Jump to content

Shakira

Ɛfi Wikipedia
Shakira (2023)

Shakira Isabel Mebarak Ripoll (Wɔwoo no Ɔgyefuo da a ɛtɔ so mmienu, afe 1977) yɛ Colombia ɔnwomtofoɔ, nwom hyehyɛfoɔ, ɔsawfoɔ, ɔyɛkyerɛfoɔ, ne ɔboafoɔ. Ɔgye din pa ara wɔ nnɛyi Latin ne pop nwom mu, ɛnti amansan frɛ no "Latin Nnwom Ɔhemaa."

N'abrabɔ mu Nsɛm

[sesa]

Shakira gye din kɛseɛ pa ara ɛnam ne nwom nhoma 'Pies Descalzos' (1995) so a ɛmu nnwom te sɛ "Estoy Aquí" ne "Pies Descalzos, Sueños Blancos" kɔɔ soro pa ara wɔ Latin America nwom kyerɛwtohɔ mu.[1] Ne nwom nhoma 'Dónde Están los Ladrones?' (1998) nso maa no gye din kɛseɛ wɔ Latin America.[2] Ne Borɔfo nwom nhoma a ɛdi kan 'Laundry Service' (2001) nyaa ne dwom a ɛdi kan "Whenever, Wherever" a ɛkɔɔ soro wɔ wiase mmeammea pii, ne "Underneath Your Clothes" a ɛmaa Shakira bɛyɛɛ South America ɔnwomtofoɔ a ɔdi kan a ɔgye din wɔ wiase afanan nyinaa.[3]

Ne nwom nhoma 'Fijación Oral, Vol. 1' (2005) ne ne Borɔfo nwom nhoma 'Oral Fixation, Vol. 2' (2005) nyaa nnwom akɛseɛ te sɛ "La Tortura" ne "Hips Don't Lie" a ɛbɛyɛɛ South America ɔbaa bi nwom a ɛdi kan a ɛtɔɔ so baako wɔ America Billboard Hot 100 nwom kyerɛwtohɔ mu.[4] Ne nwom nhoma 'She Wolf' (2009) kasa faa fawohodie ho,[5] ɛnna 'Sale el Sol' (2010) nso gyinaa Latin nwom su so a ɛwɔ dwom "Waka Waka (This Time for Africa)" a ɛbɛyɛɛ afe 2010 Wiase Kupɔn akansi (World Cup) dwom titiriw pa ara.[6][7]

Ne nwom nhoma 'Shakira' (2014) ne 'El Dorado' (2017) nyaa nnwom akɛseɛ te sɛ "La La La" ne "Chantaje." Ne nwom nhoma 'Las Mujeres Ya No Lloran' (2024) gyinaa n'abrabɔ mu nsɛm foforɔ te sɛ awaregyaeɛ ne n'adwene mu apɔwmuden ho nsɛm so.[8] Akyiri yi, Shakira tuu kwan kyinii aman pii so yɛɛ kɔnsate akwantuo kɛseɛ bi a wɔfrɛ no 'Las Mujeres Ya No Lloran World Tour' (2025–2026) na ɔnyaa nkamfoɔ kɛseɛ ne sika bɛboro dɔla ɔpepe 350 wɔ mu.[9]

Shakira yɛ ɔnwomtofoɔ a ne nnwom atɔn kɛseɛ pa ara wɔ wiase abakɔsɛm mu, na ne nnwom bɛboro ɔpepe 95 na atɔn wɔ wiase baabiara.[10][11] Ɔanya nnwom pii a ɛkɔɔ soro wɔ United States ne wiase mmeammea pii, na ɔsan anya Grammy abasobɔdeɛ nnan ne Latin Grammy abasobɔdeɛ dunum.[12][13] Forbes nso gyinaa ne sika so bɔɔ ne din sɛ mmaa a wonya sika pii wɔ nwom mu no baako.[14] Ne dwumadie wɔ afe 2020 Super Bowl halftime a ɔne Jennifer Lopez yɛeɛ no yɛ deɛ nnipa pii pa ara ahwɛ wɔ abakɔsɛm mu.[15] Wɔ nwom akyi no, ɔbuee ahyehyɛdeɛ 'Fundación Pies Descalzos' de boaa mmofra nwomasua wɔ Colombia,[16] na ɔyɛɛ Gazelle nne wɔ sini 'Zootopia' (2016) ne 'Zootopia 2' (2025) mu,[17] na ɔsan yɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ dwumadie 'The Voice' mu firi afe 2013 kɔsi 2014.[18] Ɔsan yɛ obi a nnipa pii pa ara di n'akyi wɔ abɛfo ntentan (social media) so na ɔwɔ akyidifoɔ bɛboro ɔpepe 90.[19]

Nnwom Nhoma

[sesa]

Nnwom Nhoma a wɔyɛeɛ wɔ studio

[sesa]
  • Magia (1991)
  • Peligro (1993)
  • Pies Descalzos (1995)
  • Dónde Están los Ladrones? (1998)
  • Laundry Service (2001)
  • Fijación Oral, Vol. 1 (2005)
  • Oral Fixation, Vol. 2 (2005)
  • She Wolf (2009)
  • Sale el Sol (2010)
  • Shakira (2014)
  • El Dorado (2017)
  • Las Mujeres Ya No Lloran (2024)

Kɔnsate Nnwom Nhoma

[sesa]
  • MTV Unplugged (2000)
  • Live & off the Record (2004)
  • Oral Fixation Tour (2007)
  • Live from Paris (2011)
  • Shakira in Concert: El Dorado World Tour (2019)
  • Anniversary: Oral Fixation (20th) and Pies Descalzos (30th) Live (2025)

References

[sesa]
  1. “Pies descalzos” de Shakira cumplió 30 años: el disco que le abrió el camino por el mundo | TN
  2. '¿Dónde están los ladrones?', el éxito de Shakira que tiene una historia real en Bogotá
  3. Shakira Recalls Mammoth Crossover Moment as 'Laundry Service' Turns 20
  4. Shakira Insisted Label Add 'Hips Don't Lie' to Album
  5. 'Hips Don’t Lie' and 'Waka Waka': Top 10 Shakira pop songs that defined her global sound and chart dominance
  6. Shakira con su ‘Waka Waka’ destacó en exitoso concierto inaugural de ‘Sudáfrica 2010′ | Notas | BioBioChile
  7. Jazz news: Shakira Releases "Sale el Sol / The Sun Comes Out"
  8. La reconstrucción personal de Shakira en 'Las Mujeres Ya No Lloran', el álbum que marca su regreso
  9. Shakira Sets Record for Highest-Grossing Latin Tour of All Time
  10. Shakira Is Billboard's First 'Latin Woman of the Year'
  11. Shakira | Artist | GRAMMY.com
  12. Shakira | Artist | LatinGRAMMY.com
  13. Shakira Mebarak
  14. J.Lo & Shakira Land Emmy Nods for Their Super Bowl Halftime Show & Other Nomination Highlights
  15. Shakira's New School Project: Changing Lives in Catatumbo -
  16. Shakira's 'Zoo' Song Gets Music Video Ahead Of 'Zootopia 2'
  17. Shakira to leave The Voice after just one season - Yahoo News UK
  18. Shakira, la reina de las redes sociales: 122 millones en Facebook y 94,1 millions en Instagram - Infobae