Jump to content

Sibeaberε

Ɛfi Wikipedia

Sibeaberε yε beaeε ne berε a asεm a ͻtwerεfoↄ no reda no adi no siiε. Yεtumi de agorↄmma no afadeε, wↄn nneyεε a wͻda no adi wͻ akenkansεm no mu no ahunu beaeε ne berε a ↄtwerɛfoↄ no adwini no siiε. Beaeε no bεtumi ayε akuraase, kuro kεseε mu, afuom anaa wiram, abↄntene, abosomfie ne adeɛ. [1]

Berε no nso bεtumi ayε anↄpa, awia, anwummerε, anadwo, ↄpε berε, ↄko berε, sogya aban berε so anaa ka-bi-ma-menka bi berε, afahyε berε ne ade. Saa ara na berε no nso bεtumi ayε tete berε, nnε mmerε, anaasε berε bi a εbεba (daakye).[1]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. 1 2 Agyekum, K. (2013). Introduction to Literature. Accra: Adwinsa Publishers.