Ofosu Asamoah

Ɛfi Wikipedia

Wɔwoo Ofosu Asamoah Obubuo da a ɛtɔ so aduonu-num, afe apem ahankron aduosia-nkron no mu. Na ɔyɛ mmaranimni sane yɛ mmarahyɛbadwani a na ɔgyina Kade abatoɔ mpasua a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ mantam mu no anan mu.[1][2][3]

N'abrabɔ mfitiaseɛ ne ne sukuukorɔ[sesa]

Wɔwoo Ofosu Asamoah Obubuo da a ɛtɔ so aduonu-num, afe apem ahankron aduosia-nkron no mu. Ɔfiri Kade, kuro bi a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ mantam mu no anan mu.[2][1] Ɔgyee n'abodin a ɛdi kan Bachelor of Arts wɔ Mmara ne Amanyɔsɛm mu firii University of Ghana suapɔn mu wɔ afe apem ahankron ne aduokron-nan mu. Ɔwieeɛ no, ɔsane toaa so kɔsuaa adeɛ wɔ Ghana School of Law suapɔn no mu sane gyee abodin Bachelor of Law wɔ afe apem ahankron ne aduokron-nson mu.[1][2]

N'amanyɔsɛm[sesa]

Ofosu yɛ New Patriotic Party, Ɔsono amanyɔkuo no mu ni. Na ɔka baasonkuo a wɔhyɛ amammara ho ntotoeɛ, mmara ne mmarahyɛbadwa ho nsɛm so no ho.[2] Ɔbɛkaa mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so num no ho wɔ Ghana Repɔblik a ɛtɔ so nan no mu berɛ a ɔmanfoɔ sane too aba maa no wɔ mfeɛ mpenu ne nwɔtwe ɔman abatoɔ no mu sɛ mmarahyɛbadwani wɔ Kade abatoɔ mpasua a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ mantam mu no. Ɔtenaa adwa so sɛ mmarahybadwani mpɛn nan firii Ɔpɛpɔn mu wɔ mfeɛ mpenu ne baako mu kɔsii Ɔpɛpɔn mu wɔ mfeɛ mpenu ne dunson no mu.[4]

Abatoɔ ahodoɔ[sesa]

Mfeɛ mpenu no mu no, Asamoah dii nkunim sɛ mmarahyɛbadwani wɔ Kade abatoɔ mpasua a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ mantam mu no. Ɔgyinaa mu maa New Patriotic Party, Ɔsono amanyɔkuo no. Ne mpasua no ka mmarahyɛbadwa nkonnwa dunwɔtwe a New Patriotic Party, Ɔsono amanyɔkuo no nyaa wɔ mmarahyɛbadwa nkonnwa aduonu-nsia no nyinaa mu no ho wɔ saa afe abatoɔ no mu wɔ Atɔeɛ mantam mu. New Patriotic Party amanyɔkuo no nyaa mmarahyɛbadwa nkonnwa a na ne nyinaa dodoɔ ahanu no mu aduokron-nkron wɔ saa abatoɔ no mu. Asamoah nyaa mma a wɔtoeɛ no mu mpem aduonu, ahasa ne dumiɛnsa a na ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu aduosia-mmienu akyiri pɔ aduonu.[5] Nnipa a ɔdii wɔn so nkunim no ne Faustina Koranteng Addo a na ɔgyina National Democratic Congress amanyɔkuo no anan mu, George Ankomah Yeboah a na ɔgyina Convention People’s Party amanyɔkuo no anan mu, Appiah-Twum Barimah a na ɔgyina People's National Convention amanyɔkuo no anan mu ne Ohene Antwi Tutu a na ɔgyina National Reformed Party amanyɔkuo no anan mu. Abatoɔ no baa awieeɛ no, Faustina Koranteng Addo nyaa mma no mu mpem dubaako, ahasa aduosia-nkron a na ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu aduasa akyiri pɔ aduowɔtwe, George Ankomah Yeboah nyaa mma ahanum aduowɔtwe-nwɔtwe a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu baako akyiri pɔ aduowɔtwe, Appiah-Twum Barimah nyaa mma ahanu aduasa-nwɔtwe a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu hwee akyiri pɔ aduoson ɛnna Ohene Antwi Tutu nyaa mma ɔha aduoson-nsia a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu hwee akiyiri pɔ aduonum.[5]

N'adwumasɛm[sesa]

Ofosu yɛ mmaranimfoɔ. Na ɔka Kimberly Chambers ho. Ɔbɛyɛɛ mmarahyɛbadwani wɔ Ghana wɔ Ɔpɛpɔn, mfeɛ mpenu ne baako mu.[1][2][3]

N'abrabɔ[sesa]

Ofosu yɛ ɔbarima warefoɔ a ɔkura mmɔfra nan. Ɔyɛ Kristoni a ɔkɔ Presby asɔre.[1][2][3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 MPs (in American English), retrieved 2022-09-04
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/parliamentatian.php?ID=134 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  3. 3.0 3.1 3.2 Odekro | What has your MP done for you?, retrieved 2022-09-04
  4. MPs (in American English), retrieved 2022-09-04
  5. 5.0 5.1 Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Kade Constituency, retrieved 2022-09-04