Kwasiada

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kwasiada(About this soundpronounciation of "Kwasiada" ) yɛ ɛda a ɛdi kan wɔ nnawɔtwe no mu. Ɛyɛ edin a Akanfoɔ de to obi a yɛwo no kwasiada. Sɛ yɛwo obi kwasiada na sɛ ɔyɛ barima a yɛfrɛ no Kwasi na sɛ ɔyɛ ɔbaa nso a yɛfrɛ no Akosua.[1] Kwasiada yɛ nnawɔtwe no mu da a ɛhyɛ Memenenda ne ɛdwoada ntam.[2] Kwasiada yɛ ahomegyeda wɔ aman beberee so, na ɛsiane nso ka nnawɔtwe no awieɛ ho.

Abakɔsɛm[sesa]

Kwasiada wɔ yi fri nsɛmfua mmienu mu Kwasi ne da, Kwasi kyerɛsɛ Awia ase.[3] Akanfoɔ gyedi sɛ Onyankopɔn de nna nsia na ɛbɔɔ ewiase na ɛda a ɛtɔ so nson no ɔhomeeɛ nti wɔn de nna no totoo sɛdeɛ Onyankopɔn bɔɔ ewiase no. Wɔ Akan mu no kwa yɛ ɔbɔadeɛ, si kyerɛ sɛ onyankopɔn saneeɛ ɛna da nso kyerɛ ɛda nti kwasiada kyerɛɛ sɛ, ɛyɛ ɛda a ɔbɔadeɛ saneeɛ bɛbɔɔ ewiase. Nti obiara yɛwoo no saa da no ma yɛ kae ɛda a ɛdi kan a onyankopɔn nam ne honhom kronkron so maa ɛhan baaeɛ. Akristofoɔ beberee no ara no, Kwasiada yɛ da a wɔde som wɔn Nyame na wɔsane gye wɔn ahome, wɔfa da no sɛ ɛyɛ Awurade da na ɛsane nso yɛ Yɛsu wusɔreɛ da.[4]

Sɛdeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara frɛ ɛda kwasiada ne ne kradin[sesa]

Akan kasa Ɛda Mmaa din Mmɛrima din
Asante Kwasiada Akosua/Akos Kwasi
Akuapem Kwasiada Akosua Kwesi
Fante Kwasida Esi Kwesi

Hwehwɛ pii ka ho[sesa]

Akan Calendar

Akosua[5]

Kwasi[5]

Ɛdwoada

Ɛbenada

Memeneda

Babia a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. https://thenamesdictionary.com/name-meanings/5128/name-meaning-of-kwasi
  2. Archive copy, archived from the original on 2021-04-23, retrieved 2021-05-02{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. http://cec.vcn.bc.ca/rdi/kw-40.htm
  4. https://www.oldpaths.com/Archive/Davison/Roy/Allen/1940/firstday.html
  5. 5.0 5.1 https://yen.com.gh/115080-akan-names-meanings.html