Dwumadini:Joe The Poet (JTP)

Ɛfi Wikipedia

Mpɔtɔmpɔtɔ[sesa]

Mpɔtɔmpɔtɔ yɛ Ghanafoɔ aduane a wɔde mankani anaa bayerɛ ayɛ. Alatafoɔ (Nigeria) frɛ no 'Bayerɛ Pɔtegyi, anaa Asaro.[1] [2][3][4] Wɔtumi de nnoɔma bebree yɛ saa aduane yi. Nnoɔma yi mu mmienu ne adwene ne gyeene. [5][6]

Sɛdeɛ wɔyɛ aduane yi[sesa]

Nnoɔma a wobɛhia

  • Bayerɛ anaa mankani kakra
  • Gyeene a ɛso kakra baako
  • Ntoosi a ɛsoso kakra mmienu
  • Nsesaawa anaa adwene
  • Mako
  • Ngo
  • Nkyene kakra
  • Nsuo

Ɔkwan a wobɛfa so ayɛ no[sesa]

  1. Sensene bayerɛ anaa mankani no ho na hohoro ho. Afei, twitwa mu nketenkente
  2. Fa bayerɛ no ne gyeene ne ntoosi ne mako no nyinaa mu dadesɛn mu.
  3. Fa nsuo gu mu ma no nkata nnoɔma a ɛgu dadesɛn no mu no so na afei gyae si so ma no nhuru bɛyɛ simma aduonu-num anaa aduasa-num ntam.
  4. Afei, hohoro nsesaawa anaa adwene no ho gu dadesɛn no mu bi.
  5. Gyae ma no nsi egya so ara kɔpem sɛ ɛbɛyɛ mmerɛ. Ɛbene a, yiyi ntoosi, mako ne gyeene no na twi.
  6. Afei, hwie deɛ woatwi no gu bayerɛ a ɛsi gya so no mu.
  7. Hwie ngo fra na fa nkyene kakra a ɛbɛtere mu gu mu.
  8. Te egya no so na nu mu ara ma no mfra yie na afei gyae ma no nsi so kakra mma no mmene nkakrankakra.[7]

Baabi a menyaa mmoa[sesa]

  1. https://www.pulse.com.gh/local-recipe-how-to-prepare-mpoto-mpoto-mashed-cocoyam/vj3jdwp
  2. https://ndudu-by-fafa.blogspot.com/2017/02/yam-pottage.html
  3. https://en.wikipedia.org/wiki/Mpoto_Mpoto#cite_note-4
  4. https://en.wikipedia.org/wiki/Mpoto_Mpoto#cite_note-3
  5. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/entertainment/Recipes-How-to-prepare-mpotompoto-529720
  6. https://www.modernghana.com/lifestyle/9664/recipe-mpotompoto-nutritious-and-easy-to-prepare.html
  7. https://en.wikipedia.org/wiki/Mpoto_Mpoto#cite_note-7