Jump to content

Papa Nantwi Afahyɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Papa nantwi yɛ Kumawufoɔ afahyɛ titire a wɔdi no afe biara. Ɛyɛ dwumadie bi a, emu amanneɛ no yɛ deɛ ɛgyina Akanman ne Asanteman amammerɛ so. Saa afahyɛ a wɔde din soronko Papa Nantwi ama no yi dan nneɛma bebree adi a ɛnam so de nkabom kɛseɛ brɛ kumawuman. Afahyɛ biara gyina abakɔsɛm bi so. Nti sɛdeɛ Aboakyere afahyɛ no wɔ abakɔsɛm no, saa ara nso na papa Nantwi afahyɛ no nso wɔ abakɔsɛm. Yɛadi kan akan abakɔsɛm kakra a yɛnim wɔ Ɔfa a ɛdi kan no mu. [1]

Mfasoɔ

[sesa]

Nunsuansoɔ a Papa Nantwi Afahyɛ no nya wɔ wɔn a wɔdi no so no tumi yɛ papa ne bɔne. Yɛrebɛhwɛ deɛ afoforɔ nso aka afa yei ho.[2]

Papa Nantwi afahyɛ ho mfasoɔ baako ne sɛ, ɛboa ma kumawuman nya ahyɛnsodeɛ soronko bi.[3] Afahyɛ ahodoɔ a ɛwɔ Ghana ha a Kumawu nso deɛ ka ho no nyinaa ma wɔn a wɔdi no nya adwene bi sɛ, wɔwɔagyinahyɛdeɛ anaa ahyɛnsodeɛ soronko ni. Ɛsiane sɛ, ɛno na ɛma wɔda nso firi afoforɔ ho[4]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. I. Boamah (2019-08), A comparative study of Odwira and Ohum festivals among the Akwapim (in English), retrieved 2025-07-22 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. Google Scholar, retrieved 2025-07-22
  3. I. Boamah (2019-08), A comparative study of Odwira and Ohum festivals among the Akwapim (in English), retrieved 2025-07-22 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  4. Google Scholar, retrieved 2025-07-22