Vincent Kofi
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Vincent Kofi (1923-1974) yɛ Ghanani nimdefoɔ a nnipa nim no yie ɛsiane nneɛmanwene adwuma a na ɔyɛ a ɛfa Abibirem ha nsɛm ne Abibifoɔ de a wɔdee wɔn ho firii aborɔfo nsam no. Wɔkyerɛkyerɛ sɛ ɔno ne nipa a ɔyɛ adeɛ pa ara wɔ nneɛmanwene ho a ne ho hia pa ara.[1]
MFITIASEƐ ASETENA NE NWOMASUA
[sesa]Wɔwoo Vincent Kofi wɔ Odumasi-Krobo a ɛwɔ ɔman Ghana, Ɔpɛpɔn bosome ɛda a ɛtɔ so dunsia afe apem ahankron aduonu mmiɛnsa(1923).[2][3]
Wɔtetee no wɔ Achimota Kɔlegyi, beaeɛ a nneɛmanwene hyɛɛ aseɛ wɔ Abibirem atɔeɛ fam no. Ɔsan nso suaa adeɛ wɔ Royal College of Art a Ɛwɔ London firi (1952 kɔsi 1955)[4], na ɔsan kɔɔ Columbia suapɔn a ɛwɔ New York (1959). Berɛ a na ɔwɔ America no, ɔkɔsraa Barnett-Aden mfoni beaeɛ ne Alonzo Aden a ɔyɛɛ saa beaeɛ no. Ɛyɛ Alex Fournier na ɔkaa ne ho aduro.[5] Ɔda so ara wɔ New York no,Harmon Foundation boaa no ma ɔsuaa sɛdeɛ wɔde dadeɛ di dwuma,na ɔtumi yɛɛ bronze.
N’ADWUMA NE SUAHUNU
[sesa]Kofi nnwuma a ɔyɛeɛ no hyetaa abibirem ha ne aburokyiman mu nyinaa.[6]Ɔde nnua ankasa na ɛyɛɛ n’adwuma. Na ne nneɛma a ɔyɛeɛ no nso gyina Ghana amammerɛ ne abakɔsɛm so. Berɛ a Kofi baa Ghana no, ɔkyerɛɛ adeɛ wɔ Winneba akyerɛkyerɛfoɔ kɔlegyi (1961-1969) a na ɔno ne panin a na ɔda Fine Art ano wɔ Kwame Nkrumah suapɔn mu (1969-1974).
N’ABRABƆ
[sesa]Kofi waree Felicia Korkor Djabatey, wɔ Krobo, Kwaebibirem a ɛwɔ apueɛ fam. Wɔwoo ɔbaa baako a ne din ne Janet Ayerko Kofi.[7]Kofi wuu Kitawonsa bosome ne da a ɛtɔ so aduasa baako,afe apem ahankron ne aduosonnan (1974).
BEAEƐ A MENYAA MMOA FIRIIƐ
[sesa]- ↑ KENNEDY JEAN (1992-07-17), NEW CURRENTS ANCIENT RIVERS (in English), Smithsonian, ISBN 978-1-56098-037-7, retrieved 2025-05-23
- ↑ Kofi, Vincent Akwete (1923–1974) - Routledge Encyclopedia of Modernism (in English), retrieved 2025-05-23
{{citation}}: line feed character in|title=at position 33 (help) - ↑ FamilySearch.org, retrieved 2025-05-23
- ↑ Cornelia Gerda Palmer (1990), Johan Mhlanga, a Swazi Wood Sculptor (in English), U. of Calif., Davis, retrieved 2025-05-23
- ↑ Alex Fournier working on portrait of Vincent Kofi - David C. Driskell Papers | David C. Driskell Center - University of Maryland, retrieved 2025-05-23
- ↑ John Picton (1998), El Anatsui: A Sculpted History of Africa (in English), Saffron Books in conjunction with the October Gallery, ISBN 978-1-872843-14-8, retrieved 2025-05-23
- ↑ FamilySearch.org, retrieved 2025-05-23