National Democratic Congress (NDC)

Ɛfi Wikipedia
National Democratic Congress
AbbreviationNDC
ƆkandifoɔSamuel Ofosu-Ampofo
OguamtenaniSamuel Ofosu-Ampofo
ƆkyerɛwfoAsiedu Nketia
FarebaeJerry Rawlings
Bre a wɔde sii hɔNhwɛsoɔ:Start date and age
AsoɛeAdama Ave, Adabraka, Accra
Student wingTEIN
IdeologySocial democracy
Political positionCentre-left
International affiliationProgressive Alliance
Socialist International
Kɔa       
Green, White, Red, Black
FeneUnity, Stability and Development
Anthem
"Arise, Arise for Ghana"[1]
Parliament
137 / 275
Pan-African Parliament
3 / 5
Abatoɔ ahyɛnsodeɛ
The Umbrella with the Head of a Dove at the Tip
Party flag
Website
www.ndcgh.org

National Democratic Congress (NDC)(About this soundsɛnea yɛbɔ "National Democratic Congress" ) yɛ onuadɔ amanyɔkuo wɔ Ghana ha. Jerry John Rawlings a na ɔdi Ghana anim wɔ afe apem ahenkron aduowɔtwe baako kɔsi afe apem ahenkron aduokron mmiɛnsa no na ɔtee saa amanyɔkuo yi. Ɔsane bɛyɛɛ Ɔmanpanin firi afe apem ahenkron aduokron mmiɛnsa de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne baako mu. Ɛfiri bere a wɔtee Provisional National Defence Council (PNDC) a ɔde asrafoɔ bɛtuu aban a na ɔte adwa so saa bere no guiɛ wɔ Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so aduasa baako bɛdii adeɛ no amanaman ɛwɔ wiase de wɔn ano guu Rawlings so sɛ ɔmfa ɔman no nsane nkɔ kabi ma menkabi amammuo mu. Kyiniiɛ amanyɔkuo NDC hyɛɛ aseɛ te sɛ amanyɔkuo a ɔte adwa so ansa na afe apem ahenkron aduokron mmienu abatoɔ no reduru so. Ɛno mu na wɔtoo aba yii Jerry John Rawlings sɛ Ɔmanpanin ɛna wɔtoo aba yii no ne mprenu so wɔ afe apem ahenkron aduokron nsia Ghanafoɔ ɔgyina mu ma National Democratic Congress amanyɔkuo no. Rawlings amammuo a ɛtɔ so mmienu no baa nawieɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako mu. National Democratic Congress hweree Ɔmanpanin adwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu abatoɔ no mu. Amanyɔkuo no sane nyaa Ɔmanpanin akondwa no bio wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe abatoɔ no mu bere a Okunini John Atta Mills na na ɔyɛ amanyɔkuo yi frankaatuni. National Democratic Congress na ɔde afe apem ahenkron aduokron mmienu Ghana amammra sii hɔ.

Amanyɔkuo yi ahyɛnsodeɛ ne Kyiniiɛ anomaa abuburo si so. Amanyɔkuo yi ahosuo ne kɔkɔɔ, fufuo, ahabanbunu ne Tuntum. Wɔn 'motto' ne Nkabom, Baakoyɛ ne mpuntuo. Ɛwɔ amanaman mu no National Democratic Congress ka 'Progressive Alliance[2] ne Socialist International'[3]kuo no ho.

Ɛwɔ Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so nkron wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- mmienu mu no, Abantoɔ Kɔmisan a ɛwɔ Ghana de too dwa sɛ Owura John Dramani Mahama a na ɔyɛ frankaatuni ma amanyɔkuo National Democratic Congress no adi nkunim bere a ɔnyaa mma no ɔha mu nkyekyɛmu aduonum ne akyire po nson wɔ mma a wɔtoeɛ no nyinaa mu[4].


