Tubaani

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Tubaani(About this soundpronounciation of "Tubaani" ) yɛ Ghana aduane a wɔ taa di wɔ Atifi mantamu ne Zongo mpɔtam wɔ Ghana. Wɔ de adua a wɔayam ne nsuo na ɔde akyekyere wɔ "Marantaceous" aduro ahaban a ɛyɛ hwam na ɛdɛ mu anoa wɔ gya so ne "Thaumatococcus daniellii" na wɔ de forɔeɛ anaa mako a wa kye wɔ angwa mu ne gyeene adi.[1][2][3][4]

Nnoɔma a wɔ de yɛ[sesa]

  • Adua a n'ani yɛ tumtum a ya yam
  • Nsuo.[5]

Ɔkwan a wɔ fa so yɛ[sesa]

  • Wɔde adua no a n'ani tumtum sam fra nsuo wɔ kyɛnsen mu na wɔ de wɔn nsa aboro ama no atu.
  • Wɔde nsu gu kyensen mu si gya so ma no huru.
  • Wɔ hohoro Thaumatococcus daniellii ahaban , kwadu ahaban anaa aburo ahaban.
  • Wɔde ahaban no bi to kyensen no ase.
  • Tete adua na yɛ de nsu no afra no kakra gu ahaban no mu na kyekyere ho.
  • Fa nea wa kyekyere no to nsu na esi gya no so no ma no nnoa.
  • Fa ahaban no bi kata nsu no so wɔ kyensen no mu.
  • Kata kyensen no so ma ne nnoa dɔnhwere mmienu.[5]

Mfasode[sesa]

Tubaani wɔ nnuane nnuro beberee wɔ mu ɛnam adua na yɛ de ayɛ no nti.[2]

Hwɛ wie nso[sesa]

  • Moin moin, Nigeria aduane a ɛte sɛ tubaani.

Ntotoho[sesa]

https://ak.wikipedia.org/wiki/Special:ContentTranslation?title=Special:ContentTranslation&campaign=contributionsmenu&to=ak&page=Tubaani&from=en&targettitle=Tubaani#:~:text=African%20cuisine,Legume%20dishes

  1. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/food/
  2. 2.0 2.1 "Archive copy". Archived from the original on 2021-07-28. Retrieved 2021-07-28.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. http://www.findglocal.com/GH/Accra/761876577201767/Tuo-Zaafi-and-Tubaani
  4. "Archive copy". Archived from the original on 2021-07-28. Retrieved 2021-07-28.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. 5.0 5.1 Gamor, Gladys; Kyei Akoto-Danso, Edmund; Karg, Hanna; Chagomoka, Takemore (2015). Traditional Recipes from the Northern Region of Ghana. Taiwan: AVRDC – The World Vegetable Center. p. 10. ISBN 92-9058-210-3.