Twi

Ɛfi Wikipedia
Revision as of 13:37, 26 Ɔbɛnem 2019 by Amire80 (kasa | mmoa) ({{Dialect|}})
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

Twi yɛ Kasa wɔ Ghana man mu. Nnipa bɛyɛ

ɔpepepem nson na ɛka Twi Kasa wɔ Ghana. Ghanafoɔ wɔ kasa ahoroɔ bebree. Twi ka Akan Kasa abusua a yɛfrɛ no Kwa Kasa Abusua no ho. Twi gu mu ahoroɔ pii nanso ne nyinaa yɛ kasa baako a obiara te ase. Yɛwɔ Asante Twi, Akuapem Twi, Akyem Twi ɛne nea ɛkeka ho.Ga nso ye kasa a ewɔ Ghana.

Twi a, yɛka daadaa no nteaseɛ nyɛ na. Ɛno akyiri no, yɛwɔ mmɛ ne akasakoa a, ɛwɔ sɛ obi de n'adwene kɔ akyiri ansa na wate aseɛ. Wopɛ sɛ woka obi anim asɛm wɔ aberɛ a, wompɛ sɛ wofom no a, wobu no bɛ. Nti na mpaninfoɔ bu bɛ bi sɛ: "ɔba nyansafoɔ, yɛbu no bɛ, na yɛnnka no asɛm".

Kasakoa yɛ asɛm a, ne nkyerɛaseɛ ɛnna tee. Ne saa nti no obi a, n'ani mfiriiɛ no rente aseɛ. Yɛmfa no sɛ, obi awu, na ne ba ketewa wɔ hɔ na wompɛ sɛ ɔbɛ te sɛ n'awofoɔ awu a, woka no sɛ: "asemasi adane n'ani ahwɛ dan", anaa sɛ, "asemasi aka nkyene agu". Ɛtoaso bio, yɛka kasakoa de anidie ma obi a, odi nim. Ɛno nti, sɛ ɔhene wu a, yɛka sɛ: "Nana kɔ ne kra akyi".