Jump to content

Tiri-Adeɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Amanneɛ ahodoɔ a wɔyɛ wɔ awaregyeɛ mu no mu baako ne sɛ wɔbɛma ɔbarima no atua biribi a yɛfrɛ no tiri-adeɛ[1][2].

Sika a ɛmu yɛ duru kakra wɔ Akanfoɔ awaregyeɛ mu no  ne tiri adeɛ no. Ɛyɛ sika bi a, ɔbaa no abusuafoɔ gye firi ɔbarima a ɔrebɛware wɔn dehyeɛ no nkyɛn de tua ɛka bi a ɛda abusua no mu sɛ ɛbɛyɛ na ɔbaa no kɔ awareɛ a, n’asom bɛdwo no ama no atumi atena ne kunu no ho a n’ani nyɛ no n’akyi n’akyi[3][4].

Deɛ Wɔtaa de Yɛ

[sesa]

Ɛto da bi nso a, wɔde saa sika yi kɔtɔ agyapadeɛ bi de tae ɔbaa no akyi te sɛ asaase anaa ɛdan bi de ma ɔbaa no ne ne mma na sɛ wɔsan ba wɔn nkyi a. Wɔabɛnya baabi atena na wɔammɛyɛ adesoa biara anto n’abusuafoɔ no so. Sɛ awareɛ no gu a, ɔbarima no wɔ ho kwan sɛ ɔgye saa sika no firi ɔbaa no abusuafoɔ no hɔ ne titire no, sɛ mfomsoɔ no firi ɔbaa no a[5].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Secure Request and Redirect, retrieved 2025-08-21
  2. J. W. A. Amoo (1946-10), "The Effect of Western Influence on Akan Marriage", Africa (in English), vol. 16, no. 4, pp. 228–237, doi:10.2307/1156609, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-21 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  3. Astrid Bochow (2012), Mirjam de Bruijn, Rijk van Dijk (ed.), "Marriages and Mobility in Akan Societies: Disconnections and Connections over Time and Space", The Social Life of Connectivity in Africa (in English), New York: Palgrave Macmillan US, pp. 123–139, doi:10.1057/9781137278029_7, ISBN 978-1-137-27802-9, retrieved 2025-08-21
  4. Secure Request and Redirect, retrieved 2025-08-21
  5. Astrid Bochow (2012), Mirjam de Bruijn, Rijk van Dijk (ed.), "Marriages and Mobility in Akan Societies: Disconnections and Connections over Time and Space", The Social Life of Connectivity in Africa (in English), New York: Palgrave Macmillan US, pp. 123–139, doi:10.1057/9781137278029_7, ISBN 978-1-137-27802-9, retrieved 2025-08-21