Jump to content

Samuel Prophask Asamoah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Samuel Prophask Asamoah a yɛwoo no Ɔpɛpɔn da ɛtɔ so du-nnan afe apem ahankron ne nwɔtwe baako (January 14, 1981) yɛ Ghanani mfoninyɛfoɔ.[1]Brush din "Prophask" (a wonya firi ne mfinimfini din mu), wɔaterɛ n'adwuma no mu kɛseɛ, wɔ mpɔtam hɔ ne amanaman ntam a dodoɔ bi wɔ adwinni ahodoɔ a wɔaboaboa ano mu.[2][3][4] Wɔbɔ amanneɛ sɛ Asamoah te mfoninyɛ mu yiye a ɔde ne nhyɛsoɔ ahodoɔ ma n’asɛmti ahodoɔ a efiri mmɛ, da biara da dwumadi ne adaeso ahodoɔ mu. Deɛ ɛkanyan no ne sɛ ɔbenya anigyeɛ berɛ a ɔreyɛ mfonini na wate yaw berɛ a ɔnyɛ mfonin.[5][6]

Nasetena ho nsɛm

[sesa]

Wɔwoo Samuel Prophask Asamoah wɔ Ɔpɛpɔn da ɛtɔ so du-nnan afe apem ahankron ne nwɔtwe baako (January 14, 1981) wɔ Apenimadi a ɛbɛn Hwidiem wɔ Brong-Ahafo Mantam a ɛwɔ Ghana.[7] Asamoah firi Biretuo abusua mu na ɔfiri Bosompra abusua mu. Ɛwɔm sɛ na ne papa Akwasi Appiah yɛ okuafoɔ deɛ, nanso na ɔyɛ adwumfoɔ a wɔakware wɔ adwuma no mu yie. Asamoah hyɛɛ ne mfitiaseɛ nwomasua ase wɔ Asuoyeboa M/A Primary and Junior High School baabi a wɔnam ne pɛnsere ne kala adwuma so kyerɛɛ ne talente.[3][5] Wɔ Ɔpɛpɔn bosome mu wɔ afe apem ahankron ne aduokron nkron (January 19) mu no, ɔhyɛɛ ne ntoaso sukuu adesua ase wɔ Kumasi Secondary Technical School baabi a osuaa Visual Arts.[8] Ɔhyɛɛ aseɛ de n’adwuma kɔmaa Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahunu ne Mfididwuma so (KNUST) mfoninyɛbea na ɔfirii aseɛ de ne ho hyɛɛ asoɛeɛ no nnoɔma a wɔde kyerɛeɛ mu.[9] Wɔ mfeɛ du afahyɛ a wɔyɛeɛ wɔ sukuu no mu no, wɔmaa Asamoah abasobɔdeɛ sɛ osuani a ɔsene obiara wɔ nimdeɛ a wɔde di dwuma wɔ adwini mu esiane sɛ ɔdaa no adi sɛ ɔyɛ nneɛma pii wɔ adwinni ahodoɔ a ɔnam akwan hodoɔ so yɛ nti.[10][11] Wɔ afe 2003 mu no, ɔkɔɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahunu ne Mfididwuma so kɔsuaa Integrated Rural Art and Industry. Wɔ KNUST no, ɔde ne ho hyɛɛ Tratech yɛkyerɛ ahodoɔ mu wɔ afe 2004 ne 2005 mu ne asomdwoe bɔhyɛ yɛkyerɛ mu wɔ afe 2006 mu.[3][12]

Wɔaboaboa ne nnwuma ano wɔ Ministry of Culture, Tourism ne Creative Art, Regimanuel Hotel Grey Estate Limited, Ghana, Stanbic Bank, Ghana, Vodafone Ghana, Nestle Ghana Limited ne ankorankoro ne amanfoɔ akoraeɛ foforɔ beberee mu. Seisei ɔyɛ mfoninyɛfoɔ a ɔde ne berɛ nyinaa yɛ adwuma na ɔyɛ Prophask Ghana Limited adwumayɛfoɔ panin.[2][5][8]

Sɛdeɛ wɔsi yɛ ne nneɛma fa

[sesa]

