Tobea Nhyehyεeε Nnyinasodeε
Appearance
Tobea Nhyehyεeε Nnyinasodeε yɛ nnyinasodeε a wɔgyina so hyehyɛ tobea nhyenhyɛeɛ bi. Wɔ kasadwini mu, yεwↄ nnyinasodeɛ ahodoↄ nnum a εda adi wↄ abasεm bi tobea nhyehyεeε mu na saa nnyinasodeε no ne oyikyerɛ, ntawantawa anaa apereapereɛ, mpↄmpↄnsoɔ, ɔko awieeɛ ne awieeɛ. [1]
Tobea Nhyehyεeε Nnyinasodeε Ahodoɔ
[sesa]- Oyikyerɛ: Ɔfa yi mu na ↄtwerεfoↄ no da agorↄmma titire ne agorↄmma nkumaa no adi ma akenkanfoↄ no hunu wↄn ne dwuma a wↄbεdi wↄ abasεm no mu. Dwumadie ahodoↄ a εbεkↄ so wↄ abasεm no mu, abasεm no sibeaberε ne nsεm ahodoↄ a εbεboa abasεm no nteaseε biara no, εha na εda adi.
- Ntawantawa anaa Apereapereɛ: Saa ɔfa yi mu na ntawantawa no ahyɛ aseɛ. Ntawantawa yε ↄko anaa apereapereε a εsi agorↄmma ntam. Mpεn pii no, ntawantawa da adi wↄ ↄkasa mu. Ԑsε sε ntawantawa a εbεsi wↄ abasεm bi tobea nhyehyεeε mu no boa kanyan akenkanfoↄ no na εsan ma abasεm no yε anika na ama akenkanfoↄ no de wↄn adwene adi akyire akↄsi aseε. Ntawantawa tumi si wↄ; onipa ne onipa ntam, onipa ne n’ankasa ntam, onipa ne nnoↄma a atwa yεn ho ahyia ntam, onipa ne Nyankopↄn ntam, onipa ne ahonhom ntamne deɛ ɛkeka ho. Ԑsε sε ↄtwerεfoↄ no hunu ntawantawa no farebae ne sεdeε ↄbεsiesie no.
- Mpↄmpↄnsoɔ: Yεka sε abasεm bi aduru ne mpↄmpↄnsoↄ a, na aduru baabi a abasεm no ayε anika ne anigye pa ara na ɛduru ha a, na akenkanfoↄ anaa atiefoↄ no nyinaa ayε krado retwεn deε abasεm no bεkↄ akↄsi. Mpↄmpↄsoↄ no kanyan atiefoↄ anaa akenkanfoↄ no atenka na εma wↄn ho pere wↄn sε wobεhunu deε εbεsi.
- Ͻko Awieeɛ: Sε εduru ↄko awieeε a na εkyerε sε abasεm no reyε aba n’awieeε ara ne sa. Afei, akenkanfoↄ ne atiefoↄ no susu sεdeε abasεm anaa agorↄ no awieeε bεyε.
- Awieeɛ: Ԑha na wↄsiesie ntawantawa nyinaa ma no ba awieeε. Adeε biara a na εkyere akenkanfoↄ adwene wↄ abasεm no mu no, εha na wↄte wↄn ho ase. Sε abasεm no duru awieeε saa a, na ato sε ↄtwerεfoↄ no bu atεn. Ԑha na abↄnefoↄ no nya wↄn asotwe na wↄn a wↄyεε deε εtene no nso nya abasobↄ anaa akyεdeε.[2]