Jump to content

Sini

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Sini yɛ amammerɛ mu nnoɔma bi a wɔnam amammerɛ ahodoc bi so ahyehyɛ a, ɛda saa amammerɛ ahodoɔ no adi, ɛda nnipa asetena mu nhunumu adi, na ɛsane kyerɛ sɛdeɛ wɔbɔ wɔn bra. Akyinyegyeɛ biara nni ho sɛ, sini yɛ adwini ahodoɔ a ɛho hia na ɛma anigyeɛ, na ɛsane kura tumi a wɔnam so da nkyerɛkyerɛ anaasɛ wɔde kyerɛkyerɛ ɔman mma nnoɔma bi a, ɛda adi wɔ mfonin a wɔakeka abom  mu[1]

Sini Abɔseɛ

[sesa]

Sini anaa sinitwa amfiti prɛko pɛ wɔ ɔman Ghana. Akanfoɔ wɔ wɔn amammerɛ ne amanneɛ[2]. Wɔ saa amammerɛ ne amanneɛ yi mu na Akanfoɔ wɔ wɔn ahwɛgorɔ a ebi ne Anansesɛm, Anyan, Nsaguo, Abadintoɔ, Ayiyɔ, Bragorɔ, Awaregyeɛ, Afahyɛ ne deɛ ɛkeka ho. Wɔakyekyɛ saa ahwɛgorɔ yi mu mmiɛnsa. Ɛno ne; Amammerɛ ne amanneɛ ho (Ceremonial Drama). Akanfoɔ yɛ saa ahwɛgorɔ yi berɛ a wɔreda wɔn amammerɛ bi adi[3]. Deɛ ɛtɔ so mmienu ne ahwɛgorɔ a yɛde yɛn ano ka (Narrative Drama). Wɔ saa ahwɛgorɔ yi mu no, ano na wɔde di dwumadie no nyinaa. Deɛ  ɛtɔ so mmiɛnsa ne asa ahwɛgorɔ (Dance Drama).  Wɔ asa ahwɛgorɔ yi mu no, ɛnyɛ onipa biara na ɛsɛ sɛ ɔda saa aɔdaawɛgorɔ yi adi, ɛfiri sɛ, sɛ obi yɛ na wannyɛ no yie a ɛde animguaseɛ brɛ no[4].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Contemporary World Theatre Regions, retrieved 2025-08-24
  2. Google Scholar, retrieved 2025-08-24
  3. Google Scholar, retrieved 2025-08-24
  4. Contemporary World Theatre Regions, retrieved 2025-08-24