wɔkɔ Catholic asɔre no bi, ɛmu ɔha mu nkyekyɛ mu 35.7% nso yɛ Jewfoɔ, ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu 5% nso yɛ Greek Orthodox akristofoɔ ɛna ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu 2.8% nso yɛ Protestantfoɔ.[11] Mfie nwɔtwe akyi wɔ afe 1909 mu no,Jewsfoɔ no dodoɔ no kɔduruu 281,754 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu (36.9%), Protestantfoɔ no nso dodoɔ no kɔduruu 18,189 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu (2.4%) ɛna na nnipa no mu 2,818 nso yɛ Mariavites foɔ a wɔn dodoɔ no gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu (0.4%).[12] Yei nam so maa wɔsisii hyiadan ahodoɔ bɛboro ɔha ne akyire ne twaa kuro no mu nyinaa hyiaeɛ.

The Lutheran Holy Trinity Church is an important landmark

Mfonin ahodoɔ[sesa]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Pronunciation: English: /ˈwɔːrsɔː/ WOR-saw Polish: Warszawa, [varˈʂava] (listen) Latin: Varsovia
  2. http://isap.sejm.gov.pl/isap.nsf/DocDetails.xsp?id=WDU20180001817
  3. https://en.wikipedia.org/wiki/Polish_language
  4. http://appsso.eurostat.ec.europa.eu/nui/show.do?dataset=urb_lpop1&lang=en
  5. Samuel Bogumił Linde, Slownik jẹzyka polskiego (1808)
  6. Julian Weinberg, Polacy w Rodzinie Sławian (1878)
  7. http://etymonline.com/index.php?allowed_in_frame=0&search=Warsaw
  8. http://revije.ff.uni-lj.si/linguistica/article/view/6271
  9. http://www.warsaw-life.com/poland/warsaw-legend
  10. Geert Mak (2008). In Europe: travels through the twentieth century. New York: Pantheon Books. p. 427. ISBN 978-0-307-28057-2. Today Warsaw is a monocultural city, which is some people's ideal. But before 1939 it was a typically multicultural society. Those were the city's most productive years. We lost that multicultural character during the war.
  11. Hermann Julius Meyer (1909). Meyers Konversations-Lexikon (in German). Vol. 20 (6th ed.). Leipzig and Vienna. p. 388.
  12. Erich Zechlin (1916). Die Bevölkerungs- und Grundbesitzverteilung im Zartum Polen [The distribution of population and property in tsaristic Poland] (in German). Berlin: Reimer. pp. 82–83.