Asamoah yɛ adwuma wɔ akwan hodoɔ so:[4] [13]mfonin ahodoɔ a ɛnyɛ adwene, deɛ ɛnyɛ adwene fa, ɛyɛ nokware, ne deɛ ɛboro so.[3] [14]Bio nso, ɔde cubist, expressionist, impressionist, ne fauvist akwan di dwuma wɔ nkabom soronko mu de ka n’adwinni kasa a ɔka ho asɛm sɛ ɛne nnwom yɛ ade koro. Deɛ ɛyɛ a ɔpɛ sɛ ɔde yɛ mfonin ne canvas a seisei deɛ beberee no ara nim ne acrylic paint.[6] [7]Ɔde kala di dwuma yiye wɔ ne mfonin ahodoɔ mu. [2][13]Ɔde kala ahodoɔ a ɛyɛ hyew na ɛyɛ ɛda fam di nkitaho de ma n’adwenkyerɛ ahodoɔ no yɛ anigye wɔ mfoninyɛ mu.[15] [5]Asɛmti a ɔde yɛ ne mfonin no twe adwene si Ghana nkuraaseɛ ne nnɛ yi asetena, Ghana amammerɛ, nyansapɛ mu nimdeɛ a ɛwɔ Afrika mmɛbuo mu, nyamesom mu nsɛmti, adaeso, amammuisɛm, mmarima ne mmaa ho nsɛm, ne mmaa tumi ne nkɔsoɔ nso. Wɔkyerɛ sɛ nipadua a n’ani gye ho paa ne ɔbaa nsusuiiɛ, a ɔkyerɛ sɛ ɛkyerɛ abɔdeɛ mu ahoɔfɛ ne pɛyɛ.[2]

Ɔyɛkyerɛ ahodoɔ a wɔayɛ

[sesa]
  • New Directions, Ankara, Turkey, 2015[16]
  • New Trend, Berlin, Germany, 2015[17]
  • Legacy, Lisbon, Portugal, 2015[5]
  • Art for Every Home, Malabo, Equatorial Guinea, 2015[11]
  • Prerequisite, Centre for National Culture, Accra, Ghana, 2015[17]
  • Redefinition, Freetown, Sierra Leone, 2013[17]
  • Speaking Colour, Dubai, 2013[16]
  • Colours that speak, South Africa, 2013[18]
  • Ghana to Korea, Moree Gallery, Yeosu, South Korea, 2012
  • Life, Lagos, Nigeria, 2012
  • True Colour, Lome, Togo, 2012
  • Life, Cotonou, Benin, 2012[19]
  • Independence, Alliance Francoise, Kumasi, Ghana 2007
  • Gold Coast Artist, View from the Top, United Kingdom, 2006[18]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Samuel Asamoah (in American English), retrieved 2025-05-23
  2. 1 2 3 4 "Samuel Prophask Asamoah", Wikipedia (in English), 2024-11-17, retrieved 2025-05-23
  3. 1 2 3 4 https://artcosmos.com/profile/samuel-prophask-asamoah-u26/, archived from the original on 2020-09-20, retrieved 2025-05-27 {{citation}}: External link in |title= (help)
  4. 1 2 Kursor Solutions: www.kursorsolutions.com, accraexpat.com - The website of Ghana's expatriate community : Activities & Events, archived from the original on 2016-07-30, retrieved 2025-05-27
  5. 1 2 3 4 5 Samuel Prophask Asamoah - Art for Sale (in English), retrieved 2025-05-27
  6. 1 2 Definition Paintings for Sale (in English), retrieved 2025-05-27
  7. 1 2 Tradefair, Tradefair Company LTD - tenants (in American English), archived from the original on 2019-06-11, retrieved 2025-05-27
  8. 1 2 Painting industry needs attention - Artist (in British English), 2013-04-09, retrieved 2025-05-27
  9. myJCR (2014-03-06), TRATECH gives life to students’ project and thesis works (in American English), retrieved 2025-05-27
  10. Samuel Asamoah (in American English), retrieved 2025-05-27
  11. 1 2 pikord.com, archived from the original on 2023-11-19, retrieved 2025-05-27
  12. Ride With... (in English), retrieved 2025-05-27
  13. 1 2 Original Cubist Painting African Fine Art 'Soul Food' NOVICA Ghana | #1784761688 (in English), retrieved 2025-05-27
  14. Wanted in Milan (2015-01-19), UN choose art crowdsourcing for Expo (in English), retrieved 2025-05-27
  15. Painting industry needs attention - Artist (in British English), 2013-04-09, retrieved 2025-05-27
  16. 1 2 "Samuel Prophask Asamoah", Wikipedia (in English), 2024-11-17, retrieved 2025-05-27
  17. 1 2 3 The Ultimate Online Gifts Shopping Catalog Featuring Artisans from Around the World | UNICEF Market, retrieved 2025-05-27
  18. 1 2 africanartinlondon (2011-07-06), Seth Nii Clottey & Issa Issifou @ Red Gate Gallery (in English), retrieved 2025-05-27
  19. Abidjan exhibition shows Ghana's commitment to sub-regional trade - GEPA (in English), retrieved 2025-05-27