Sankofa

Sankofa, (yɛka no SAN-KƆ-FA) ɛyɛ asɛmfua bi wɔ Twi kasa mu wɔ Ghana a ɛkyerɛ sɛ “worekɔ w’akyi akɔfa biribi” (deɛ ɛkyerɛ ankasa ne san kɔ na fa"; san – sɛ worekɔ wakyi; kɔ – sɛ worekɔ; fa – worekɔfa) na ɛsane nso kyerɛ Bono Adinkra ahyɛnso no ayɛsɛ akoma anaa anomaa a ne ti hwɛ n’akyi na ne nan hwɛ n’anim a kosua a ɛsom bo hyɛ n’anum. Ɛbɛ a wɔtaa de bata sankofa ho ne “sɛ wowerɛ firi na wosan kɔfa a yɛnkyiri," a ɛkyerɛ aseɛ sɛ ɛnyɛ bɔne sɛ wobɛ sane akɔ w'akyi akɔfa deɛ wowerɛ afi."[1][2]
Sankofa ahyɛnso a ɛyɛ anomaa no taa pue wɔ Akanfoɔ adwinni no mu, wasan nso agye Ato mu sɛ nsɛnkyerɛnne a ɛho hia pa ara wɔ Afrika-Amerikafo ne Afrikafo atubrafoɔ de gyina hɔ m hia a ɛhia sɛ wɔ susu deɛ atwam ho na aboa ama w’akyekyere daakye a ɛdi mu. Ɛyɛ adinkra ahyɛnsodeɛ no mu baako a agye din pa ara, na epue wɔ agude, taatoo ne ntaadeɛ mu.
Akan Nsɛnkyerɛnnedeɛ
[sesa]
Akanfoɔ a ɛwɔ Ghana de Sankofa ahyɛnsodeɛ yi di dwuma de gyina hɔ mɔ adwen korɔ no ara. Ne fa baako te sɛ akoma agyinahyɛdeɛ a ɛwɔ apueɛ fam no ɛna foforɔ nso ne anomaa a w’adane ne ti kɔ n’akyi. Ɛyɛ nsɛnkyerɛnne kwan so a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛgye deɛ ɛyɛ afiri deɛ atwamu no na wɔde aba mprenpren wɔ kwan pa so. Akanfoɔ de adinkra ahyɛnsodeɛ da mmɛ ne nyansapɛ mu nsusuiiiɛ afoforo adi.
Wobɛsan nso ahunu Sankofa ahyɛnso a ɛyɛ anomaa no wɔ Akanfoɔ akonnwa ho,[3] Akanfoɔ abrammuo, wɔ ahemfo bi kyinnieɛ ho anaa ntuatire ɛna afei nso abenfo binom poma so.[4] Ɛdi dwuma de kyerɛ obuo ne baakoyɛ ba wɔn ho wɔn ho wɔ amanneɛ kwan so.[5]
Wɔde di dwuma wɔ Amerika Atifi fam ne United Kingdom
[sesa]
Berɛ a na wɔretu ɛdan bi wɔ Lower Manhattan wɔ afe ɔha nkron ne baako mu no, wɔhunu amusieɛ a na wɔsie nnipa a wɔntua sika biara sɛ yɛasie abibifoɔ a na wɔyɛ nkoa wɔ hɔ. Wɔhunuu afunu bɛboro afe aha nnan, nanso funu adaka baako bi na na ɛda nso. Nnadewa a na wɔde abɔ duano nkatasoɔ no yɛ 51, a ayɛsɛ akoma a ɛbinom akyerɛ aseɛ sɛ Sankofa ahyɛnso.[6][7] Nnɛyi saa beaeɛ no ɛyɛ ɔman nkaeɛ dum a wɔfrɛ hɔ African Burial Ground National Monument, a National Park Service na ɛhwɛ so. Mfonyin no a wɔhunu wɔ no adaka no nkatasoɔ no so no, woatwa na ɛda ho fɛfɛɛfɛ wɔ dadeɛ tuntum kɛseɛ bi so ɛda beaeɛ no mfinimfini. Wɔhunu sɛ woayɛ adwinni ato funu adaka no ano ho.[8]
National Museum of African American History and Culture de ahyɛnsodeɛ a ɛte sɛ akoma na ato ntentan so.[9] Sɛdeɛ wohunu ahyɛnso no: “Sankofa gyina hɔ ma hia a ɛho hia sɛ yɛsua biribi firi nneɛma a atwam ho.”
Sankofa ahyɛnso ahodoɔ a da ne ho adi wɔ nkuro te sɛ Washington, D.C., ne New Orleans nyinaa mu, ne titire wɔ ban ho.
Janet Jackson ayɛ Sankofa ahyɛnso no wɔ ne nsa nifa ho. Woada ahyɛnso no adi wɔ ne nwom nwoma wɔyɛɛ no 1997, The Velvet Rope.
