Jump to content

Tano Bosom

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Tano bosom yɛ bosomkɛseɛ baako wɔ ɔman Ghana mu. Saa bosom yi asɔnneɛ so wɔ Tanoboase ne Takyiman wɔ Bono mantam mu. Tano bosom yɛ Asantefoɔ bosom a wɔkyerɛ mu sɛ ɛno ne Agya ma Akanfoɔ bosom ahodoɔ no nyinaa.[1] Ɛno nti ɛwɔ din sɛ "Taa Kora". Tano bosom no wɔ nkorabata beberee wɔ Akanman mu a wɔn nyinaa de nidie ma wɔn sɛ Tano bosomkɛseɛ no ara.[2][3]

Ne Din Ahodoɔ

[sesa]

Tano bosom no wɔ din ahodoɔ beberee a wɔde frɛ no. Ɛbi ne;

  • Taa Akora
  • Tano Akora
  • Tano Kwesi
  • Tano Ɔkuradeɛ
  • Fantefoɔ nso frɛ no Tando( asekyerɛ ne sɛ "agradaa nyame".

Farebaeɛ ne abakɔsɛm

[sesa]

Abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɔpanin bi a wɔfrɛ no Opanin Takyi Firi ne ne nuabaa Afia Ankomah na wɔte kwaebiretuo bi mu wɔ Bono ne Ahafo mantam mu. Na wei na da koro bi Afia Ankomah kɔɔ nsuo bi mu sɛ ɔrekɔyi nam. Enti ɔguu asaw a ɔyii nam no guu ne kɛntɛn mu no, ɔhunuu sɛ nam no a ɔyiiɛ no yɛ adeɛ foforɔ wɔ kɛntɛn no mu. Ɛno nti ɔsan yi firii kɛntɛn no mu guu fam. Na amonom hɔ ara ɛhɔ nyinaa yɛɛ sum. Enti ɔsan de too kɛntɛn no mu baa fie. Na berɛ a ɔduruu fie no, adeɛ a ɛwɔ kɛntɛn no mu no bɔ wuraa Afia Ankomah mu na ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Opanin Takyi Firi ne nuanom nyinaa sɛ ɔno ne Asuo Tano no, na waba sɛ ɔne wɔn rebɛtena. Ɛno nti ɔkyerɛɛ wɔn baabi a ɔbɛtena maa Opanin Takyi Firi ne n’abusua nyinaa tu kɔɔ hɔ a mmoa a yɛfrɛ wɔn sɛ baabun (baboon) atwa wɔn ho ahyia anaa sɛ ɛbɔ wɔn ho ban.

Ne su

[sesa]
  • Ɔyɛ bosomkɛseɛ a ɔdi ako anim. Na ɔwɔ agyan ne tuo a wɔfrɛ no (kɔdiewuo).
  • Ɔte ayerɛmo ne agradaa.
  • Ɛda a ɔpie ne Kwasiada. Na ne somafoɔ ne adɛnkyɛm.
  • N’ahyɛnsodeɛ ne aboɔ a ɛgugu Asuo Tano ano no.
  • Ɔyɛ Asantefoɔ ako mu nyame ( Asante god of war)[4][5][6]

N’akyiwadeɛ

[sesa]
  • Adeɛ a ɔkyiri ne ɔbaa a wakyima.
  • Ɛyɛ n’akyiwadeɛ sɛ wobɛkum baabun.
  • Ɔnpue Wukuada.
  • Wɔn a wɔsom no no nnwe apɔnkye anaa sɛ baabun ne nsuomnam.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Nitten Nair (2024-10-24), Tano : The River God (in American English), retrieved 2025-07-07
  2. Tano (in English), retrieved 2025-07-07
  3. https://study.com/learn/lesson/taino-religion-gods-mythology-spirituality.html?utm_source=perplexity, retrieved 2025-07-07 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  4. Tano - Ashanti (Ghana) god Of War And Strife | African (gods) Mythology And Folklore Ep.9 Mythology - Folklore A-Z English (United Kingdom) English (United Kingdom), retrieved 2025-07-07
  5. Maame Grace (2023-09-09), YAA ASANTEWAA USED TANO TO WIN BATTLES: MAAME GRACE AT TANO YAW SHRINE IN EJISU BESEASE, retrieved 2025-07-07
  6. Think Twice 1957 TV 🇬🇭( History in Akan - Twi ) (2022-12-21), The Bono Kingdom River Tano - the God Of War (Part 3 ), retrieved 2025-07-07