Jump to content

Tetteh Quarshie

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm yi wɔ Asante Twi kasa mu.

Tetteh Quarshie
Awo berebɛyɛ 1842
Owu bereƆpenimaa 25, 1892
CitizenshipGhananii
N'adwumaKuayɔfoɔ
Yɛnim no sɛOnipa a ɔdii kan de kookoo baa Sika Mpoano man no mu
Parent(s)Mlekubo (n'agya) ne Ashong-Fio (ne na)

Tetteh Quarshie (bɛyɛ 1842 – 25 Ɔpɛnimaa 1892) yɛ kuayɛfoɔ wɔ Abrɔfo Amammuo mmerɛ no mu wɔ Sika Mpoano, na ɔno ne onipa a ɔhwɛɛ maa kookoo nnɔbaeɛ baa Sika Mpoano , a ɛnnɛ ɛyɛ Ghana sikasɛm mu nnɔbaeɛ titire a wɔde kɔ amannɔne no mu baako. Quarshie tuu kwan kɔɔ supɔ Fernao do Pó (mprempren BiokoEquitorial Guinea) so wɔ afe 1870 mu, na ɔsan kɔɔ Ghana wɔ afe 1876 mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde nnɔbaeɛ no bɛba. Owuiiɛ wɔ Bronya Da wɔ afe 1892 mu.

N'asetena mu Nsɛm

[sesa]
Tetteh Quarshie Kookoo Afuo - Kookoo a ɔdii kan duaɛ mu baako

Wɔwoo Tetteh Quarshie bɛyɛ afe 1842 mu maa okuafoɔ Mlekubo a ɔfiri Teshie. Ne maame din ne Ashong-Fio a ofiri Labadi, na awofoɔ mmienu yi nyinaa firi Ga-Dangme abusuakuo mu. Wɔ ne mmabunberɛ mu no, Tetteh Quarshie bɛyɛɛ adwumasuani wɔ Basel Asɛmpatrɛ adwumayɛbea bi a ɛwɔ Akropong . Esiane n’adwumaden nti, ankyɛ na ɔbɛyɛɛ dadeɛtomfoɔ a ne nsa akokwa n'adwuma, na ɔno ne dadetomfoɔ a odi kan wɔ Akuapem-Mampong.[1] Ná n’anigyedeɛ ne kuayɛ.

Wɔ 1870 mu no, Tetteh Quarshie tuu kwan kɔɔ Fernando Po a na Spain di soɔ (mprempren Bioko a ɛwɔ Equatorial Guinea) no mu. Bɛyɛ mfeɛ nsia akyiri no, ɔsane de kookoo aba bebree baa Ghana.

Wɔ Ingresi Amrado, Ɔwura Gordon Guggisberg, amammuo mmerɛ a ɔdiiɛ 1919 de kɔsi 1927 mu no, wɔgyee akyinyeɛ wɔ Tetteh Quarshie ho, sɛ ɛyɛ nokwasɛm sɛ ɔno ne onipa a ɔdii kan de kookoo baa Ghana anaa. Owura William Brandford Griffith(1858–1939), atemmuafoɔ panin wɔ nkoasom mmerɛ mu no, ka sɛ ɛyɛ n’agya, Owura William Brandford Griffith (Sika Mpoano Amrado wɔ 1880 de kɔsi 1885 mu), na ɔde kookoo baa Ghana, na ɔfata sɛ wɔde animuonyam ma no. Basel Asɛmpatrɛfoɔ no nso kaa sɛ wɔsɔɔ kokoo aba hwɛe wɔ Ghana sɛnea wɔatwerɛ wɔ wɔn nkaeɛ nwoma mu no.[2] Ɔbenfoɔ Akosua Larbi, abakɔsɛm twerɛfoɔ bi, kaa sɛ “Abakɔsɛm mu no, Ɔsɔfo Haas na ɔde kookoo firi Brazil baa Ghana kane. Na Ɔsofo Haas, ɔsɔfo Mole, ne asɛmpatrɛfoɔ no duaa kookoo no.[2] Guggisberg sii gyinaeɛ sɛ ɔbɛhwehwɛ nsɛm ahodoɔ a wɔkaeɛ no mu yie. Sɛnea D. H. Simpson kaeɛ no:[3] "Owura Gordon Guggisberg a ɔhwehwɛɛ asɛm no mu no huu sɛ, (1) aban no gyinaeɛ sɛ ɔbɛhwehwɛ nsɛm yi mu mperɛ pii no kyerɛ sɛ, kookoo nyaa kwan baa Sika Mpoano wɔ brɛ a, anfa aban nsam, (2) na entumi nsi sɛ Sika Mpoano aban no antumi antwerɛ adansesɛm amma onipa titire te sɛ Amrado Griffith a ɔkɔ ne kra akyi, sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ ɔno na ɔdii kan de kookoo baa ɔman no mu, (3) sɛ ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛyɛ yie sɛ aban mu mpaninfoɔ atitire bi te sɛ Owura Gerald C. Dudgeon, Kuadwuma Sohwɛfoɔ, ne Owura WSD Tudhope, Kuadwuma Sohwɛfoɔ abediakyirɛ a ɔko ne kra akyi no bɛbɔ amanneɛ sɛ Tetteh Quarshie na odii kan de kokoo baa Sika Mpoano, wɔ brɛ a, wɔnhwehwɛ nsɛm no mu yie ansa na wɔde ato dwa —nokwasɛm a Sika Mpoano Nwomasua Fekuo no gye to mu sɛ wɔde Tetteh Quarshie din na abata kookoo ho, sɛ "ɛsɛ sɛ teshiefoɔ nya anigyeɛ firi kookoo no mu.

