São Paulo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Sao Paulo

File:Sao Paulo Poster.jpg
Ɔman Brazil
Mpɔtɛm 1,521.11 km²(587.3039 sq mi) km²
Nnipa dodoɔ 12,400,232 ab. (2020)

Sao Paulo yε kuro a ɛwɔ Brazil anaafoɔ-apuei famu. Ɛno ne kuro a emu nnipa dɔɔso paa wɔ Brazil ne nea ɛtɔ so du-biako wɔ wiase nyinaa.[1] Ɛsan ne kuro a wɔka Portuguese kasa no paa wɔ wiase nyinaa.[2] Wɔde kuro no too Apostle Saint Paul a ofiri Tarsus. Sao Paulo ne kuro ɛtɔ so du-biako a ne GDP wɔ soro paa wɔ wiase nyinaa. Wei gyina hɔ ma Brazil GDP nyinaa ɔha mu nkyekyemu du ne ekyiripɔ nson, ne Sao Paulo man no nneɛma ne ndwuma ahorow a wɔyɛ no ɔha mu nkyekyemu eduasa-nsia.[3] Kuropɔn yi mu na Brazil abansoro atenten paa bi te sɛ Mirante do Vale,Edificio Italia,Banespa North Tower ne abansoro atenten afoforɔ pii wɔ.[4] Sao Paulo yɛ fie ma nkaedum,tete nneɛma akorae ne agorprama bi te sɛ Latin American Memorial, Ibirapuera Park, Sao Paulo Museum of Arts ne Museum of The Portuguese Language.Wɔyɛ dwumadie ahodoɔ bi te sɛ Sao Paulo Jazz Festival,Sao Paulo Art Biennial, the Brazzilian Grand Prix, Sao Paulo Fashion Week,the ATP Brasil Open ne Brasil Game Show.[5]

Yudafoɔ a wɔwɔ Brazil no mu fa kɛseɛ no wɔ Sao Paulo.Wɔn dodoɔ yɛ mpem eduoson-nnum.[6] Wɔ afe 2016 mu no, na nnipa a wɔwɔ Sao Paulo no ase firi aman ahodoɔ aha-mmienu so.[7] Wɔfrɛ nnipa a wɔte kuro no mu no paulistanos. Sao Paulo kuro no nnyinasosɛm a ɛwɔ Latin kasa mu ne Non ducor,duco a ne nkyerɛasee ne ''Obi nni m'anim,midi anim''.[8]

Kasa a wɔka[sesa]

Portuguese ne kasa a wɔka wɔ Sao Paulo.[9] Tete no,na wɔka Tupi kasa na na wɔde di dwa wɔ mmeae a sesei wɔfrɛ no Sao Vicente,Sao Paulo ne Tietê Asubɔnten.Wɔ Afeha a ɛtɔ so du-nson no mu no,na wɔka saa kasa yi paa wɔ Sao Paulo na ɛtrɛw kɔɔ nkuro afoforɔ a ɛwɔ Brazil so.[10] Firi afe 1750 rekɔ no,ɔhene a ɔwɔ Pombal no hyɛ maa wɔn a woretu aba Brazil no de Portuguese kasa no bae na wofirii aseɛ kyerɛɛ kasa no wɔ skuul.Wei maa Portuguese kasa no besii Tupi kasa no ananmu. Esian sɛnea wɔn a wɔka kasa afoforɔ bi te sɛ Japanese, German,Spanish,Italian ne Arab atu abɛtena kuro no mu bebree no nti,saa kasa ahodoɔ yi anya nkɛntɛnsoɔ wɔ sɛnea wɔka Portuguese kasa no so.[10]

