Twerɛ Kronkron Nkyekyɛmu
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Twerɛ Kronkron no wɔ nwoma aduosia nsia (66); ɛmu aduasa nkron (39) na ɛka bɔ mu yɛ Apam Dada na ɛmu aduonu nson (27) a aka no yɛ Apam foforɔ nwoma. [1]Sɛ yɛfa Apam Dada nwoma no a, nwoma nnum a ɛdi kan wɔ Apam Dada no mu yɛ Jewishfoɔ fapem ne wɔn gyidie a ɛwɔ Awurade mu. [2]Na abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɛyɛ Mose na ɔtwerɛɛ saa nwoma nnum no. Na ɔno ne ɔdikanfo a ɔyii Israelfoɔ firii nkoasom mu. Na ɔtwerɛɛ mmara a Awurade de maa no, a na mmara nsɛm du no ka ho no maa Jewishfoɔ. Na saa nwoma yi na Yoshua frɛ no "Mose mmara nwoma". Na nwoma a aka wɔ Apam Dada no, wɔde mfeɛ beberee na ɛtwerɛeɛ na wɔkekaa ne nyinaa bɔɔ mu.[3]
Apam Dada
[sesa]Apam Dada no nyɛ abakɔsɛm nko ara, na mmom yɛwɔ anwonsɛm, nnwom, nyansasɛnka ne deɛ animdefoɔ binom twerɛeɛ. Saa berɛ no, na atwerɛfoɔ no twerɛ wɔ mmoa nwoma so a na wɔbobɔ. Na berɛ a wɔhyɛɛ aseɛ de kɔɔ nkrataa so no, wɔtoo mmoa nwoma no nyinaa guiiɛ. Na abakɔsɛm ma yɛn te aseɛ sɛ, Jewishfoɔ firi nkoasom mu baa Babylon no, Jewish ɔdikanfo baako a wɔfrɛ no Ezra kekaa nwoma ahodoɔ no nyinaa bɔɔ mu. Na wɔgyee Apam Dada no mu nsɛm too mu bɛyɛ mfeɛ ahaanu ne aduokron ansa na wɔrebɛwo Agyenkwa no.[4]
Deɛ ɛdi kan wɔ Apam Dada no mu ne nwoma ahodoɔ a ɛda Israelfoɔ ahyɛaseɛ ho asɛm a wɔfrɛ wɔn brɔfo mu sɛ The books of Israel beginning. Yeinom ne mmara nwoma nnum no a wɔfrɛ no Pentateuch wɔ Greekfoɔ kasa mu.
Nwoma kuo a ɛtɔ so mmienu ne nwoma a ɛde abakɔsɛm ahodoɔ to dwa. Wɔfrɛ wɔn The Historical Books wɔ brɔfo kasa mu. Saa nwoma yi na ɛkyerɛ sɛdeɛ Onyankopɔn ne Israelfoɔ dii nkitaho ne Ne banbɔ a Ɔde bɔɔ wɔ Israel abakɔsɛm mu.
Nwoma kuo a ɛtɔ so mmiɛnsa ne nwoma a ɛde nyansa to dwa. Wɔfrɛ wɔn The Poetic Books wɔ brɔfo kasa mu. Saa nwoma yi na wɔsan frɛ no sɛ daadaa nyansa nwoma no. Ɛyɛ nwoma a ɛkyerɛ nnipa atinka, firi anigyeɛ mu kɔsi awerɛhoɔ mu ne ɔkwan a nnipa bɛfa so ne Onyankopɔn anya ayɔnkofa.
Nwoma kuo a ɛtɔ so nnan ne Adiyifoɔ nwoma no. Wɔfrɛ wɔn The Books of the Prophets wɔ brɔfo kasa mu. Saa nwoma yi wɔ nkyekyɛmu mmienu: Adiyifoɔ Akunini ne Adiyifoɔ Nkumaa. Saa nwoma ahodoɔ mmienu yi gyina sɛdeɛ nwoma no tenten ɛteɛ na mmom ɛnyɛ ɛso mfasodeɛ. Adiyifoɔ Akunini nwoma no dɔɔso kyɛn Adiyifoɔ mkumaa no.
Apam Foforɔ
[sesa]Nwoma aduonu nson a aka no ne apam foforɔ no. Na abakɔsɛm kyerɛ sɛ, nnipa kakraa bi na wɔtwerɛɛ saa ɔfa yi wɔ berɛ tiawa mu. Wɔhyɛɛ aseɛ bɛyɛ mfeɛ aduonum a Agyenkwa Kristo wuiiɛ no, na wɔwiee mfeɛ aduokron akyi. Na bɛyɛ awoɔ ntoatoasoɔ mmienu akyi no, na Asɛmpa no, Asomafoɔ no nwoma no ne Ɔsomafoɔ Paulo nwoma dummiɛnsa a ɔtwerɛeɛ no ahyeta Kristo Asafo a ɛwɔ aman nyinaa mu. Na ɛnnɛ yi no, Apam foforɔ nkyerɛaseɛ ahodoɔ pii na aba.Apam foforɔ no kasa fa Kristo awoɔ, Ne nwuma, Ne wuo ne Ne wusɔreɛ no ho.
Nwoma a ɛdi kan wɔ Apam foforɔ no mu ne Nsɛmpa no, The Gospels a ɛyɛ nwoma nnan; Mateo asɛmpa, Marko asɛmpa, Luka asɛmpa ne Yohane asɛmpa.
Nwoma kuo a ɛtɔ so mmienu a ɛtoa nsɛmpa no so ne abakɔsɛm a ɛfa Kristosom nsɔre ahodoɔ no a wɔfrɛ no Asomafoɔ ne Honhom Kronkron, ne titire, Asomafoɔ no nwoma a wɔfrɛ wɔn Acts of the Apostles wɔ brɔfo kasa mu. Wɔ Apam foforɔ no mu no, yɛwɔ krataa a atwerɛfoɔ twerɛeeɛ a wɔfrɛ no Epistles wɔ brɔfo kasa mu. Na ɛwɔ nkyekyɛmu mmienu; deɛ ɛdi kan ne deɛ Ɔsomafoɔ Paulo twerɛeeɛ a brɔfo kasa mu no wɔfrɛ no Pauline Epistles ne deɛ wɔfrɛ no General Epistles wɔ brɔfo kasa mu no. Nwoma a ɛtwa toɔ wɔ Apam foforɔ no mu a ɛno nso ka saa nwoma yi ho ne Adiyisɛm.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ biblewithann (2013-10-21), DIVISIONS & CLASSIFICATIONS OF BIBLE BOOKS (in English), retrieved 2025-07-02
- ↑ The Bible History Books, an Introduction! (in English), 2012-01-01, retrieved 2025-07-02
- ↑ The Divisions of the Bible (in English), 2011-09-04, retrieved 2025-07-02
- ↑ How is the Bible structured? (in English), 2021-02-10, retrieved 2025-07-02