Jump to content

Sɛ-sɛntefoɔ (Apostrophe)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Sɛ-sɛntefoɔ yɛ kasasu a ɛdi dwuma wɔ kasadwini mu no mu baako. Ɛne sɛ obi rekasa akyerɛ adeɛ bi a ɛnyɛ nipa te sɛdeɛ ɔne onipa na ɛrekasa.

Berɛ yɛtaa hyia saa kasasu yi

[sesa]

SεSε wosi wo nnoↄma hata na osuo te gu a, woyε deεn? Ԑyε a woyε basaa. Ԑtↄ da mpo a wokasakasa. Wotumi ka sε, “Osuo yi, wonnyae mma me nnoↄma yi nwo?” Anaa meboa? Wokasa a, hwan na

εyε a na worekasa akyerε no? Osuo. Nanso ↄnyε nnipa, na ↄnni aso a ↄde bεte deε woreka no. Yɛtumi hyia sɛ-nipa sononko bi wɔ berɛ a yɛrekasa akyerɛ biribi a ɛnte asɛm sɛdeɛ ɛtumi te deɛ Yɛreka no. Yɛtaa hyia saa sɛ-sɛntefoɔ yi wɔ berɛ a yɛne ahonhom, awufoɔ, anaa ewiem nsakraeε bi redi nkutaho.

Nsonsonoeɛ a ɛda sɛ-sɛntefoɔ ne sɛ-nipa ntam

[sesa]

Saa kasasu yi ayε sε sε nipa na mmom nsonsonoeε a εda yei ne sε-nipa ntam ne sε, sε-nipa deε, adeε bi a εnyε nipa redi dwuma sε nipa, εnna sε-sεntefoↄ ne sε wo ne adeε a εnyε nipa anaa mpo yεmfa yεn ani nhunu rekasa. Megye di yie sε nkyerεkyerεmu no mu ada hↄ yie pa ara. Sε εkyere w’adwene a, sane kenkan bio.

Nhwɛsoɔ

[sesa]

a. Owuo, woaha me papa.

b. Mframa yi nso, worepra me nnoↄma yi kↄ.

c. Awia, bra na menhata m’aburo yi.

H. Abirabɔsɛm (Irony)

Saa kasasu yi nso kyerɛ asɛm a obi reka na adwene a