Otumfour Osei Tutu II
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Otumfuo Osei Tutu II a ne din a wɔde woo no ne Nana Barima Kwaku Duah yɛ Ɔhenepɔn kɛseɛ ma Asanteman.[1]Wɔwoo no Kotonimaa bosome ne da a ɛtɔ so nsia, afe apem ahankron ne aduonum ( May 6,1950) wɔ Asanteman mu.Ɔno ne Asantehene a ɔtɔ so du nsia wɔ Asante ahennie mu.[2] Wɔde no sii akonnwa so sɛ Asantehene wɔ Oforisuo bosome ne da a ɛtɔ so aduonu nsia, afe apem ahankron aduokron nkron (April 26 1999). Ɔyɛ Otumfuo Osei Tutu I aseni. Na ne din na ɔde dii n’akonwa no.
Ne Ho Asɛm
[sesa]Otumfuo Osei Tutu II a ne din ankasa ne Nana Barima Kwaku Duah tɔ so nnum a ɔno ne ketewa koraa wɔ ne nuanom mu. Ne maame ne Nana Afua Kobi Serwaa Ampem II, Asantehemaa (Queenmother of Asante). Ɛfiri ne mmɔfra berɛ mu, mpo ansa na wɔrebɛwo Barima Kwaku Duah no, ɛyɛ ne wɔfa Oheneba Mensah Bonsu a na ɔyɛ Hiahene wɔ afe apem ahankron ne aduonum mmienu mu no, n’ani kuu Barima Kwaku ho yie pa ara. Ɔbɔɔ ne ho mmɔden sɛ Barima Kwaku Duah bɛnya nteteyɛ pa ne banbɔ, na wakwadare wɔ Asante amammerɛ mu.[3]
Ne saa nti ne wɔfa maa no kɔtenaa Nana Kwadwo Aduhene II a na ɔyɛ Omanhene wɔ Sefwi Wiawso. Ɛhɔ na Barima Kwaku Duah kɔɔ ntoasoɔ sukuu (Secondary school ). Wɔ afe 1969 mu no, Barima Kwaku Duah sane baa Kumase bɛtoaa n’adesua so wɔ Osei Kyeretwie ntaosoɔ sukuu. Akyire yi no, ɔkɔɔ Nkran kɔtoaa n’adesua so wɔ Legon wɔ afe 1971 mu.[4]
Mfeɛ mmienu akyi no, ɔtuu kwan kɔɔ aburokyiman mu (United Kingdom) kɔtoaa n’adesua so wɔ Kilburn Polytechnic. Akyire yi no, ɔkɔɔ North London suapɔn mu kɔtoaa n’adesua so, ɛhɔ na ɔkɔ yɛɛ Human Resource Development ne Public Administration.
Na berɛ a ɔbaa Ghana bɛyɛ afe 1989 mu no, ɔbiee ɔno ara nadwuma a ɛyɛ Transpomech International (Ghana) Ltd.
N’ahensie
[sesa]Nneɛma a wɔhwɛɛ so de paw Barima Kwaku sɛ ɔnmɛyɛ Asantehene berɛ a ne nua Otumfuo Opoku Ware II firii mu no gyinaa ne suban pa ne mmɔdenbɔ so.Bio, Asanteman ne ɔman Ghana nso gyee no too mu. Wɔde no sii akonnwa so sɛ Asantehene wɔ Oforisuo bosome ne da a ɛtɔ so aduonu nsia afe apem ahankron aduokron nkron (April 26, 1999). Na watena akonnwa no so bɛboro mfeɛ aduonu.[5]
Anisoadehunu ne Mpuntuo
[sesa]Otumfuo Osei Tutu II abɔ ne ho mmɔden pii wɔ Asanteman ne Ghanaman mu. Ɛfiri berɛ a ɔbɛyɛɛ Asantehene no, wahwɛ sɛ dwumadie biara a ɛwɔ sɛ ɔyɛ fa tumidie a wɔde ama no no, wayɛ.Wahwɛ ama asomdwoe adi hene wɔ Asanteman mu. Ne titire ɛyɛ nsase ho manso ne ahennie mu twe ma mentwe nyinaa no ano abrɛ ase.[6]
Adanseɛ kyerɛ sɛ watumi asiesie ahensɛm ne nsase ho nsɛm bɛboro ahaanum. Wayɛ mpuntunnwuma beberee nso wɔ Asanteman mu.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ PROFILE OF OTUMFUO OSEI TUTU II ASANTEHENE – Manhyia Palace (in American English), retrieved 2025-07-03
- ↑ PROFILE OF OTUMFUO OSEI TUTU II ASANTEHENE – Manhyia Palace (in American English), retrieved 2025-07-03
- ↑ Otumfuo Nana Osei Tutu II – Ghana Gold Expo, retrieved 2025-07-03
- ↑ Osei Tutu | Asante ruler, Ghana leader | Britannica (in English), retrieved 2025-07-03
- ↑ Otumfuo Osei Tutu II Spotlight: Reigning with Wisdom - The Journey of a Traditional Modern Monarch (in English), retrieved 2025-07-03
- ↑ Barima K. Asante, From Tradition to Triumph: Otumfuo Osei Tutu II's 25 Years of Royal Leadership (in English), retrieved 2025-07-03