Saman
Saman A yɛ ahonhom a Akanfoɔ gye di sɛ ɛwɔ hɔ no mu baako. Ɛyɛ honhom a Akanfoɔ gye di sɛ onipa bi wu a ɔdane saa honhom no[1].
Ɛhe ne Asamando
[sesa]Akanfoɔ gye di sɛ asamando yɛ ɔman nti sɛ obi wu a, ɔkɔtoa n'abrabɔ so wɔ asamando. Wɔgye di sɛ wɔn nananom a wɔawuwu kɔ no bɛyɛ ahonhom a wɔwɔ asamando. Ɛno nti wɔregu nsa a, wɔfrɛ wɔn de abisadeɛ to wɔn anim sɛdeɛ wɔde to abosom anim no ara. Wɔnim sɛ sɛ obi ammɔ brapa na sɛ owu kɔ asamando a, nsamanfoɔ no bɛtumi atwe n'aso. Sɛ obi wu a, wɔtumi mane no. Sɛ ebia, ɔnkyea asomasi mma wɔn.Wɔnim sɛ sɛ obi ammɔ bra pa na sɛ owu kɔ asamando a, nsamanfoɔ no bɛtumi atwe n'aso.[2] Sɛ obi wu a, wɔtumi mane no. Sɛ ebia, ɔnkyea asomasi mma wɔn. Kane no, na sɛ ɔhene wu a, wɔkum ne kra ne afoforɔ bi nso ka ne ho sɛ wɔnkɔsom no. Afei nso wɔgye di sɛ sɛ obi wu kɔ asamando a, ɔtumi san ba ma wɔwo no foforɔ. Wɔn gyidie mu no, abɔfra biara awofoɔ yɛ nan. Wɔn ne ne na ne n'agya a wɔwɔ asamando; ɛna afei, ne na ne n'agya a wɔwɔ asase so. Ɛno nti ma wɔma apɛntɛdin, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, abɔfra no ho renyɛ n'awofoɔ a wɔwɔ asamando no akɔnnɔ bio.Abɔfra bi di asamando ne asase so ahyɛnfire a, wɔtumi twa ne honam akwaa no baabi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔkɔ ba a, ɔrensan nso nkɔ bio[3][4]
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Mensah Adinkrah (2023), "Beliefs About Ghosts Among the Akan of Ghana: Discussion on A Culture and Language Radio Program in Ghana", International Journal of Linguistics, Literature and Culture (in English), vol. 9, no. 4, pp. 121–131, doi:10.21744/ijllc.v9n4.2278, ISSN 2455-8028, retrieved 2025-08-19
- ↑ Joanna Rękas (2024), "GHOSTS AND WITCHES WILL NEVER DISAPPEAR FROM THIS WORLD", Македонски фолклор (in English), vol. LV, no. 86, pp. 79–87, ISSN 0542-2108, retrieved 2025-08-19
- ↑ Derek Wright (1987), "Fragments: The Akan Background", Research in African Literatures, vol. 18, no. 2, pp. 176–191, ISSN 0034-5210, retrieved 2025-08-19
- ↑ Mensah Adinkrah (2023), "Beliefs About Ghosts Among the Akan of Ghana: Discussion on A Culture and Language Radio Program in Ghana", International Journal of Linguistics, Literature and Culture (in English), vol. 9, no. 4, pp. 121–131, doi:10.21744/ijllc.v9n4.2278, ISSN 2455-8028, retrieved 2025-08-19