Jump to content

Tobea Nhyehyεeε

Ɛfi Wikipedia

Tobea Nhyehyεeε anaa polɔto yɛ nhyehyeɛ bi a ɛda abasεm bi nhyehyεeε adi.[1] Ԑyε kwan a ↄtwerεfoↄ bi fa so ama abasεm anaa ahwɛgorɔ bi mu nsεm sisi so wↄ ne nwoma no mu. Yei ma wohunu sε nwoma no ahyεaseε na abasεm no hyε aseε anaa abasεm no ahyεaseε no wↄ nwoma no mfimfini anaa awieeɛ.[2] Tobea nhyehyεeε biara wↄ ahyεaseε, mfimfini ne awieeε.

Tobea nhyehyεeε ahodoↄ

[sesa]

Tobea nhyehyεeε gu ahodoↄ mmienu. Yei ne tobea nhyehyεeε a ɛmu da hↄ anaa εsisi so pεpεεpε ne tobea nhyehyεeε a ɛnsisi so pεpεεpε anaa ɛmu nna hɔ.[3]

Tobea nhyehyɛeɛ a ɛmu da hↄ anaa εsisi so pεpεεpε no ne tobea nhyehyɛeɛ a atwerɛfoɔ de di dwuma wɔ abasɛm a εhyε aseε wↄ nwoma no ahyεaseε na atoam saa kↄsi nwoma no awieeε. Yei nti, sε worekenkan a, εnhia sε wobεsan w’akyi anaa wobεdi akↄneaba biara na woakenkan awie. Sε worekenkan abasεm bi saa a, εma wonya nteaseε no ntεm berε a wommrε koraa.[4]

Afei nso, tobea nhyehyεeε a ɛnsisi so pεpεεpε anaa ɛmu nna hɔ no wɔtaa de di dwuma wɔ mu. Saa nhyehyɛeɛ no mu no, abasɛm no awieeε no tumi di kan ansa na woakenkan mfimfini na woakↄwie wↄ ahyεaseε. Ԑbi nso hyɛ aseɛ firi mfimfini na εde wo asan aba ahyεaseε ansa na akↄwie wↄ awieeε. Yei ma nhyehyɛeɛ no kuntann.[5]

Sε wofa nwoma bi na ne tobea nhyehyεeε no yε kuntann a, gye sε woto wo bo kenkan nwoma no mprεnu anaa mprεnsa mpo na wokeka ne tobea no sisi ani ansa na woate aseε ahunu asεntitire pↄtee a ↄtwerεfoↄ no pε sε ↄde to dwa. Nwoma a ne tobea nhyehyεeε yε kuntann no bi mpo wowↄ hↄ a, εno nso sane nya tobea nhyehyεeε foforↄ a εhyε n’ase na saa tobea nhyehyεeε foforↄ yi yε abasεm kumaa bi a εyε a εtumi bεpue wↄ abasεm a worekenkan no mu. [6][7]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. https://www.dictionary.com/browse/plot
  2. https://web.archive.org/web/20141220115428/http://www.csulb.edu/~yamadaty/EleFic.html
  3. Ansen Dibell, Ph.D. (1999-07-15). Plot. Elements of Fiction Writing. Writer's Digest Books.
  4. Victor Shklovsky, "Art as Technique," in Russian Formalist Criticism: Four Essays, 2nd ed., trans. Lee T. Lemon and Marion J. Reis (Lincoln, NE: University of Nebraska Press, 2012), 3-24.
  5. https://www.scribd.com/document/823407484/Year-2-Sem-2-J-H-S-Written-Lit-of-a-Gh-Lang-J
  6. Ansen Dibell, Ph.D. (1999-07-15). Plot. Elements of Fiction Writing. Writer's Digest Books.
  7. https://www.scribd.com/document/823407484/Year-2-Sem-2-J-H-S-Written-Lit-of-a-Gh-Lang-J