Abakwasɛm[sesa]

Jerry Rawlings na ɔyɛ kɔfarebae ma amanyɔkuo National Democratic Congress. Ɔno na ɔdii asrafoɔ anim wɔ afe apem ahenkron aduowɔtwe - baako mu. Ɛwɔ afe apem ahenkron aduokron mmienu mu no, National Democratic Congress amanyɔkuo no dii anim de amanyɔkuo dodoɔ akansie a nhwɛsoɔ ne Ɔmanpanin nniaanim kabi ma menkabi amammuo baeɛ. Amanyɔkuo NDC dii nkunim wɔ afe apem ahenkron aduokron mmienu ne afe apem ahenkron aduokron nsia abatoɔ no mu.

2000 Abatoɔ[sesa]

Mfeɛ mpem mmienu abatoɔ no ne abatoɔ a ɛdi kan bere afe apem ahenkron aduokron mmienu amammra no bɛyɛɛ adwuma a na Ɔmanpanin a ɔte akondwa so din nka abatoɔ krataa no ho. Jerry Rawlings mfeɛ nwɔtwe amammuo no nyinaa aba nawieɛ sɛdeɛ Ghana Amammra no rekyerɛ no. John Atta Mills bɛyɛɛ frankaatuni de maa amanyɔkuo National Democratic Congress bere amanyɔkuo no mpanimfoɔ hyiaa wɔ Ho a ɛwɔ Frao mantam Volta Region a ɛwɔ Ghana too aba no. Na nnipa dodoɔ no ara se Ɔno ne Ɔmanpanin wɔ mfeɛ mpem mmienu abatoɔ no mu. Ɔmanpanin abadiekyire yi a wabɛyɛ frankaatuni yi dii nkoguo wɔ Ɔmanpanin abatoɔ no mu maa New Patriotic Party frankaatuni John Kufour dii nkonim bere a Ghanafoɔ too aba no ne mprenu

2004 Abatoɔ[sesa]

Ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan abatoɔ no mu, amanyɔkuo yi tirimupo a ma worekayerɛ Ghanafoɔ sɛ Ɛno nti wɔnto aba no wɔn ne "A Better Ghana". John Atta Mills sane gyinaa Amanyɔkuo yi anan mu bio wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan abatoɔ no mu a na ne abadiekyire ne Alhaji Muhammad Mumuni. Ɔnyaa mma no ɔha mu abupɛn aduanan nnan akyire po nsia nanso ɔdii nkoguo maa New Patriotic Party Amanyɔkuo no dii nkonim wɔ Ghanafoɔ abatoɔ a wɔtoo no Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔso nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan mu. National Democratic Congress amanyɔkuo yi nyaa mmrahyɛbadwa nkonwa aduokron nnan.

2008 Abatoɔ[sesa]

Ɛwɔ Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so aduonu- baako mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia mu, wɔtoo aba nwanwasoɔ bi yii Okunini Mills sɛ frankaatuni de ma amanyɔkuo National Democratic Congress sɛ ɔngyina amanyɔkuo no anan mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe abatoɔ no mu bere Ɔnyaa mma no ɔha mu abupɛn aduowɔtwe baako akyire po nnan (81.4%, or 1,362 votes). Ekwow Spio-Garbrah tɔɔ so mmienu a ɔnyaa mma no ɔha mu abupɛn nwɔtwe akyire po nsonwas (8.7% (146 votes), Alhaji Mahama Iddrisu tɔɔ so mmiɛnsa a ɔnyaa mma no ɔha mu abupɛn nwɔtwe akyire po mmienu ( 8.2% (137 votes), ɛna Eddie Annan tɔɔ so nnan a Ɔnyaa mma no ɔha mu abupɛn baako akyire po nson(1.7% (28 votes). Ɛwɔ Oforisuo bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe mu, wɔyii John Mahama sɛ frankaatuni abadiekyire. Ɛwɔ Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron, , Mills nyaa adansedie krataa sɛ ɔno ne nkonimdifoɔ wɔ Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so aduonu -nwɔtwe abatoɔ wɔtoo no bio no mu na ɔbɛyɛɛ Ghana manpain.

  1. "Dr. Spio replaces Jewel Ackah in NDC song composition". ghanaweb.com. 20 October 2018. Retrieved 5 December 2018.
  2. https://web.archive.org/web/20150302142054/http://progressive-alliance.info/participants/
  3. http://www.socialistinternational.org/viewArticle.cfm?ArticlePageID=931
  4. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2012/