Sankofa yɛ dwumadie a wɔyɛ de hyɛ asukuufoɔ a wɔyɛ Afrika-Amerikafoɔ a wɔwɔ Saint Louis University a w'awie sukuu ne asuafo a w'awie a wɔanya abodin krataa wɔ Afrika Amerikafo adesua mu no anuonyam.
Wɔde ahyɛnso no din dii dwuma wɔ sini a Haile Gerima yɛɛ no 1993 a na ɛfa Sankofa ho saa ara nso na wobɛhu wɔ Owen 'Alik Shahadah sinii no mfonin no ho a wɔyɛɛ no afe aha nnum akyiri no.
Adzido Pan-African Dance Ensemble yɛɛ agorɔ dwumadie bi wɔ UK a Margaret Busby na ɔkyerɛɛ ne nsɛm, na wɔde too dwumadie no anim wɔ afe 1999. Wɔfrɛɛ agorɔ no din Sankofa.[10]
Sankofa Strings yɛ African-American twene agorɔtofoɔ kuo, a Sule Greg C. Wilson, Rhiannon Giddens, ne Dom Flemons na ɛtee kuo no mfeɛ mpem mmiɛnu ne nnum (2005) mu, Na wɔkyerɛwee no wɔ afe mpem mmiɛnu ne nson (2007) jug nnwomtofoɔ kuo ho kyerɛtohɔ a wɔfrɛ no Chasin’ Gus’ Ghost mu. Kuo no ankasa yii CD a na anii yɛ fɛ wɔ afe afe mpem mmiɛnu ne nsia. Wɔtee sankofa nwomtofoɔkuo a ɛtɔ so mmiɛnu a Wilson ne Flemons, ne Ndidi Onukwulu ne Allison Russell ka ho yii CD a wato ne din The Uptown Struct wɔ afe mpem mmiɛnu ne du-mmiɛnu.
Cassandra Wilson na ɛkyeree nwom a yɛfrɛ ne "Sankofa", de guu apaawa so wɔ afe1993, Blue Light 'til Dawn.
Sankofa anomaa bi pue mpɛn pii wɔ BBC kasa mfonyin dwumadi a wɔfrɛ no Taboo so. James Keziah Delaney na ɔyɛɛ no wɔ nkoa hyɛn bi fam na ɛda adi sɛ tattoo wɔ n’akyi atifi ne mfonini wɔ ne maame dan dedaw no ogya dan mu.
Deɛ sini Remote Control ɛgyina ne so a Nnedi Okorafor twerɛɛ no, wɔfrɛ no Sankofa.[11]
Wɔ kɔtɔnimaa bosome da a ɛtɔ so du-nnan, afe mpem mmiɛnu ne aduonu-mmiɛnsa mu no, boayikuo bi a ɛwɔ Toronto Kuropɔn, Canada, de adwene koro pɔɔ edin “Sankofa Square” maa Yonge-Dundas Square, wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu, de siesiee nneɛma bɔne, de gyina mmusua mu nyiyimu a wɔsɔre tia Abibifoɔ ano na w'akyekyere Toronto.[12] Wei ne din foforo a wɔbɛsesa no bɛba wɔ afe 2024 nyinaa mu.
Mmoa
[sesa]Janet Jackson has a sankofa tattoo on her inner right wrist. The symbol is also featured in her 1997 album The Velvet Rope, as well as on the supporting tour.
- ↑ Sweet Chariot: the story of the spirituals, 2011-04-20, archived from the original on 2011-04-20, retrieved 2025-05-22
- ↑ Margo DeMello (2014-05-30), Inked: Tattoos and Body Art around the World [2 volumes] (in English), ABC-CLIO, ISBN 978-1-61069-076-8, retrieved 2025-05-22
- ↑ Welcome to the Conradiator - CONRADIATOR.COM, archived from the original on 2025-05-22, retrieved 2025-05-22
- ↑ This Page Was Not Found • Myfundi.co.za (in American English), retrieved 2025-05-22
- ↑ Akan Goldweights, archived from the original on 2012-08-02, retrieved 2025-05-22
- ↑ Sewell Chan (2010-01-26), "Coffin's Emblem Defies Certainty", The New York Times (in American English), ISSN 0362-4331, retrieved 2025-05-22
- ↑ "Sankofa", Wikipedia (in English), 2025-01-19, retrieved 2025-05-23
- ↑ "Sankofa", Wikipedia (in English), 2025-01-19, retrieved 2025-05-23
- ↑ "Sankofa", Wikipedia (in English), 2025-01-19, retrieved 2025-05-23
- ↑ "Sankofa", Wikipedia (in English), 2025-01-19, retrieved 2025-05-23
- ↑ "Sankofa", Wikipedia (in English), 2025-01-19, retrieved 2025-05-23
- ↑ "Sankofa", Wikipedia (in English), 2025-01-19, retrieved 2025-05-23