Jump to content

Tosa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Tosa nneɛma a ɔbɔfoɔ de ka ne ho kɔyɛ ha no mu baako. Ɛyɛ dua bi akyi anaasɛ ne hono a ɔbɔfoɔ wae na ɔboro ma ɛyɛ sɛ sapɔ[1].

Ɛnyɛ berɛ biara na ɔbɔfoɔ kɔ wuram a ɔsan ba fie da no ara[2][3]. Abɔfoɔ tumi di wuram bɛyɛ nnaawɔtwe. Ɛnam ho yɛ den mpo a, wɔtumi hyɛ wuram nna bɛyɛ deɛ ɛboro saa. Ɛno nti na wɔtaa siesie mmeaeɛ bi wɔ kwaeɛ mu a wɔtumi tena hɔ nna kakra no. Sa mmeaeɛ yi na yɛfrɛ hɔ nnanso. Ɛhɔ na wɔkɔkyinkyini a wɔba bɛgye wɔn ahome, nua aduane, dware yɛ biribiara. Ɛhɔ ara nso na wɔkum nam kɛseɛ a wɔsiesie de kɔ fie. Ɛhɔ ara nso na wɔdware. Ɛhɔ yɛ beaeɛ bi a nyɛ daa na wɔbɛtumi de sapɔ a wɔde dware wɔ fie no bɛtumi akɔ. Nti wɔde sapɔ bi a wɔfrɛ no tosa na ɛdware. Ɛyɛ nnua a wɔtaa wae de yɛ tosa yi bi ne sɔfɔ anaa fɔtɔ, anaa kyɛnkyɛn. Tosa no mu na ɔbɔfoɔ no de aboba no ne atuduro no gu ansa na wɔde ahyɛ etuo no mu[4]

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Kofi Agyekum (2003-10-01), "Honorifics and Status Indexing in Akan Communication", Journal of Multilingual and Multicultural Development, vol. 24, no. 5, pp. 369–385, doi:10.1080/01434630308666506, ISSN 0143-4632, retrieved 2025-08-24
  2. Kofi Agyekum (2023-01-01), SOCIOCULTURAL ASPECTS OF ANIMAL METAPHOR IN AKAN. | EBSCOhost (in English), retrieved 2025-08-24
  3. Kofi Agyekum (2003-10-01), "Honorifics and Status Indexing in Akan Communication", Journal of Multilingual and Multicultural Development, vol. 24, no. 5, pp. 369–385, doi:10.1080/01434630308666506, ISSN 0143-4632, retrieved 2025-08-24
  4. Kofi Agyekum (2023-01-01), SOCIOCULTURAL ASPECTS OF ANIMAL METAPHOR IN AKAN. | EBSCOhost (in English), retrieved 2025-08-24