Odwira Afahyɛ
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Odwira Afahyɛ yɛ afahyɛ kɛseɛ a Akuapemfoɔ ne Akanfoɔ binom na wɔdi ne titire wɔn a wɔwɔ apueɛ ne mfinfini mantam mu.[1] Ɛyɛ afahyɛ a wɔdi de te wɔn ho wɔ honhom fam, na wɔada nananom ase wɔ wɔn banbɔ a wɔde abɔ wɔn.[2]
Abakɔsɛm
[sesa]Nipa a ɔde saa afahyɛ yi baeɛ ne Nana Addo Dankwa I. Na ɔyɛ Okuapemhene a ɔtɔ so du nkron wɔ Akropong. Na ɔtenaa akonnwa so firii afe 1811 de kɔpem 1835 mu. Wɔ afe 1826 mu na ɔhyɛɛ saa afahyɛ yi ase de kyerɛɛ nkunimdie a Okuapemfoɔ nyaeɛ firii Asantefoɔ nsam wɔ ɔko a wɔkoo no wɔ Katamanso a ɛbɛn Dodowa no.[3]
Botaeɛ
[sesa]Ɛyɛ afahyɛ a wɔdi de srɛ honhom mu ahoɔden, na wɔsrɛ banbɔ firi nananom hɔ na wɔda nananom ase wɔ bayerɛ foforɔ a nananom de adom wɔn no anaa sɛ ɛnam kwan so reba no.
Mmerɛ ne nhyehɛeɛ
[sesa]- Sɛ wɔhyɛ afahyɛ no ase a, ɛdi nna nsia ansa na wɔawie a ɛda biara wɔ dwumadie titire a wɔdie;
- Dwoada: Saa da no na wɔto nsa frɛ nananom sɛ wɔnmɛka wɔn ho wɔ dwumadie a wɔahyɛ aseɛ sɛ wɔrebɛyɛ no.
- Benada: Wɔsrɛ kwan firi nananom hɔ de bayerɛ foforɔ a aba no kyerɛ nananom na mmom obiara nni saa bayerɛ foforɔ no bi ansa na saa da no aduru.
- Fiada: Saa da no ne afahyɛ no mpɛnpɛnsoɔ; nhemfo ahodoɔ no nyinaa de wɔn anodisɛm to dwa. Bio wɔda amammerɛ ahodoɔ adi na wɔagye wɔn ani.
- Memeneda ne Kwasiada: Agodie ahodoɔ ne adwabɔ soronko a wɔbɔ no Kwasiada.
Amanneɛ
[sesa]Sɛ afahyɛ no rebɛduru so a, wɔyi adaduanan de si hɔ ma afahyɛ no. Saa nna no na wɔfrɛ no sɛ Adaebutu no. Saa nna yi nyinaa no, wɔnmɔ twene, wɔnyɛ ayie. Afei wɔnni bayerɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi aboa wɔn ho yie wɔ honhom mu ne obuo kwan so akyerɛ nananom.[4]
Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Odwira festival - Wikiwand (in English), retrieved 2025-07-28
- ↑ Ghanaian Times (2022-07-26), Okuapeman launches Odwira festival (in English), retrieved 2025-07-28
- ↑ Ghanaian Times (2022-07-26), Okuapeman launches Odwira festival (in English), retrieved 2025-07-28
- ↑ GhanaWeb TV (2023-10-10), Akropong began 2023 Odwira Festival with the clearing of path to the sacred forest | People & Places, retrieved 2025-07-28