Sentase
Sentase yɛ kasa ho adesua ne fa bi a ɛhwɛ ɔkasamu nhyehyeeɛ so. Sentase wɔ Greek kasa mu kyerɛ sɛ yɛrehyehyɛ (arrangements) anaa yɛrekeka biribi abɔ mu (setting out together). Yei nti kasa nteaseɛ nyinaa gyina kwan a yɛkeka nnyegyeeɛ abɔ mu ne kwan a nteaseɛ bɛtumi aba nnyegyeeɛ ahodoɔ a yɛakeka abɔ mu no na sentase na ɛtumi hwɛ ma saa dwuma yi di mu.[1] Adeɛ baako a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nso ne sɛ, ɛwɔ kasa biara mu no, deɛ edi mu yie pa ara yɛ ne sentase.[2]
Afei nso, sentase nyɛ adesuadeɛ a ɛhwɛ nteaseɛ ɛsiane sɛ, yɛtumi nya ɔkasamu bi a ɛntɔ asom nanso ɛdi kasa nhyehyeeɛ so na ɛba sentase nhyehyeeɛ mu a ɛnyɛ mfomsoɔ. Yei ma yɛhunu sɛ, ɛnyɛ sentase botaeɛ pɔtee paa ne sɛ ɛrekeka nsɛm no abɔ mu ama no atɔ aso mu, na mmom ɛhwɛ hunu sɛ saa ɔkasamu no di kasa nhyehyeeɛ so.
Afoforɔ wɔ adwene sɛ sentase yɛ mmara bi a ɛda hɔ a ɛhwɛ kwan a yɛfa so keka nsɛmfua ahodoɔ bɔ mu ma no tumi bɛyɛ kasasin, ne ɔkasamu na mmara bi ɛwɔ hɔ a ɛhwɛ hunu sɛ yɛnhyehyɛ nsɛmfua no basabasa, yɛhunu sɛ kwan a wɔbɛfa so ahwɛ ahunu sɛ mfomsoɔ nni ɔkasamu no mu no yɛ hia wɔn sene ɔkasamu no nteaseɛ no.[3]Saa mmara yi ma kasa baako da nso firi afoforɔ ho ɛsiane kwan a wɔfa so hyehyɛ wɔn nsɛmfua wɔ ɔkasamu bi mu nti.
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Leonid Kulikov (2002-12), "Robert D. Van ValinJr.An Introduction to Syntax. Cambridge: Cambridge University Press. 2001. Pp. vi + 239. US23.00 (softcover).", Canadian Journal of Linguistics/Revue canadienne de linguistique (in English), vol. 47, no. 3–4, pp. 245–250, doi:10.1017/S0008413100022982, ISSN 0008-4131, retrieved 2025-09-01
{{citation}}: Check date values in:|date=(help) - ↑ Noam Chomsky (2014-12-26), Aspects of the Theory of Syntax, 50th Anniversary Edition (in English), MIT Press, ISBN 978-0-262-52740-8, retrieved 2025-09-01
- ↑ Dominique Sportiche, Hilda Koopman, Edward P. Stabler (2013-09-30), An Introduction to Syntactic Analysis and Theory (in English), John Wiley & Sons, ISBN 978-1-118-47047-3, retrieved 2025-09-01
{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)