Prestea-Huni Valley (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Prestea-Huni Valley
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniPrestea-Huni Valley District
MantamWestern Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPHon. [[Robert Wisdom Cudjoe]

Prestea-Huni Valley mansini no yɛ abatoɔ mpesua ahodoɔ du-nan a ɛwɔ Atɔeɛ mantam no mu wɔ Ghana.[1] Nkane no na saa abatoɔ mpesua yi ka Wassa West mansini no abatoɔ mpesua no ho wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nwɔtwe mu (1988), a saa mpeusa yi nyinaa nso wɔtete firii nkane Wassa-Fiase-Mpohor mansini no abatoɔ mpesua no mu, ɛfiri berɛ a wɔtee mpesua no atifi fam no firii mu maa yɛbɛnyaa Prestea-Huni Valley mansini no wɔ ogyefuo bosome no da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2012) mu; ɛnam so ma yɛfrɛɛ abatoɔ mpesua no fa aka no sɛ Tarkwa-Nsuaem mansini. Abatoɔ mpesua yi hyɛ apuiɛ fam wɔ atɔeɛ mantam no mu a wɔn ahenkuro ne Bogoso.[1]

Robert Wisdom Cudjoe na ɔyɛ mmarahyɛbedwanii ma Presea-Huni Valley.(About this soundpronunciation of"prestea-Huni valley")  Ɛnam kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress so na wɔtoo no so aba ma no nyaa mma mpem aduonum nsia,ɔhanan ne aduosia nan a ɛyɛ mma dodoɔ a ɔde bɛyɛɛ mmarahyɛbedwanii. Ɔdii Barbara Oteng Gyasi a na ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no wɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anan mu adeɛ.

Nnwomasua[sesa]

Prestea-Huni Valley mansini no wɔ ntoasoɔ sukuu a ahodoɔ mmiensa a agye din wɔ ɔman Ghana mu yie. Saa ntoasoɔ sukuu ahodoɔ mmiensa yi ne; St. Augustine's senior high school, Huni Valley senior high school ne Prestea senior high technical school.[2]

Nkuro ahodoɔ[sesa]

Prestea-Huni Valley mansini no wɔ nkuro akɛseɛ ahodoɔ nan, yeinom ne Prestea, Huni Valley, Aboso ne Bogoso. Abatoɔ mpesua no sane wɔ nkuro nketewa bɛyɛ sɛ aduonu nkron (29), saa nkuro ahodoɔ yi bi ne; Damang ne Bondaye a ne nyinaa wɔtu fam agudeɛ anaa sikakɔkɔɔ wɔ hɔ.[3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. 1.0 1.1 Prestea-Huni Valley Municipal Archived 2012-03-23 at the Wayback Machine
  2. Ghana: Administrative Division
  3. https://en.wikipedia.org/wiki/Prestea-Huni_Valley_Municipal_District