Peter Nortsu-Kotoe

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Peter Nortsu-Kotoe
Member of the Ghana Parliament
for Akatsi North
Mprenpren
Bere
7 January 2013
OdikanfoNew Constituency
Ɛdɔm keseɛ5,195[1]
Ne ho asɛm
Awo bere
Peter Kwasi Nortsu-Kotoe

6 May 1956 (1956-05-06) (age 67)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress

Peter Kwasi Nortsu-Kotoe (wɔwoo no 6 Kotonimma 1956) yɛ Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni a ogyina Akatsi Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Volta Mantam mu[2]Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) tekiti so.[3][4][5]

Ne mmofraase abrabɔ[sesa]

Wɔwoo Nortsu-Kotoe wɔ Kotonimma bosome da ɛtɔ so nsia (6) afe 1956. Ofiri Kpeduhoe wɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana.[3][4][6]

Nhomasua[sesa]

Nortsu-Kotoe yɛ obi a wawie Ghana Suapɔn (University of Ghana) a wanya abodin krataa wɔ Borɔfo kasa mu (bachelor of degree in English). Ɔwɔ nkɔsoɔ ho nimdeɛ a ɛsen biara (master of development management) wɔ Ghana Asoɛeɛ a ɛhwɛ adwumayɛ ne ɔmanfoɔ so (Ghana Institute of Management and Public Administration)..[3][4][6]

Adwuma[sesa]

Nortsu-Kotoe yɛ nhomasua ho ɔbenfoɔ (educationist) wɔ n’adwuma mu. Na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ (tutor) wɔ Accra Academy na ɔyɛ Ghana Nhomasua Dwumadibea (Ghana Education Service) no kwankyerɛfoɔ boafoɔ (assistant director) wɔ dibea mu..[3][4][6]

Adwumafa[sesa]

  • Ghana Nhomasua Dwumadibea (Ghana Education Service) - (ɔkyerɛkyerɛfo (tutor), Accra Adesuabea(Accra Academy), Bubiashie-Accra / Ɔkwankyerɛfo Boafo(Assistant Director)[7]
  • Ɔmantam Panyin (District Chief Executive) - (Akatsi Mansin / Akatsi Anafoɔ Mantam(Akatsi South District), Oforisuo, 2009 – Ɔpɛpɔn 6, 2013[7]
  • Mmrahyɛbadwamni (Ɔpɛpɔn 7, 2013 – mprempren; afe a ɛtɔ so mmienu)[7]

Amanyɔsɛm[sesa]

Nortsu-Kotoe yɛ Ɔmantam Panyin wɔ Akatsi Mansin ne Akatsi Anafoɔ Mansin mu firi bosome Oforisuo afe 2009 kosii sɛ ɔhyɛnee mmrahyɛ badwa mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so nson (7) afe 2013. Wɔpaw no sɛ ɔmmɛgyina Akatsi Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) tekiti so wɔ afe 2012 Ghana ɔsahene no mu abatow a wɔpaw. Wɔ afe 2016 mu no, wɔsan paw no sɛ ɔmmɛgyina Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no ananmu mfeɛ anan (4) a ɛdi hɔ no wɔ mmrahyɛ badwa mu..[3][4][6]

N'asetra mu[sesa]

Nortsu-Kotoe aware a ɔwɔ mma baasa (3). Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Evangelical Presbyterian Asɔre, Ghana no muni..[3][4][6]

Ntotoho[sesa]

  1. "Parliamentary Results for Akatsi North". www.ghanaweb.com. Retrieved 11 January 2021.
  2. "Muslim community in Akatsi North encouraged to educate children - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 2021-05-19.
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 3.5 "Ghana MPs - List of MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2019-02-15.
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 4.4 4.5 "Member of Parliament Peter Nortsu-Kotoe". Ghana Web. Retrieved 4 February 2020.
  5. "Classroom block for Islamic School commissioned in Akatsi North - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 2021-05-18.
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 6.4 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2019-04-27.