Rex Omar
Rex Omar (AKA Rex Owusu Marfo) | |
|---|---|
| Awo bere | Ghana |
| Origin | Ghanaian |
| Genres | Highlife |
| Instruments | vocal |
| Years active | 1989–present |
| Associated acts | |
Rex Omar (ne din ankasa ne Rex Owusu Marfo[1]) yɛ Ghana highlife dwontoni. Odii kan gyee ne din wɔ afe 1989 mu wɔ bere a ɔde "Aware Pa" apaawa bae no, nnwom foforo a na ɛwɔ apaawa no so ne "Wodofo Ne Hwan?" Wei akyi no, wɔ afe1992 mu no, ɔne Highlife adwontofo te sɛ Nat Brew ne Akosua Agyapong tee Highlife Supergroup Nakorex, kuw no nyaa ne din fii akyerɛwde a edi kan wɔ kuw ba biara din mu.[2][3] Afei, ɔno nko ara dii dwuma a na esi n'ani so akyi. Ɔne Sony Achiba too dwom.[4] Afe 2004 mu no, wɔpaw Omar kaa nnipa a na wɔfata Kora award ho no, wɔ afe 2005 mu nso, wɔpaw no kaa nnipa a na wɔrepre "Artiste of the Year" wɔ Ghana Music Awards.[5]
Ekuw no gui akyi no, ɔbɛyɛɛ panyin paa wɔ Ghana Music Rights Organisation (GHAMRO), na ogu so redi ne dwuma sɛ obi a ɔhwɛ bɔ Ghanaian adwontofo nimde a wɔde yɛ wɔn adwinni no ho ban no, otumi dɛɛdɛɛ ɔmampanyin John Agyekum Kufuor ma ɔgye gyinaa mu ma wɔde mmra foforo a wɔfrɛ no "Copyright Bill" too mu sɛnea ɛbɛyɛ a n'ahobammɔ mu bɛyɛ den. [6]Ɔsan nso hwɛɛ sɛ ahobammɔ a ɛbɔ Ghanaian nnwom efi wiase de ho no mu bɛyɛ den.[7]
Joy Industries de ne dwom "Dada Di Da" fa bi bɔɔ Joy Dadi Bitters ho dawuro wɔ bere a wɔammɔ no amanne ma ɔde kɔɔ asennibea ma odii nkunim wɔ Ɔpɛpɔn bosome wɔ afe 2020 mu. High Court no hyɛɛ dwumakuw no ma wotuaa GH₵ 30,000 maa aban na wɔsan tuaa GH₵ 200,000 de maa Rex Omar.[8] Omar ne ne yɔnko a ɔne no bɔɔ nnwom, Akosua Agyapong, nyaa akasakasa faa GHAMBRO sika bi a na wosusu sɛ afa baabi no ho.[9]
Ne Nnwom
[sesa]Ne nnwom a agye din no bi ne;
- Obi Do ba
- Abiba
- Konkontey
- Dada
- Dangerous
- Mama etc.
References
[sesa]- ↑ Andam, E.A. (2 November 2005). "Rex Omar - His View Of Africa". Graphic Showbiz. Daily Graphic. Retrieved 19 December 2018.
- ↑ Transactions of the Historical Society of Ghana, Volumes 7-9. 2003. Retrieved 19 December 2018.
- ↑ Broughton, Simon; Ellingham, Mark; Lusk, Jon; Antony Clark, Duncan (2006). The Rough Guide to World Music: Africa & Middle East. Rough Guides. p. 133. ISBN 1843535513. Retrieved 19 December 2018.
- ↑ "Sony Achiba Biography". www.peacefmonline.com. Retrieved 2022-11-09.
- ↑ Safo, Margaret (2 April 2005). "Ghana Music Awards 2005". The Mirror (Ghana). p. 26. Retrieved 21 December 2018.
- ↑ Asamoah-Baidoo, Arnold (5 March 2018). "Ghana Month: In celebration of Rex Omar". Daily Graphic. Accra, Ghana. Retrieved 19 December 2018.
- ↑ Amoofia, Max (3 May 2018). "Rex Omar calls for 'cultural warfare' to protect Ghana's identity". Joy Online. Archived from the original on 20 December 2018. Retrieved 19 December 2018.
- ↑ "Rex Omar wins copyright case against Joy Dadi Bitters; awarded ¢200k in damages". www.myjoyonline.com. Retrieved 2020-01-30.
- ↑ "VGMA20: I impressed upon 'feuding' Akosua Agyapong, Rex Omar to come together - Amandzeba". My News GH via Ghanaweb.com. 20 September 2020. Retrieved 10 February 2021.