Jump to content

Sikasanom

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Sikasanom yɛ amanneɛ a wɔyɛ berɛ a wɔakɔsie owufoɔ bi awie. Tete mmerɛ mu no, sɛ wɔkokora amu no ba a, n'ade kyeɛ no, abusuafoɔ tena ase hyɛ da a wɔde bɛyɛ ayie no ankasa. Wɔsan nso de nsa sese ayie .Ɛda a wɔhyɛɛeɛ no so a, na wɔabɛtena ase asnom sikasa. Nansa yi deɛ, wɔkɔkoraa ba ara a, na wɔde amanneɛ ahodoɔ a aka no atoa so[1].

Amanneɛ ahodoɔ a wɔyɛ wɔ sikasanom no ase

[sesa]

Adɔsoa

[sesa]

Sɛ obi ase wu a, ɔtumi kyekyere adɔsoa. Yei yɛ adeɛ bi a mmaa na wɔtaa yɛ. Ene sɛ, sɛ ne kunu a ɔware no papa anaa ne maame wu a, ayie da no, akyekyere adɔsoa de soa kɔ badwam hɔ de kyerɛ ɔdɔ a ɛda owufoɔ no ne ne kunu no ntam. Yei nso yɛ adeɛ bi a ɔbaa bi yɛ de hyɛ ne kunu animuonyam[2].

Nsaabɔdeɛ

[sesa]

Kane no, na wɔde nsa na ɛbɔ nsawa. Nsawa kyerɛ sɛ nsa kakra bi a na nkorɔfoɔ de brɛ wɔn a wɔreyɛ ayie no de som wɔn ahɔhoɔ. Berɛ rekɔ n'anim no, na wɔde sika sii nsa no anan mu. Nti na wɔfrɛ amanneɛ a wɔyɛ saa berɛ yi sikasanom no[3][4].

Kabuo

[sesa]

Ayie da a ɛtɔ so nnansa no (mpɛn pii no ɛtaa yɛ Ɛdwoada). Abusuafoɔ hyia wɔ abusua fie. Afei, wɔn a wɔhwɛɛ sikasɛmso no bu nkontaa kyerɛ abusuafoɔ. Ɛka ba akyire a, na wɔakyɛ atua[5].

Baabi a mmoa firi

[sesa]
  1. Kwame Arhin (1994-07), "The economic implications of transformations in Akan funeral rites", Africa (in English), vol. 64, no. 3, pp. 307–322, doi:10.2307/1160783, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-28 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. Osei-Mensah Aborampah (1999), "Women's Roles in the Mourning Rituals of the Akan of Ghana", Ethnology, vol. 38, no. 3, pp. 257–271, doi:10.2307/3773817, ISSN 0014-1828, retrieved 2025-08-28
  3. Osei-Mensah Aborampah (1999), "Women's Roles in the Mourning Rituals of the Akan of Ghana", Ethnology, vol. 38, no. 3, pp. 257–271, doi:10.2307/3773817, ISSN 0014-1828, retrieved 2025-08-28
  4. Osei-Mensah Aborampah (1999), "Women's Roles in the Mourning Rituals of the Akan of Ghana", Ethnology, vol. 38, no. 3, pp. 257–271, doi:10.2307/3773817, ISSN 0014-1828, retrieved 2025-08-28
  5. Kwame Arhin (1994-07), "The economic implications of transformations in Akan funeral rites", Africa (in English), vol. 64, no. 3, pp. 307–322, doi:10.2307/1160783, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-28 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)