Wɔ 1879 mu no, Tetteh Quarshie duaa aba no wɔ Mampong, na efifieɛ, na ɛsoo aba kakra. Nnamfoɔ ne abusuafoɔ nso de wɔn ho hyɛɛ kookoo dua mu, berɛ a wɔkyekyɛɛ kookoo aba maa wɔn no. Ankyɛ, akuafoɔ afoforɔ nso dii akyire. Saa bere yi nkutoo na Basel Asɛmpatrɛfoɔ no baa asɛm no mu, ɛnam kookoo nnɔbaeɛ pii a wɔkra baa ɔman no mu no. Wɔde kookoo aba anaa kookoo a wɔatwitwa firi Sika Mpoano (Ghana) kɔmaa aman afoforɔ te sɛ Nigeria ne Sierra Leone . Wofirii aseɛ de kookoo firi Ghana kɔɔ amannɔne wɔ afe 1891 mu, na aban no de bi kɔɔ amannɔne wɔ afe 1893 mu (wɔde kotokuo mmienu na ɛkɔɔ amannɔne). Ɛrekame ayɛ sɛ, berɛ bi, na kookoo dodoɔ a ɛwɔ wiase mu fa firi Ghana na ɛkorɔ. Wɔ afe 1910 ne 1980 ntam no, na Ghana yɛ ɔman a ɛde kookoo nneɛma kɔ amannɔne kɛse sene ɔman biara wɔ wiase. Nanso, ɔman no antumi ankuta dibea yi mu, esiane kwaeɛ mu gyahyehyeɛ nti. Nanso, Ghana kookoo da so ara yɛ nea ɛdi mu sene ɔman biara mu deɛ, na ɔman no nya dɔla ɔpepehaha pii afe biara firi amannɔne adwadie a odi wɔ kookoo aba ne nea wɔde aba no yɛ mu.

Tetteh Quarshie wuiɛ wɔ Buronya Da wɔ 1892 mu. Wɔ Ɔbenim 25, 1925 mu no, wɔde adesrɛ kɔtoo Sika Mpoano aban no anim sɛ wɔmma wɔn sika mfa nhwɛ Tetteh Quarshie abusuafoɔ binom. Saa bere no, na Ghanani a ɔyɛ Achimota College sukuuwura abɛdiakyire, Ɔbenfo J.E.K Aggrey, de mmɔdenbɔ faa asɛm no too ne ho so sɛ, ɔbɛhwɛ aboa. N’adamfo, Owura Gordon Guggisberg, hyehyɛɛ Tetteh Quarshie Nkaeɛdum Abasobɔdeɛ no wɔ Achimota Kɔlege. Berɛ a wɔde adesrɛ foforɔ kɔeɛ wɔ 1927 mu akyi no, aban no de sika 250 pounds maeɛ, ɛwom sɛ Owura Nana Ofori Atta I, a na Kojo Thompson ka ne ho, de kɔtoo Mmarahyɛ Badwa no anim sɛ wɔmma no nkariboɔ 2,500. Sɛnea Ghana mmaranimfoɔ nimdefoc a ɔkɔ ne kra akyi Ɔbenfo Isaac Ephson kyerɛeɛ no:[4] "Wei yɛ nkaeɛdum a ɛtena hɔ daa, a wɔde sii hɔ wɔ Achimota de hyɛɛ onipa a ɔde Ghana nnɔbaeɛ titire baeɛ no animuonyam, onipa a wɔaboa ama ɔman no sikasɛm agyina brane. Nkaedum no ne Tetteh Quarshie Fie. Ghana nyaa ahofadie wɔ 1957 akyi no, Ɔbenfo Kwame Nkrumah aban no sii ayaresabea a edi mu a wɔfrɛ no "TETTEH QUARSHIE MEMORIAL HOSPITAL" de hyɛɛ Tetteh Quarshie animuonyam. Nkrumah sii saa nkaeɛdum yi ɛnam Dr J. B. Danquah ne Apuei Mantam Ahemfo Atenaeɛ adesrɛdeɛ a, wɔde bɛtoo n'anim no.

Hwɛ wei nso

[sesa]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Magnus Sampson, Makers of Modern Ghana: From Philip Quarcoo to Aggrey. Volume One, Accra: Anowuo Educational Publications, 1969, pp. 69-70.
  2. 1 2 Taylor, Mildred Europa (2018-08-22). "Tetteh Quarshie: The man credited with bringing cocoa to Ghana from Fernando Po in 1876"
  3. D. H. Simpson, Gold Coast Men of Affairs, p. 208.
  4. Isaac Ephson, Gallery of Gold Coast Celebrities, p. 64.