Tepa Banie
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Tepa Banie yɛ bosomkɛseɛ ma Asanteman.[1]Saa bosomkɛseɛ yi wɔ Tepa man mu; Tepa yɛ kuro wɔ Asanteman mu, Ghana, na ɛno ne kuro a ɛda Ahafo Ano Atifi fam no ano. Tepa yɛ kuro a wɔn dwuma titire ne kuayɔ ne dwadie.Na ɛyɛ kuro nso a wɔnntoto wɔn amammerɛ ne amanneɛ ase ne titire no Tepa Banie a ɔboa kuro no ne Asanteman wɔ honhom fam.
Abakɔsɛm
[sesa]Tepa Banie abakɔsɛm no wɔ nhini pa ara wɔ Asante amammerɛ mu wɔ Ghana. Tepa Banie yɛ bosomkɛseɛ wɔ Asante ahennie mu,na ɔwɔ tumi a ɔma obonyini tumi wo na afei ɔboaa Asanteman wɔ ako mu maa Asante ne Tepa ahennie no yɛɛ kɛse.
Saa tumi kɛseɛ a Tepa Banie kura no nti ,Tepahene nko ara ne nipa a ɔhyɛ fitaa de kɔ ayie ase ne adwabɔ ahodoɔ nyinaa ase nanso Asante nhenfo nkaeɛ no deɛ wɔnni saa akwanya no, wɔhyɛ tuntum.[2]Saa amanneɛ yi kyerɛ tumi kɛseɛ a ɛkura Banie bosom no wɔ Asante ahennie mu. Tepa banie abɛyɛ adeɛ a ɛne Asante ahennie no anya ayɔnkofa kɛseɛ.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ NYANSAPO TV (2023-02-08), THE POWERS OF TEPA BANIE ANCESTRAL BIRTHMARK ( NANA ATWENEWA AMPEM I, TEPA MANHENE ), retrieved 2025-07-17
- ↑ NYANSAPO TV (2024-02-11), SUPERB ARRIVAL OF TEPA MANHENE NANA ADUSEI ATWENEWA AMPEM I AND ASANTE BOSOMKESE BANIE AT MANHYIA, retrieved 2025-07-17