Wuhu sɛnea Italian kasa no anya kasa so nkɛntɛnsoɔ wɔ mmeae a Italy foɔ te wɔ Sao Paulo te sɛ Bela Vista,Mooca,Brás ne Lapa.[11] Beae foforɔ nso a wɔka kasa foforɔ paa ne mmeae a Asiafoɔ te.Sɛ wuyi Japanfoɔ a wɔte wɔn man mu no si nkyɛn a, Sao Paulo na Japanfoɔ wɔ paa wɔ wiase nyinaa.[12] Ewom sɛ ɛnnɛ Japanfoɔ a wɔwɔ Brazil no mu dodoɔ no ara ka Portuguese kasa no deɛ nanso wɔn mu da so ara ka Japanese kasa no. Ebinom a wɔn ase firi China ne Korea da so ara tumi ka wɔn kurom kasa.[13] Wokɔ kuro no fa baabi nso a, wobenya nkorɔfoɔ a wɔn ase firi Germany a wɔda so ka wɔn kurom kasa[14] ,ɛnkanka wɔ beae a wɔfrɛ hɔ Brooklyn paulista.

Sikasɛm[sesa]

Wobu Sao Paulo sɛ 'Brazil sikasɛm mu kuropɔn' esian sɛ ɛhɔ na sikakorabea ne sikasɛm ndwumakuo ahodoɔ pii adwumayɛbea ti wɔ.Sao Paulo ne kuro a ne GDP wɔ soro sen kuro biara wɔ Brazil ne nea ɛtɔ so du wiase nyinaa.[15] Kuro no wɔ sikakorabea nkorabata ahodoɔ apem ne aha-nnum(1500) ne adetɔnbea ahodoɔ eduoson.[16]

Besi afe 2004 no, na Sao Paulo ne mansini a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛde nneɛma kɔ amanɔne paa wɔ Brazil sɛ wuyi Parauapebas,PA ne Rio de Janeiro a. Wɔ saa afe no mu no,sika a kuro no nya firii nneɛma a wɔde kɔ amanɔne no mu yɛ $7.32B(USD) a na ɛyɛ Brazil nneɛma a wɔtɔn wɔ amanɔne no nyinaa mu ɔha mu nkyekyemu mmiɛnsa ne ekyiripɔ mmienu(3.02%). Nneɛma nnum a edi kan a Sao Paulo de kɔ amanɔne dwa so ne adua(21%), esikire(19%), 'coffee'(6.5%), 'chemical wood pulp'(5.6%) ne eburo(4.4%).[17] Wɔ afe 2020 mu no, sika kɔkɔɔ,edua,esikre,asaawa ne eburo na na ɛyɛ nneɛma nnum a edi kan a na kuro no de kɔ amanɔne dwa so.[18]

Amanɔne nnwumakuo a ɛwɔ Brazil no mu ɔha mu nkyekyemu eduosia-mmiɛnsa na wɔn adwumayɛbea ti wɔ Sao Paulo. Kuro no mu na Germany ndwumakuo wɔ paa wɔ wiase nyinaa[19] ne beae a ɛtɔ mmienu a Swedish nnwumakuo wɔ paa.[20]

Abɔdeɛ mu nyansapɛ ne nfidiedwuma[sesa]

Sao Paulo yɛ beae a nnipa pii taa pɛ sɛ wobue nnwuma wɔ hɔ esian sɛ kuro no wɔ mmeae a wɔyɛ mpontunnwuma ho nhwehwɛmu ne suapɔn ahodoɔ a agye din wɔ mansini no mu.Aban a ɛwɔ ɔman no mu no de sika hyɛ Abɔdeɛ Mu Nyansapɛ, mfidiedwuma ne nimdeɛ foforɔ ho nhwehwɛmu a wɔyɛ wɔ kuro no mu no. Adwumakuo a ɛda saa sika yi a aban no de ba no ne Foundation to Research Support a ɛwɔ Sao Paulo.[21] Wei ka nnwumakuo atitiriw a wɔhyɛ abɔdeɛ ho nyansapɛ ne mfidiedwuma ho nkuran wɔ ɔman no mu no ho.

