Jump to content

Oyikyerɛ Adekyerɛ kwan

Ɛfi Wikipedia

Oyikyerԑ akwan yԑ otie-hwԑ nkyerԑkyerԑmu a akyerԑkyerԑfoↄ nam ↄkakyerԑ so ma asuafoↄ hunu ԑkwan a biribi fa so ba ne sԑdeԑ biribi kↄwie. Adekyerԑ ↄkwan a wↄfa so de nimdeԑ ma wↄ berԑ a ↄde adeyԑdeԑ bi da adesua mu suahunu bi adi kyerԑ asuafoↄ. Ԑtaa de adwenesu a ԑwↄ adesua bi mu ne nnoↄma bi ho nteaseԑ to dwa. Adesua kwan yi mu no, asuafoↄ no tumi di nkitaho wↄ akadeԑ a wↄde redi dwuma no ho. [1]

Adekyerԑ kwan wei mu no, asuafoↄ no tumi yԑ oyikyerԑ no sԑ ankorԑankorԑ ԑnna wↄtumi nso di dwuma no akuo akuo. Deԑ ԑyԑ anika wↄ oyikyerԑ ho ne sԑ, ↄkyerԑkyerԑni ne osuani no nyinaa tumi yԑ oyikyerԑ no yei te saa ɛfiri sɛ berԑ a akyerԑkyerԑfoↄ no reyi akyerԑ no na asuafoↄ no nso kutakuta akadeԑ no mu.[2]

Deɛ ɛyɛ wɔ oyikyerԑ adekyerԑ akwan ho ne sɛ, ɛma asuafoↄ no de wↄn ho hyԑ adesua no na ɛsane ma wɔdwene kↄ akyire na wↄnya adesua bi mu nhunumu na wɔgyina so si gyinaeԑ. Afei nso, ɛma asuafoↄ ani gye ԑfiri sԑ wↄnya kwan sosↄ adekyerԑdeԑ bi a wↄnhunu bi da mu ma wↄnya suahunu pii.[3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. https://www.academia.edu/download/85486158/ije.2020.pdf
  2. Chibueze Nweke Nwalo, Titus Iloduba Eze (2021-02-22), "Comparative effectiveness of project and demonstration teaching methods in improving students' retention ability in basic electricity in technical colleges", International Journal of Educational Policy Research and Review (in English), doi:10.15739/IJEPRR.21.001, ISSN 2360-7076, archived from the original on 2024-07-15, retrieved 2025-08-31
  3. Philippe Tohon Loiser, Wanye Endne (2022-11-30), "Effect of demonstration method on learning success", International Journal of Curriculum Development, Teaching and Learning Innovation (in English), vol. 1, no. 1, pp. 1–6, doi:10.35335/curriculum.v1i1.51, ISSN 2985-5349, retrieved 2025-08-31