Jump to content

Okomfo Anokye Anwawadeɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Okomfo Anokye yɛ kɔmfo kɛseɛ a ɔbɛpuee Asanteman mu. Na abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɔno ne nipa a ɔboa ma Asante ahennie anaa sɛ Asanteman bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ a kuro biara antumi anni so. Ne tumi a na ɔwɔ nti na ɛmaa Asante nso bɛyɛɛ kokuroo a ɛnnɛ yi wɔahennie da so ara agye nhini. Wɔkyerɛ sɛ ɛfiri berɛ a wɔwoo no de bɛsi berɛ a ɔde baa Asanteman mu no ɔyɛɛ anwawadeɛ beberee.[1] Mpo de kɔsi ne wu da mu no, ɔyɛɛ anwawadeɛ pii.[2]

Anwawadeɛ Ahodoɔ Binom A Ɔyɛeɛ

[sesa]

Sikadwa

[sesa]

Ɔmaa saa berɛ no ɔhene a na ɔte Asante akonnwa so, ɛyɛ Otumfuo Osei Tutu I bɔɔ dwa kɛseɛ maa nnipa nyinaa hyiaeɛ wɔ Asanteman mu. Na ɔkɔmeeɛ maa sikadwa firi soro baeɛ. Saa anwawadeɛ yi sii "Fiada". Ɛno na wɔfrɛ no "Sikadwa Kofi" no. Saa akonnwa yi ne Asanteman nkabom kɛseɛ ne ne Tumi no.[3]

Sekan a obiara ntumi ntu

[sesa]

Okomfo Anokye anwawadeɛ baako a ɔyɛɛ wɔ Asanteman mu ne sɛ ɔde sekan tuaa fam. Na nnipa pii abɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛtu nanso wɔantumi. Ɛbɛsi ɛnnɛ yi no,sekan no da so wɔ hɔ.

Kosua Mono

[sesa]

Ɔno na ɔtumi de boɔ bɔ kosua mono nanso ɛmpae.

Kɛntɛn mu nsuo

[sesa]

Okomfo Anokye anwawadeɛ baako a ɔyɛeɛ a na ɛyɛ nwanwa mmorosoɔ ne sɛ, ɔde kɛntɛn aduoson nson sisii hɔ,na ɔkɔɔ nsuo guu kɛntɛn no nyinaa mu nanso nsuo no baako mpo angu fam.

Oware

[sesa]

Okomfo Anokye na ɔde ne nsa yɛɛ oware wɔ abotan so a ɛnnɛ yi ɛda so wɔ Awukugua.

Nsuo mu nanteɛ

[sesa]

Okomfo Anokye na ɔnantee nsuo a ɛretɔ kɛse pa ara nanso ne ho anfɔ. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ nsuo no baako sei mpo anka ne ho.

Ɔhyɛ nsuo ma no gyae

[sesa]

Abakɔsɛm kyerɛ sɛ berɛ bi a na ne manfoɔ ahyia wɔ afahyɛ ase a na nsuo hyɛɛ aseɛ sɛ ɛretɔ no,ɔhyɛɛ nsuo no maa no gyae amonom hɔ ara.

Ɔdua borɔdeɛ twa no hɔ ara

[sesa]

Okomfo Anokye na ɔnoaa borɔdeɛ,duaeɛ a ɛfifirii amonom hɔ ara,maa borɔdeɛ no bereeɛ maa ɔtwaa no saa da no ara.

Adwe fifiri abɛ

[sesa]

Okomfo Anokye na ɔtoo adwe peteeɛ maa ɛfifirii abɛdua maa no soeeɛ. Ɛnnɛ yi saa mmɛdua no da so ara sisi hɔ a ɛso wɔ Awukugua.

Mfudeɛ fifiri

[sesa]

Berɛ a na Okomfo Anokye yɛ abɔfra na ɔne n’awofoɔ kɔɔ afuo mu maa wɔkɔduaa nnɔbaeɛ na wɔsan baa fie no, ɔka kyerɛɛ nawofoɔ sɛ mfudeɛ a wɔkɔduaa no anɔpa no afifiri enti wɔnkɔ afuom hɔ nkɔtwa. Ampa ara wɔkɔeɛ na mfudeɛ no nyinaa aso.

Ɔyɛɛ nsutadeɛ

[sesa]

Okomfo Anokye na ɔmaa nsuo pue firii asase ase bɛyɛɛ nsutadeɛ.Ɛno na ɔfrɛɛ no sɛ Obosom Kwabena no.Na saa nsutadeɛ yi tumi we na asan ayɛ nsutadeɛ te sɛ Agyempansu tadeɛ a ɛwɔ Kumase no.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Foster Ayisah (2022-06-23), Check out 50 Miracles Of Okomfo Anokye » Broadcastergh.com (in American English), retrieved 2025-07-03
  2. 10 Miracles By Okomfo Anokye You Probably Didn’t Know (in English), retrieved 2025-07-03
  3. Akesse Sanza (2023-11-08), Top 7 miracles and wonders of Okomfo Anokye (in American English), retrieved 2025-07-03