Ɔsom[sesa]

Afe 2010 mu no,berɛ a wɔkan nnipa wɔ kuro no mu no, wɔde too dwa sɛ, nnipa dodoɔ a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa mu no, wɔn mu 24 781 288 a wɔyɛ nnipa dodoɔ no mu ɔha mu nkyekyemu eduosia ne ekyiripɔ nsia(60.06%) na ɛyɛ Roman Katɔlekfoɔ,9 937 853 yɛ Protestantfoɔ anaa asɛmpakafoɔ(ɔha mu nkyekyem eduonu-nnan ne ekyiripɔ nnwɔtwe),1 356 193 yɛ ahonhonsɛmdifoɔ(ɔha mu nkyekyemu mmiɛnsa ne ekyiripɔ eduonu-nkron), 444 968 yɛ Yehowa Adansefoɔ (ɔha mu nkyekyemu baako ne ekyiripɔ nnwɔtwe),153 564 yɛ Budhafoɔ,141 553 yɛ Umbanda ne Candomblescists, 81 810 kɔ Brazillian Catholic Apostolic Church,70 856 yɛ New Eastern Religiousfoɔ , 65 556 yɛ Mormonfoɔ, 51 050 yɛ Yudafoɔ,31 618 yɛ Ortodɔks Akristofoɔ, 20 375 yɛ abosonsomfoɔ, 14 778 yɛ Nkramofoɔ,4 591 yɛ tetesomfoɔ ne Hindufoɔ 1 822.[22]

Baabi a minyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://www.citymayors.com/statistics/largest-cities-population-125.html
  2. https://www.worldatlas.com/articles/which-is-the-world-s-largest-portuguese-speaking-city.html#:~:text=S%C3%A3o%20Paulo%20is%20the%20most,Portuguese%2Dspeaking%20city%20on%20earth.
  3. https://web.archive.org/web/20110520084002/http://www.prefeitura.sp.gov.br/cidade/secretarias/relacoes_internacionais/sao_paulo_cidade_global/index.php?p=1193
  4. https://www.skyscrapercenter.com/city/sao-paulo
  5. https://www.angloinfo.com/how-to/brazil/sao-paulo/lifestyle/entertainment/festivals-events
  6. https://www.jewishvirtuallibrary.org/brazil-virtual-jewish-history-tour#4
  7. https://fotos.estadao.com.br/galerias/cidades,as-10-menores-comunidades-estrangeiras-de-sao-paulo,27885
  8. https://web.archive.org/web/20080703230813/http://www.naval.com.br/NGB/S/S031/S031.htm
  9. https://www.worldatlas.com/articles/what-languages-are-spoken-in-brazil.html
  10. 10.0 10.1 https://theculturetrip.com/south-america/brazil/articles/the-tupi-language-and-its-influence-on-brazilian-portuguese/
  11. https://thetranslationcompany.com/resources/language-country/italian/italian-speaking-population.htm
  12. https://www.japan-talk.com/jt/new/6-biggest-Japanese-communities-outside-Japan
  13. https://www.labeurb.unicamp.br/elb/asiaticas/asiaticas.htm
  14. https://www.dw.com/pt-br/alem%C3%A3es-ajudaram-a-formar-a-classe-m%C3%A9dia-paulistana/a-1213337
  15. https://web.archive.org/web/20100713153107/http://www.estadao.com.br/noticias/geral%2Csp-sera-6-cidade-mais-rica-do-mundo-ate-2025-diz-ranking%2C463359%2C0.htm
  16. https://www.aboutsaopaulo.com/news/business-and-economy/economy-of-the-city-of-sao-paulo/
  17. https://web.archive.org/web/20150610211226/http://en.dataviva.info/apps/builder/tree_map/secex/4sp090607/all/all/hs/?controls=true&year=2014&size=export_val&depth=hs_6&color=color
  18. https://oec.world/en/profile/subnational_bra_municipality/sao-paulo-3450308#:~:text=Italy%20(%24181M).-,In%202020%20the%20top%20exports%20of%20S%C3%A3o%20Paulo%20were%20Gold,%2C%20and%20Corn%20(%24106M).
  19. https://www.auswaertiges-amt.de/en/aussenpolitik/laenderinformationen/brasilien-node
  20. https://web.archive.org/web/20110925224712/http://www.swedcham.com.br/aboutus_Overview.asp?LOCALE=en&
  21. https://web.archive.org/web/20131208210214/http://www.saobernardo.sp.gov.br/dados2/SDET/GSDET/cadernos-sao-bernardo-vol02.pdf
  22. https://www.state.gov/reports/2019-report-on-international-religious-freedom/brazil/