Queen Elizabeth II
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Queen Elizabeth II ne ɔhemaa a watena akonnwa so akyɛre pa ara wɔ British abakɔsɛm mu Na abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɔdii akonnwa no firii Ɔgyefoɔ bosome, ɛda a ɛtɔ so nsia afe apem ahankron aduonum mmienu (Febuary 6, 1952) de kɔsi Ɛbɔ bosome ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe,afe mpem mmienu ne mmienu ( September 8,2022) a ɔde wuiiɛ.[1] [2]Wɔwoo no Oforisuo bosome ɛda a ɛtɔ so aduonu baako, afe apem ahankron aduonu nsia ( April 21,1926) a na ɔno ne ba panin ma Prince Albert, Duke of York (king George VI) ne Queen Elizabeth. Na berɛ a na n’ani nni ne ho sɛ ɔbɛdi ahennie no, wɔde Elizabeth dii ne wɔfa King Edward VIII adeɛ wɔ afe apem ahankron aduasa nsia.[3][4]
N’abrabɔ
[sesa]Wɔde Elizabeth kɔɔ sukuu soronko ma no kɔsuaa abakɔsɛm,mmara,ɔsom, ne kasa a ɔde bɛsiesie ne ho wɔ ne daakye ahennie a ɔbɛdi no.[5]Ɔwaree Prince Philip wɔ afe apem ahankron aduanan nson (1947) mu ansa na ɔrebɛdi akonnwa wɔ afe apem ahankron aduonum mmienu (1952) mu berɛ a ne papa firii mu wɔ amanɔne no.[6][7]
N’ahennie
[sesa]Wɔde no sii akonnwa so sɛ ɔhemaa ma Britainman no wɔ Ayɛwohommɔbɔ bosome no ɛda a ɛtɔ so mmienu, afe apem ahankron aduonum mmiɛnsa (June 2, 1953) mu.[8] Na ɔno ne nipa a ɔdii kan baa television so a wiase afanaa nyinaa hwɛɛ no. Wɔ n’ahennie no mu no, ɔde ɔpɛpa, ahokeka, ne koroyɛ na ɛdii akonnwa no. Ɔbɔɔ ne ho mmɔden kɔsraa kuro biara ne mantam biara a ɛwɔ UK.[9]
Ne Wuo
[sesa]Queen Elizabeth II wuu Ɛbɔ bosome, ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe, afe mpem mmienu ne mmienu ( September 8,2022).
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Elizabeth II | Biography, Family, Reign, & Facts | Britannica (in English), 2025-07-11, retrieved 2025-07-20
- ↑ Queen Elizabeth II (in British English), retrieved 2025-07-20
- ↑ King Charles Shared an Unreleased Photo of Queen Elizabeth II for the Anniversary of Her Death (in American English), 2023-09-08, retrieved 2025-07-20
- ↑ Elizabeth I | Biography, Facts, Mother, & Death | Britannica (in English), retrieved 2025-07-20
- ↑ A Focus on the Life of Queen Elizabeth II (in English), retrieved 2025-07-20
- ↑ History of Queen Elizabeth II | Britannica (in English), retrieved 2025-07-20
- ↑ Early life and education (in English), retrieved 2025-07-20
- ↑ Queen Elizabeth II: Her Life and Reign, retrieved 2025-07-20
- ↑ Queen Elizabeth II's Life and Reign (in English), retrieved 2025-07-20