Jump to content

Volta River

Ɛfi Wikipedia
Volta River
Fleuve Volta
Din a wɔde frɛ no wɔ ɔman no mu Asuo Firaw (Akan)
Din afofor Amuga (Ewe), Fleuve Volta (Frɛnkye)
Adomi Bridge a ɛwɔ Asuo Volta so ɛwɔ Akosombo Dam anafoɔ fam.
Asuo Volta ne n'asukɔ mmienu akɛseɛ: Asuo Tuntum Volta, Asuo Fitaa Volta, ne Asuo Kɔkɔɔ Volta
Aman
Beae
Nsɛnkyerɛnne 5°46′N 0°41′E / 5.767°N 0.683°E / 5.767; 0.683Coordinates: 5°46′N 0°41′E / 5.767°N 0.683°E / 5.767; 0.683[1]
Ɔsubɔn no firi (Source)
Ɔsubɔn no kɔ (Mouth) Gulf of Guinea (Gini Kɔɔ)
Ɔman a ɛwɔ nsubɔn no mu
Ɔsubɔn no tɛtrɛtɛ 1,500 km (930 mi)
Nsu a efiri mu ba (Discharge) 1,210 m3/s (43,000 cu ft/s)[2]
Nsubɔn no atraeɛ mu kɛseɛ 407,093 km2 (157,179 sq mi)[3]
Beae a ɛfiri sorɔ (Elevation)
Nsubɔn a ɛkeka ho (Tributaries)

Asuo Volta (Akan kasa mu: Asuo Firaw, Ewe kasa mu: Amuga, Frɛnkye kasa mu: Fleuve Volta) yɛ asubɔnten a ɛso sen biara wɔ Atɔeɛ Afripa ɔman Ghana mu. Ɛfiri Burkina Faso Bobo-Dioulasso bepɔw so tene ba Ghana anafoɔ fam.

Asubɔnten no yɛ nkyekyɛmu akɛseɛ mmienu: Volta Tuntum (Black Volta), Asuo Fitaa Volta (White Volta), ne Asuo Kɔkɔɔ Volta (Red Volta). Atɔeɛ atifi fam no, Asuo Tuntum Volta no yɛ ɔhyeɛ a ɛte Côte d'Ivoire, Ghana, ne Burkina Faso ntam. Asuo Volta tene kɔ anafoɔ fam fa Akwapim-Togoland bepɔw so, na ɛkɔhyɛ Atlantic Po mu wɔ Gulf of Guinea (Gini Kɔɔ) wɔ Ada Foah. N'asukɔ ketewa biako ne Asuo Oti a ɛfiri Togo ba Ghana apueeɛ fam. Wɔato Akosombo no asuo no ho ban ama wɔatumi ayɛ hydroelectric (nwomso omhyɛ). Nsukorɛbea no din de Asuo Volta (Lake Volta) a ɛfiri Akosombo Dam wɔ anafoɔ fam kɔsi ɔman no atifi fam. Ɛyɛ nsukorɛbea a ɛyɛ nyansafoɔ asie (man-made) a ɛso sen biara wɔ wiase nyinaa wɔ ne mmeaeɛ so.[4]

Ɔman Burkina Faso a wɔfrɛɛ no Upper Volta dada no, ɛnam asubɔnten no so nyaa ne din.

Asuo no mu dɛ yɛ bɛyɛ ananmɔ 45 (45 feet) ase fi Asuo Volta Tade no ho. Adome Bridge na ɛwɔ Asuo Volta so, ɛwɔ Akosombo Dam no ase pɛ.

Ada, Asuo Volta

Nsukorɛbea (The Reservoir)

[sesa]

Asuo Volta Tade (Lake Volta) yɛ nsukorɛbea a Akosombo Dam no na ɛmaa ɛbaa abɛyɛ wɔ Asuo Volta anafoɔ fam wɔ anafoɔ fam Ghana. Ɛyɛ nsukorɛbea a ɛso sen biara wɔ wiase. Ɛfiri Akosombo Dam a ɛwɔ anafoɔ fam apueeɛ Ghana kɔsi Yapei kurow a ɛwɔ Central Gonja District, Northern Region of Ghana, kilomita bɛyɛ 400 kɔ atifi fam.

Dam no omhyɛ adwumayɛbea ma omhyɛ ma Volta River Authority, na nsukorɛbea no nso ma ɛyɛ mmerɛ sɛ wɔde nsuo so akwan di dwuma. Ɛyɛ nnwuma dea mfuo nsuo gu (irrigation) ne apataam akuayɛ (fish farming).

Abakɔsɛm

[sesa]

Akwamu manfoɔ a wɔsisii ahennie wɔ asuo no apueeɛ ne atɔeɛ mpoano, a ɛfiri Ghana, Togo, ne Benin a ɛwɔ hɔ nnɛ no, wɔfrɛ asuo no Firaw. Wɔwɔ abosom a ɔhwɛ asuo no so a wɔfrɛ no Mfodwo[5].

Portugal sikakɔkɔɔ guadifoɔ na wɔde din Volta too asuo no wɔ Ghana. Saa din no firi Portuguese kasa mu a ɛkyerɛ "dan" anaa "foro" (volta wɔ Portuguese mu kyerɛ "twist" anaa "turn"), firisɛ saa beaeɛ no na ɛyɛ wɔn akwantuo ano a na wɔsane dan wɔn ho wɔ hɔ ansa na wɔresane akɔ Portugal.[6] Wɔsane nso frɛ no "Asubɔnten a ɛsane ba" (River of return), ɛfirisɛ hɔ na hyɛn a wɔde di dwuma no taa dan wɔn ho faako sane.[6][7]

Hwɛ eyi nso

[sesa]

Ntotoho

[sesa]
  1. Nhwɛsoɔ:GEOnet2
  2. Mfomsoɔ wɔ beaɛ hɔ:Invalid <ref> tag; no text was provided for refs named brit
  3. Volta Nhwɛsoɔ:Webarchive, Watersheds of the World. Water Resources eAtlas. Retrieved on October 6, 2007.
  4. "Lake Volta, Ghana". Visible Earth. NASA. 7 April 2002. Retrieved 7 March 2018.
  5. Wissing, Kirsty (November 2019). "Assistance and resistance of (hydro-)power: Contested relationships of control over the Volta River, Ghana". Environment and Planning C: Politics and Space. 37 (7): 1167, 1169. doi:10.1177/0263774x18807482.
  6. 1 2 "volta | Search Online Etymology Dictionary". www.etymonline.com. Retrieved 2025-01-15.
  7. Wilks, Ivor (1997). "Wangara, Akan, and Portuguese in the Fifteenth and Sixteenth Centuries". In Bakewell, Peter (ed.). Mines of Silver and Gold in the Americas. Aldershot: Variorum, Ashgate Publishing Limited. p. 15.

Linki a ɛwɔ abɔnten so

[sesa]

Nhwɛsoɔ:Rivers of Ghana Nhwɛsoɔ:Authority control