Jump to content

Tanɔso

Ɛfi Wikipedia

Tanɔso yɛ kuro bi a ɛwɔ Kumase a nsuo din na da so. Sɛ wohunu Asuyeboa a na wahunu Tanɔso. Tete abakɔsɛm kyerɛ mu sɛ Bosom Tano firi bono man mu de nsuo firi hɔ bɛsue no wɔ Kumase baabi.[1] Bosom yi ne ne yere na bɛtenaa saa beaeɛ hɔ. Wɔhunu sɛ ɛhɔ dwo a sɛ wɔtena hɔ a ɛbɛboa wɔn nti wɔbɔɔ kuro wɔ hɔ.

Nkakrankakra saa na afoforɔ nso tu bɛtenaa wɔn nkyɛn wɔ asuo no ho.[2] Ɛyɛɛ kakra no na afei deɛ nnipa adɔɔso wɔ hɔ ama na bɛyɛɛ kuro kɛseɛ. Ne saa nti wɔtoo faako a Bosom Tano de nsuo no bɛsue no Tanoso ɛfiri sɛ ɔne ne yere na ɛdii kan bɛsue hɔ bɔɔ kuro no.[3]

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Kevin Shillington (1995), History of Africa, Internet Archive, St. Martin's Press, ISBN 978-0-312-12598-1, retrieved 2025-09-01
  2. GhanaRegions.com (2022-01-19), Ashanti Region (in American English), retrieved 2025-09-01
  3. Tanoso (in English), retrieved 2025-09-01