Reginald Reynolds Amponsah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Reginald Reynolds Amponsah
Minister for Education
Bere
1971 – January 1972
ƆmanpanyinEdward Akufo-Addo
Prime MinisterKofi Abrefa Busia
OdikanfoWilliam Ofori Atta
AnanmusiniLieutenant-Colonel. Paul Nkegbe
Minister for Lands, Mineral Resources, Forestry and Wildlife
Bere
1969 – February 1971
ƆmanpanyinEdward Akufo-Addo
Prime MinisterKofi Abrefa Busia
OdikanfoK. O. Thompson
AnanmusiniT.D. Brodie Mends
Member of Parliament
for Mampong North
Bere
1 October 1969 – 13 January 1972
OdikanfoConstituency merged
AnanmusiniAkwasi Afrifa
Ne ho asɛm
Awo bereDecember 30, 1919
Daaman, Ghana
Owu bereJune 3, 2009(2009-06-03) (aged 89)
Resting placeAdudwan, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoProgress Party
Other political
affiliations
United Party
New Patriotic Party
AdesuaAchimota School
Sukuu a w'akɔ
N'adwumaPotter, Politician

Reginald Reynold Amponsah (About this soundpronounciation of "Reginald Reynolds Amponsah" ) (wɔ woo no ɔpɛnimaa bosome no da a ɛtɔ so aduasa (30), wɔ afe apem ahankron ne du-nkron mu (1919) – Owui wɔ Ayɛwohomummɔ bosome no da a ɛtɔ so mmiensa (3) wɔ afe mpem mmienu ne nkron mu (2009) yɛ okukudwinnifo ne ne amnyɔni wɔ Ghana.  Na ɔyɛ ɔman soafo wɔ Busia aban ase.

Nhomasua[sesa]

Amponsa wie ntoaso sukuu wɔ Achimota wɔ afe apem ahankron aduanan mmienu (1942) mu. Na ɔyɛ asuafo no kandifo wɔ ne bre so.[1]  Ne mfefoɔ no bi ne Victor Owusu, K.B Asante ne Silas Dodu. Onyaa adesua abasobɔ ma no kosuaa okukudwinni wɔ Suapɔn a ɛde Stoke on Trent a ɛwɔ United Kingdom.[2]

Amanyɔsɛtm[sesa]

Adehyeman a edikan[sesa]

Na Amponsah ye amanyɔkuo a na enni aban mu, a ne din de unity party no mu ni wɔ Ghana adehyeman a edikan no mu. Wɔ Nkrumah aban no ase no, wɔbɔɔ no soboɔ sɛ w’abɔ trimupɔ bɔne sɛ obetu Conventions People Party aban no agu a nea wɔka ne no ho no din ne Victor Owusu, William Ofori Atta, Dzenkle Dzewu. Dzoe Appia ne Major Awhaitey. Bre a BBC totoo n’ano fa kyere a wɔkyeree no ho  wɔ afe apem ahankron aduonum nwɔtwe (1958) mu no.[3]

Yɛde no kɔtoo afiase berɛ a yɛanni n'asɛm wɔ Preventive Detention Act mmerɛ mu. ɔdaa hɔ firi afe apem ahankron aduonum nwɔtwe (1958) mu de kɔsi sɛ coup d'état kɔɔ so wɔ Ogyefuo bosome no da a ɛtɔ so aduonu nan (24th February) wɔ afe apem ahankron aduosia nsia mu (1966) a ɛdi Kwame Nkrumah a saa mmerɛ no na ɔyɛ Ghana manpanin amammuo baa awieɛ.[4]

Britishni Polosini bi baa me nkyɛn bɛkaa sɛ ‘’M’akyer ɛ wɔ’’…ɔtwee tuo na ɔkaa sɛ ‘’Bra ha anye saa a , m’ɛpae woti’’

Adehyeman a ɛtɔ so mienu[sesa]

Wɔde no too afiase a w’anni nasɛm denam amanmara a ɛde Preventeive Detention Act. Ɔdaa afiase firi afe apem ahankron aduonum nwɔtwe (1958) mu kosii sɛ abantuguo bae wɔ Ogyefuo bosome no da a ɛtɔ so aduonu nan (24), afe apem ahankron aduosia nsia mu (1966) a ɛmaa Kwame Nkrumah aban no baa awie.[1]

Adehyeman a ɛtɔ so nnan[sesa]

Kofi Abrefa paw no sɛ Soafo a ɔhwɛ Nsase, fagude, Kwae ne kwaebrɛnto so wɔ n’amanyɔkuo Progress Party aban no mu. Wɔpaw no akyire sɛ Soafo a ɔhwɛ Nhomasua so na ɔde nyehyɛe too akwan mu maa nhomasua ahyɛase wɔ Ghana.[5]

Dwumadie afoforo[sesa]

Na Amponsah yɛ ɔkwankyerɛfo ma kane adwumakuo a wɔfrɛ no Ghana Airways no wɔ afe apem ahankron aduosia mu (1960) mu.[6]

Ne ho nsɛm foforo[sesa]

Wɔ woo Amponsah wɔ Daaman a ɛben Asante Manpong wɔ Sekyerɛ Atɔe mansin no mu wɔ Asante mantam mu wɔ Ghana.  Na ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra nnan. Wosie no wɔ Ɛbɔ bosome no da ɛtɔ so mmiensa (3), afe mpem mmienu ne nkron (2009) mu wo Adudwan a ɛbɛn Asante Manpong.[7][8]

Nkekaho[sesa]

  1. 1.0 1.1 "R R Amponsah to be buried on September 3". General News. Ghana Home Page. 2009-06-20. Retrieved 2010-06-08.
  2. "Reginald Reynolds Amponsah". GoneTooSoon.org. Retrieved 2008-06-08.
  3. Lucy Adoma Yeboah (2009-06-10). "R.R. Amponsah Is Dead". Daily Graphic Online. Retrieved 2010-06-08.
  4. Hayford Atta-Krufi (2009-06-15). "NPP UK and Ireland Mourns R. R. Amponsah". Diasporian News. Ghana Home Page. Retrieved 2010-06-08.
  5. Peter Abban (2006-10-04). "R R Amponsah unites Yilo Krobo NPP". StatesmanOnline. Archived from the original on 2011-09-30. Retrieved 2010-06-08.
  6. Guttery, Ben R. (1998). Encyclopedia of African airlines. McFarland & Co Inc. p. 291. ISBN 978-0-7864-0495-7. Retrieved 2010-08-23.
  7. Kwaku Oteng (2009-09-04). "RR Amponsah Goes Home". GhanaMma.com. Archived from the original on 2009-09-08. Retrieved 2010-08-23.
  8. [permanent dead link]